< Yesaia 59 >
1 Ampa ara Awurade nsa nyɛ tiaa sɛ ɛrennye nkwa, na nʼasom nyɛ den sɛ ɛrente asɛm.
Look, Yahweh's hand is not so short that it cannot save; nor his ear so dull, that it cannot hear.
2 Nanso, mo amumuyɛ na atete mo ne mo Onyankopɔn ntam; mo bɔne ama nʼanim ahinta mo, a enti ɔrente.
Your sinful acts, however, have separated you from your God, and your sins have made him hide his face from you and from hearing you.
3 Na mogya akeka mo nsa ho, afɔdie afɔre mo nsateaa. Mo ano akeka atorɔsɛm, mo tɛkrɛma de amumuyɛsɛm di nsekuro.
For your hands are stained with blood and your fingers with sin. Your lips speak lies and your tongue speaks maliciously.
4 Obiara nhwehwɛ atɛntenee; obiara mfa nokorɛdie mmɔ ne nkuro. Wɔde wɔn ho to nsɛmhuhuo so na wɔtwa nkontonpo; wonyinsɛn ɔhaw na wɔwo bɔne.
No one calls in righteousness, and none pleads his case in truth. They trust in empty words, and tell lies; they conceive trouble and give birth to sin.
5 Wɔhwane ananka nkosua na wɔnwono ananse ntontan. Deɛ ɔdi wɔn nkosua biara bɛwu, emu baako nso bɔ a, ɛpae ahuritia.
They hatch eggs of a poisonous snake and weave a spider's web. Whoever eats of their eggs dies, and if an egg is crushed, it hatches into a poisonous snake.
6 Wɔn ntontan nyɛ mma aduradeɛ; wɔrentumi mfa deɛ wɔyɛ nkata wɔn ho. Wɔn nneyɛɛ yɛ nneyɛɛ bɔne, na wɔdi akakabensɛm.
Their webs cannot be used for garments, nor can they cover themselves with their works. Their works are works of sin, and deeds of violence are in their hands.
7 Wɔtu mmirika kɔyɛ bɔne; wɔnkyɛre opira ne awudie ho. Baabiara a wɔbɛkɔ no, wɔsɛe hɔ pasaa.
Their feet run to evil, and they run to pour out innocent blood. Their thoughts are thoughts of sin; violence and destruction are their roads.
8 Asomdwoeɛ kwan no, wɔnnim; atɛntenenee nni wɔn akwan so. Wɔadane wɔn akwan nkontonkyi. Obiara a ɔnante soɔ no rennya asomdwoeɛ.
The way of peace they do not know, and there is no justice in their paths. They have made crooked paths; whoever travels these paths does not know peace.
9 Enti atɛntenenee ne yɛn ntam aware, na adetenenee mmɛn yɛn. Yɛhwehwɛ hann, nanso ne nyinaa yɛ esum; deɛ ɛhyerɛn, nanso yɛnam esum kabii mu.
Therefore justice is far from us, nor does righteousness reach us. We wait for light, but see darkness; we look for brightness, but we walk in darkness.
10 Yɛayɛ te sɛ anifirafoɔ. Yɛkeka afasuo ho hwehwɛ kwan te sɛ nnipa a wɔnni ani. Owigyinaeɛ no, yɛsuntisunti sɛdeɛ onwunu adwoɔ; yɛduru ahoɔdenfoɔ mu a, yɛte sɛ awufoɔ.
We grope for the wall like the blind, like those who cannot see. We stumble at noonday as in the twilight; among the strong we are like dead men.
11 Yɛn nyinaa pɔ so te sɛ sisire; yɛde awerɛhoɔ kurum sɛ mmorɔnoma. Yɛhwehwɛ atɛntenenee nso yɛnhunu bi; ɔgyeɛ nanso ɛwɔ akyirikyiri.
We growl like bears and moan like doves; we wait for justice, but there is none; for rescue, but it is far from us.
