< Yesaia 6 >

1 Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu Awurade sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma.
Afe a ɔhene Usia wui mu no, mihuu Awurade sɛ ɔte ahengua a ɛkorɔn na wapagyaw so na nʼatade mmuano ayɛ hyiadan mu hɔ ma.
2 Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu.
Na Serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban asia wɔ nʼatifi. Wɔde ntaban no abien kata wɔn anim, na wɔde abien nso kata wɔn nan ho na wɔde abien nso tu.
3 Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade; Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
Na obiara teɛ mu kyerɛ ne yɔnko se, “Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade; Nʼanuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”
4 Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma.
Wɔn nne nnyigyei maa apon ne abobow ano wosowee, na wusiw yɛɛ hyiadan mu hɔ ma.
5 Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ Awurade na mʼani ahunu no yi.”
Meteɛɛ mu kae se, “Minnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho ntew, na mete nnipa a wɔn ano ho ntew mu, na mʼani ahu Ɔhene, Awurade Asafo no yi.”
6 Na serafim no mu baako a ɔkura gyasramma, a ɔde daban kɔfa firii afɔrebukyia no so tu baa me nkyɛn.
Na Serafim no mu baako a okura nnyansramma, a ɔde ɔdaban kɔfa fii afɔremuka no so tu baa me nkyɛn.
7 Ɔde yei kaa mʼano kaa sɛ, “Hwɛ, yei aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdie na wɔatua wo bɔne so ka.”
Ɔde eyi kaa mʼano kae se, “Hwɛ, eyi aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdi na wɔatua wo bɔne so ka.”
8 Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!”
Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa se, “Hena na mensoma no? Na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Na mekae se, “Mini. Soma me!”
9 Na ɔkaa sɛ, “Kɔka kyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ, “‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu.’
Na ɔkae se, “Kɔ na kɔka kyerɛ saa nkurɔfo yi se, “‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase; Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu.’
10 Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”
Efisɛ mo, moapirim mo koma; moasisiw mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade, na mo koma ate asɛm ase, na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.”
11 Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?” Na ɔbuaa sɛ, “Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofon a nnipa ntete soɔ, ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituo na mfuo no asɛe ayɛ pasaa,
Na mekae se, “Enkosi da bɛn, Awurade?” Na obuae se, “Enkosi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ amamfo a nnipa ntete so, enkosi sɛ afi no bɛyɛ afituw na mfuw no asɛe ayɛ pasaa,
12 ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan.
enkosi sɛ, Awurade bɛpam obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan.
13 Mpo, sɛ nkyɛmu edu mu baako ka asase no so a, wɔbɛsɛe no bio. Nso sɛdeɛ dupɔn anaa odum gya dunsini ɛberɛ a wɔatwa ato fam no, saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsini wɔ asase no so.”
Mpo, sɛ nkyɛmu du mu baako ka asase no so a wɔbɛsɛe no bio. Nso sɛnea dupɔn anaa odum gyaw dunsin, bere a wɔatwa ato fam no, saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsin wɔ asase no so.”

< Yesaia 6 >