< Yesaia 63 >

1 Hwan ni yei a ɔfiri Edom reba, deɛ ɔfiri Bosra a nkekaeɛ kɔkɔɔ wɔ nʼatadeɛ mu yi? Hwan ne yei a wɔahyehyɛ no gɔsɔɔ yi, a ɔde nʼahoɔden kɛseɛ retutu taataa yi? “Ɛyɛ me a mekasa wɔ tenenee mu deɛ ɔtumi gye nkwa.”
מי זה בא מאדום חמוץ בגדים מבצרה זה הדור בלבושו צעה ברב כחו אני מדבר בצדקה רב להושיע׃
2 Adɛn enti na mo ntadeɛ bere kɔɔ, te sɛ obi a ɔretiatia nsakyiamena so deɛ yi?
מדוע אדם ללבושך ובגדיך כדרך בגת׃
3 “Me nko ara atiatia nsakyiamena so, na amanaman no mu obiara anka me ho. Metiatiaa wɔn so wɔ mʼabufuo mu na memiaa wɔn so wɔ mʼabufuhyeɛ mu; wɔn mogya bɔ petee me ntadeɛ mu, maa nkekaeɛ yɛɛ mʼaduradeɛ nyinaa mu.
פורה דרכתי לבדי ומעמים אין איש אתי ואדרכם באפי וארמסם בחמתי ויז נצחם על בגדי וכל מלבושי אגאלתי׃
4 Na aweretɔ da wɔ mʼakoma mu na me gyeɛ afe no aba.
כי יום נקם בלבי ושנת גאולי באה׃
5 Mehwɛeɛ, nanso na ɔboafoɔ biara nni hɔ, ɛyɛɛ me ahodwirie sɛ obiara ammoa me; enti mʼankasa abasa yɛɛ nkwagyeɛ dwuma maa me, na mʼabufuo wowaa me.
ואביט ואין עזר ואשתומם ואין סומך ותושע לי זרעי וחמתי היא סמכתני׃
6 Metiatiaa amanaman no so wɔ mʼabufuo mu; memaa wɔboboroe wɔ mʼabufuhyeɛ mu na mehwiee wɔn mogya guu fam.”
ואבוס עמים באפי ואשכרם בחמתי ואוריד לארץ נצחם׃
7 Mɛka Awurade ayamyɛ ho asɛm, ne nneyɛɛ a enti ɔsɛ ayɛyie, wɔ deɛ Awurade ayɛ ama yɛn nyinaa ho aane, wɔ nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fiefoɔ, wɔ nʼayamhyehyeɛ ne ne mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso no enti.
חסדי יהוה אזכיר תהלת יהוה כעל כל אשר גמלנו יהוה ורב טוב לבית ישראל אשר גמלם כרחמיו וכרב חסדיו׃
8 Ɔkaa sɛ, “Ampa ara wɔyɛ me nkurɔfoɔ, mmammarima a wɔrenni me hwammɔ”; ɛno enti ɔbɛyɛɛ wɔn Agyenkwa.
ויאמר אך עמי המה בנים לא ישקרו ויהי להם למושיע׃
9 Wɔn amanehunu nyinaa mu, ɔno nso hunuu amane, na ɔbɔfoɔ a ɔka no ho no nso gyee wɔn. Ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu, ɔgyee wɔn; ɔpagyaa wɔn na ɔsoaa wɔn mfeɛ a atwam no nyinaa mu.
בכל צרתם לא צר ומלאך פניו הושיעם באהבתו ובחמלתו הוא גאלם וינטלם וינשאם כל ימי עולם׃
10 Nanso, wɔtee atua de hoo ne Honhom Kronkron werɛ. Enti ɔbɛyɛɛ wɔn ɔtamfoɔ na ɔno ankasa ko tiaa wɔn.
והמה מרו ועצבו את רוח קדשו ויהפך להם לאויב הוא נלחם בם׃
11 Afei ne nkurɔfoɔ kaee tete nna no, Mose ne ne nkurɔfoɔ nna no. Wɔbisaa sɛ, ɛhe na deɛ ɔde wɔn faa ɛpo mu no wɔ? Deɛ ɔmaa Mose yɛɛ ne nnwan no hwɛfoɔ no. Ɛhe na deɛ ɔmaa ne Honhom Kronkron no tenaa wɔn mu no wɔ?
ויזכר ימי עולם משה עמו איה המעלם מים את רעי צאנו איה השם בקרבו את רוח קדשו׃
12 Deɛ ɔsomaa nʼanimuonyam basa a ɛwɔ tumi sɛ ɔmmɛgyina Mose nsa nifa so, deɛ ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim, de gyee edin maa ne ho afebɔɔ,
מוליך לימין משה זרוע תפארתו בוקע מים מפניהם לעשות לו שם עולם׃
13 deɛ ɔdii wɔn anim faa ebunu mu sɛdeɛ ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so a wɔasunti.
מוליכם בתהמות כסוס במדבר לא יכשלו׃
14 Sɛdeɛ anantwie nante kɔ ɛserɛ so kɔhome no, saa ara na Awurade Honhom ma wɔhomeeɛ. Sɛdeɛ wokyerɛɛ wo nkurɔfoɔ kwan de gyee animuonyam abɔdin maa wo ho nie.
כבהמה בבקעה תרד רוח יהוה תניחנו כן נהגת עמך לעשות לך שם תפארת׃
15 Brɛ wʼani ase hwɛ fam firi wʼahennwa a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron na ɛho wɔ nyam no so. Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he? Woayi wʼayamhyehyeɛ ne wʼahummɔborɔ afiri yɛn so.
הבט משמים וראה מזבל קדשך ותפארתך איה קנאתך וגבורתך המון מעיך ורחמיך אלי התאפקו׃
16 Nanso wo ara wo ne yɛn Agya ɛwom sɛ Abraham nnim yɛn na Israel nso nnye yɛn nto mu deɛ; nanso wo, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya, ɛfiri tete wo din ne Yɛn Gyefoɔ.
כי אתה אבינו כי אברהם לא ידענו וישראל לא יכירנו אתה יהוה אבינו גאלנו מעולם שמך׃
17 Adɛn, Ao Awurade, na woma yɛn kwati wʼakwan na wopirim yɛn akoma enti ɛmma yɛn nni wo ni? Sane bra ɛsiane wʼasomfoɔ, mmusuakuo a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no enti.
למה תתענו יהוה מדרכיך תקשיח לבנו מיראתך שוב למען עבדיך שבטי נחלתך׃
18 Ɛberɛ tiawa bi mu wo nkurɔfoɔ faa wo kronkronbea nanso seesei yɛn atamfoɔ atiatia so.
למצער ירשו עם קדשך צרינו בוססו מקדשך׃
19 Enti yɛyɛ wo dea firi tete nanso wɔn deɛ wonnii wɔn so ɔhene na wɔmmɔɔ wo din mfrɛɛ wɔn da.
היינו מעולם לא משלת בם לא נקרא שמך עליהם׃

< Yesaia 63 >