12 Ɛfiri sɛ, yɛn mfomsoɔ adɔɔso wɔ wʼani so, na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn. Yɛn mfomsoɔ da yɛn anim daa, na yɛgye yɛn amumuyɛ to mu:
For our many transgressions are before you, and our sins testify against us; for our transgressions are with us, and we know our sins.
13 atuateɛ ne afatwa a ɛtia Awurade, yɛn akyi a yɛdane kyerɛ yɛn Onyankopɔn, nhyɛsoɔ ne atuateɛ a yɛfoa soɔ, atorɔsɛm a ɛfiri akoma mu a yɛka.
We have rebelled, denying Yahweh and turning away from following our God. We have spoken extortion and turning aside, conceived complaining from the heart and words of lying.
14 Enti wɔapam atɛntenenee kɔ nʼakyi, na adetenenee akɔgyina baabi; nokorɛ ahwe ase wɔ mmɔntene so. Nokorɛdie ntumi mma mu.
Justice is driven back, and righteousness stands far off; for truth stumbles in the public square, and right cannot come.
15 Nokorɛ nni baabiara, obiara a ɔtwe ne ho firi bɔne ho no ayɛ ɔtamfoɔ. Awurade hwɛeɛ na ansɔ nʼani sɛ atɛntenenee nni hɔ.
Trustworthiness has gone away, and he who turns away from evil makes himself a victim. Yahweh saw it and was displeased that there was no justice.
16 Ohunuu sɛ obiara nni hɔ. Ɛyɛɛ no nwanwa sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛpata; enti ɔno ankasa basa dii nkwagyeɛ ho dwuma maa no, na ne tenenee wowaa no.
He saw that there was no man, and wondered that there was no one to intervene. Therefore his own arm brought salvation for him, and his righteousness sustained him.
17 Ɔhyɛɛ tenenee sɛ nkataboɔ, ne nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ wɔ ne tiri so. Ɔhyɛɛ aweretɔ ntadeɛ na ɔde mmɔdemmɔ firaa sɛ ntoma.
He put on righteousness as a breastplate and a helmet of salvation upon his head. He clothed himself with garments of vengeance and wore zeal as a mantle.
18 Ɔbɛgyina deɛ wɔayɛ so atua so ka. Nʼatamfoɔ bɛnya nʼabufuhyeɛ. Wɔn a wɔne no ayɛ dɔm bɛnya so akatua; nsupɔ no nso, ɔbɛtua wɔn ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.
He repaid them for what they had done, angry judgment to his adversaries, vengeance to his enemies, to the islands punishment as their reward.
19 Ɛfiri atɔeɛ fam, nnipa bɛsuro Awurade din na ɛfiri apueeɛ wɔde anidie bɛma nʼanimuonyam. Na ɔbɛba sɛ nsuo a ayiri tɛnn, Awurade ahomeguo de no bɛba.
So they will fear the name of Yahweh from the west, and his glory from the sun's rising; for he will come as a rushing stream, driven by the breath of Yahweh.
20 “Ɔgyefoɔ no bɛba Sion, na ɔbɛyi amumuyɛsɛm nyinaa afiri Yakob asefoɔ mu,” sei na Awurade seɛ.
“A redeemer will come to Zion and to those who turn from their rebellious deeds in Jacob—this is Yahweh's declaration.
21 “Medeɛ yei yɛ me ne wɔn apam,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. “Me Honhom a ɔwɔ mo so, ne me nsɛm a mede ahyɛ mo anom remfiri mo anom, anaa mo mma, ne mo mma asefoɔ anom, ɛfiri saa ɛberɛ yi kɔsi daa apem,” sei na Awurade seɛ.
As for me, this is my covenant with them—says Yahweh—my spirit who is upon you, and my words which I have put in your mouth, will not leave your mouth, or go out of the mouth of your children, or go out of the mouth of your children's children—says Yahweh—from this time and forever.”