< Yesaia 61 >

1 Otumfoɔ Awurade Honhom wɔ me so, ɛfiri sɛ, Awurade asra me ngo sɛ menka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ. Wasoma me sɛ, menkɔkyekye wɔn a wɔn akoma abubu werɛ, sɛ me mpae mu nka ahofadie nkyerɛ nnommumfoɔ na wɔnyi nneduafoɔ mfiri esum mu,
L'Esprit du Seigneur, l'Éternel, est sur moi, parce que l'Éternel m'a oint pour porter une bonne nouvelle aux malheureux, qu'il m'a envoyé pour guérir les cœurs brisés, pour proclamer la liberté aux captifs et aux prisonniers l'ouverture des cachots,
2 sɛ mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm, ne yɛn Onyankopɔn aweretɔ da. Wasoma me sɛ, menkyekye wɔn a wɔdi awerɛhoɔ nyinaa werɛ,
pour annoncer une année des grâces de l'Éternel, et un jour des vengeances de notre Dieu,
3 na memma wɔn a wɔdi awerɛhoɔ wɔ Sion no deɛ wɔhia, na menhyɛ wɔn ahenkyɛ fɛfɛ nsi nsõ anan mu; anigyeɛ ngo nsi awerɛhoɔdie anan mu, ayɛyie atadeɛ nsi abasamutuo honhom anan mu. Wɔbɛfrɛ wɔn tenenee adum deɛ Awurade adua de ada nʼanimuonyam adi.
pour consoler tous les affligés, pour présenter aux affligés de Sion et leur donner un diadème au lieu de la cendre, une huile de réjouissance au lieu du deuil, un manteau éclatant au lieu d'un esprit éteint, afin qu'on les nomme Térébinthes de la justice, plant de l'Éternel à sa gloire.
4 Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio, na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔ deɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no.
On bâtit sur les décombres anciens, et on relève les ruines d'autrefois, on renouvelle les villes ravagées, dévastées depuis des âges.
5 Ananafoɔ bɛhwɛ mo nnwankuo; ahɔhoɔ bɛyɛ adwuma wɔ mo mfuo ne bobeturo mu.
Et des étrangers sont à vos ordres et ils font paître vos troupeaux, et des enfants du dehors sont vos laboureurs et vos vignerons.
6 Na wɔbɛfrɛ mo Awurade asɔfoɔ, wɔbɛto mo din sɛ yɛn Onyankopɔn asomfoɔ. Amanaman no ahonya no na mobɛdi na wɔn ahodeɛ na mode bɛhoahoa mo ho.
Mais vous, on vous appelle sacrificateurs de l'Éternel, on vous nomme ministres de notre Dieu. Vous vous nourrissez de l'opulence des nations, et vous êtes substitués à leur gloire.
7 Wɔn animguaseɛ anan mu me nkurɔfoɔ bɛnya animuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn adedie mu; ne saa enti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigyeɛ a ɛnni awieeɛ bɛyɛ wɔn dea.
Au lieu de votre opprobre vous aurez double part, au lieu d'ignominie ils exalteront leur sort: aussi dans leur pays leur portion sera double, une éternelle joie leur est assurée.
8 “Na me Awurade, mepɛ atɛntenenee. Mekyiri korɔno ne nnebɔne. Me nokorɛ mu, mɛbɔ wɔn aba so na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa.
Car moi, l'Éternel, j'aime ce qui est juste, et j'abhorre la rapine coupable, et je leur donnerai fidèlement leur salaire et leur accorderai une alliance éternelle;
9 Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu. Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”
et leur race sera illustre parmi les nations et leurs rejetons entre les peuples; et tous ceux qui les verront, les reconnaîtront, car ils sont une race que bénit l'Éternel.
10 Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ, me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie. Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me, sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ, ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.
« L'Éternel est ma joie, mon Dieu est l'allégresse de mon âme, car Il me revêt de vêtements de salut, Il m'enveloppe d'un manteau de justice, comme le fiancé ajuste une tiare, et comme la fiancée se pare de ses joyaux. »
11 Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo nso ma aba nyini no, saa ara na Otumfoɔ Awurade bɛma tenenee ne ayɛyie apue wɔ amanaman anim.
Car, ainsi que la terre produit ses bourgeons, et qu'un jardin fait germer ses semences, ainsi le Seigneur, l'Éternel, fait germer la justice et la louange à la face de toutes les nations.

< Yesaia 61 >