< Yesaia 58 >

1 “Monteam denden, monnnyae. Momma mo nne so sɛ totorobɛnto. Mompae mu nka me nkurɔfoɔ atuateɛ nkyerɛ wɔn na monka Yakob efie nso nnebɔne nkyerɛ no. 2 Ɛda biara da wɔhwehwɛ me; ayɛ sɛ wɔpere sɛ wɔbɛhunu mʼakwan, te sɛ wɔyɛ ɔman a wɔyɛ deɛ ɛtene na wɔmpoo wɔn Onyankopɔn ahyɛdeɛ. Wɔbisa me hɔ asɛntenenee na ayɛ sɛ wɔpɛ sɛ Onyankopɔn bɛn wɔn. 3 Wɔka sɛ, ‘Adɛn enti na yɛadi mmuada na woanhunu yi? Adɛn enti na yɛabrɛ yɛn ho ase, na woanhwɛ yi?’ “Nanso mo abuada da no, moyɛ deɛ mopɛ na mosisi mo adwumayɛfoɔ nyinaa. 4 Ntɔkwa ne akasakasa na mode wie mo abuadadie, ne akuturuku a mode bobɔ mo ho. Morentumi nni mmuada sɛdeɛ moyɛ no ɛnnɛ yi na moahwɛ anim sɛ wɔbɛte mo nne wɔ soro. 5 Yei ne mmuadadie a mepɛ anaa? Ɛda koro pɛ a onipa de brɛ ne ho ase no anaa? Ɛne sɛ obi si ne tiri ase te sɛ demmire na ɔtena ayitoma so ne nsõ mu nko ara anaa? Yei na mofrɛ no abuadadie yi, ɛda a ɛsɔ Awurade ani yi ni anaa? 6 “Saa mmuadadie yi na mepɛ: sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasane kɔnnua nhoma, sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu kɔnnua biara. 7 Ɛsɛ sɛ mo ne wɔn a ɛkɔm de wɔn kyɛ mo aduane na moma ohiani a ɔnenam no baabi tena. Sɛ mohunu deɛ ɔda adagya a, momfira no ntoma na monnyi mo ani mfiri mo yɔnko onipa so. 8 Ɛno na mo hann bɛpue te sɛ ahemadakye, na mo ayaresa aba ntɛm so; afei mo tenenee bɛdi mo anim, na Awurade animuonyam bɛbɔ mo kyidɔm. 9 Afei mobɛfrɛ, na Awurade bɛgye mo so; mobɛteam apɛ mmoa, na ɔbɛka sɛ: Me nie. “Sɛ moyi nhyɛsoɔ kɔnnua, nsa a motene wɔ onipa so ne ntwatoso firi hɔ, 10 na sɛ moha mo ho ma wɔn a ɛkɔm de wɔn na moma wɔn a wɔhyɛ wɔn so no deɛ ɛhia wɔn a, ɛnneɛ mo nkanea bɛhyerɛn wɔ esum mu, na mo anadwo bɛyɛ sɛ owigyinaeɛ. 11 Awurade bɛkyerɛ mo ɛkwan ɛberɛ biara; ɔbɛma mo deɛ ɛhia mo wɔ asase wesee so na ɔbɛhyɛ mo onipadua den. Mobɛyɛ sɛ turo a wɔgugu so nsuo yie, sɛ asuwa a emu nsuo nwe da. 12 Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no, na wɔato fapem a akyɛre no; wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no, Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu. 13 “Sɛ mohwɛ mo anammɔntuo so yie Homeda na moannyɛ deɛ mopɛ wɔ me da kronkron no, sɛ mofrɛ Homeda no anigyeɛ da na modi Awurade da kronkron no ni na moamfa mo ara mo akwan so na moanyɛ deɛ mopɛ anaa moanka nsɛmhunu a, 14 ɛnneɛ mobɛnya anigyeɛ wɔ Awurade mu na mɛma mo anante asase no sorɔnsorɔmmea so na moato pon wɔ mo agya Yakob agyapadeɛ so.” Awurade na aka.

< Yesaia 58 >