< Yesaia 58 >
1 “Monteam denden, monnnyae. Momma mo nne so sɛ totorobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no.
"Cry aloud, do not spare, lift up your voice like a trumpet, and declare to my people their disobedience, and to the house of Jacob their sins.
2 Ɛda biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ. Wɔbisa me hɔ asɛntenenee na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn.
Yet they seek me daily, and delight to know my ways: as a nation that did righteousness, and did not forsake the ordinance of their God, they ask of me righteous judgments; they delight to draw near to God.
3 Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada na woanhunu yi? Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa.
'Why have we fasted,' say they, 'and you do not see? Why have we afflicted our soul, and you take no knowledge?' "Look, in the day of your fast you find pleasure, and exact all your labors.
4 Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie, ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro.
Look, you fast for strife and contention, and to strike with the fist of wickedness: you do not fast this day so as to make your voice to be heard on high.
5 Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa? Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa? Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmire na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa? Yei na mofrɛ no abuadadie yi, ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa?
Is such the fast that I have chosen? the day for a man to afflict his soul? Is it to bow down his head as a rush, and to spread sackcloth and ashes under him? Will you call this a fast, and an acceptable day to the LORD?
6 “Saa mmuadadie yi na mepɛ: sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasane kɔnnua nhoma, sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu kɔnnua biara.
"Isn't this the fast that I have chosen: to release the bonds of wickedness, to undo the bands of the yoke, and to let the oppressed go free, and that you break every yoke?
7 Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena. Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so.
Isn't it to distribute your bread to the hungry, and that you bring the poor who are cast out to your house? When you see the naked, that you cover him; and that you not hide yourself from your own flesh?
8 Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo tenenee bɛdi mo anim, na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm.
Then your light shall break forth as the morning, and your healing shall spring forth speedily; and your righteousness shall go before you; the glory of the LORD shall be your rear guard.
9 Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so; mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie. “Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua, nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ,
Then you shall call, and the LORD will answer; you shall cry, and he will say, 'Here I am.' "If you take away from the midst of you the yoke, the putting forth of the finger, and speaking wickedly;
10 na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a, ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ.
and if you draw out your soul to the hungry, and satisfy the afflicted soul: then your light shall rise in darkness, and your obscurity be as the noonday;
11 Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara; ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo wɔ asase wesee so na ɔbɛhyɛ mo onipadua den. Mobɛyɛ sɛ turo a wɔgugu so nsuo yie, sɛ asuwa a emu nsuo nwe da.
and the LORD will guide you continually, and satisfy your soul in dry places, and make strong your bones; and you shall be like a watered garden, and like a spring of water, whose waters do not fail.
12 Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no, na wɔato fapem a akyɛre no; wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no, Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu.
Those who shall be of you shall build the old waste places; you shall raise up the foundations of many generations; and you shall be called The repairer of the breach, The restorer of paths to dwell in.
13 “Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no, sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da na modi Awurade da kronkron no ni na moamfa mo ara mo akwan so na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a,
"If you turn away your foot from the Sabbath, from doing your pleasure on my holy day; and call the Sabbath a delight, and the holy of the LORD honorable; and shall honor it, not doing your own ways, nor finding your own pleasure, nor speaking your own words:
14 ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.” Awurade na aka.
then you shall delight yourself in the LORD; and I will make you to ride on the high places of the earth; and I will feed you with the heritage of Jacob your father:" for the mouth of the LORD has spoken it.