< Yesaia 55 >

1 “Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsuo no ho; na mo a monni sika, mommra mmɛtɔ na monni! Mommra mmɛtɔ nsã ne nufosuo a monntua hwee.
“Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa, mommra nsu no ho; na mo a munni sika, mommra mmɛtɔ na munni! Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu a munntua hwee.
2 Adɛn enti na mosɛe sika wɔ deɛ ɛnyɛ aduane ho ne mo ahoɔden wɔ deɛ ɛmmee ho? Montie, montie me na monni deɛ ɛyɛ, na mo kra ani bɛgye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
Adɛn nti na mosɛe sika wɔ nea ɛnyɛ aduan ho ne mo ahoɔden wɔ nea ɛmmee ho? Muntie, muntie me na munni nea eye, na mo kra ani begye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
3 Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; montie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a ɛtoɔ ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn; muntie me, na mo kra anya nkwa. Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa, me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
4 Hwɛ, mede no ayɛ adansedie ama nnipa no, wɔn ɔkandifoɔ ne ɔsahene.
Hwɛ, mede no ayɛ adansedi ama nnipa no, wɔn kannifo ne ɔsahene.
5 Ampa ara mobɛfrɛ aman a monnim wɔn, na aman a wonnim mo no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Onyankopɔn enti, Israel Ɔkronkronni no, ɛfiri sɛ wahyɛ mo animuonyam.”
Ampa ara mobɛfrɛ aman a munnim wɔn, na aman a munnim no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn, Awurade, mo Nyankopɔn nti, Israel Ɔkronkronni no, efisɛ wahyɛ mo anuonyam.”
6 Monhwehwɛ Awurade ɛberɛ a mobɛhunu no. Momfrɛ no ɛberɛ a ɔbɛn.
Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no. Momfrɛ no bere a ɔbɛn.
7 Ma omumuyɛfoɔ ntwe ne ho mfiri nʼakwan ho na ɔbɔnefoɔ nso mfiri ne nsusuiɛ ho. Ma ɔnnane nkɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛhunu no mmɔbɔ, ɔnnane nkɔ yɛn Onyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan ho na ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho. Ma ɔnnan nkɔ Awurade nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ, ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.
8 “Na mʼadwene nnyɛ mo adwene, na mo akwan nso nnyɛ mʼakwan,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
“Na mʼadwene nyɛ mo adwene, na mo akwan nso nyɛ mʼakwan,” sɛnea Awurade se ni.
9 “Sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na mʼakwan korɔn sene mo akwan, na mʼadwene nso korɔn sene mo adwene.
Sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na mʼakwan korɔn sen mo akwan na mʼadwene nso korɔn sen mo adwene.
10 Osuo ne sukyerɛmma tɔ firi soro gu fam, na ɛnsane nkɔ hɔ bio gye sɛ afɔ asase ama afifideɛ ɛgu nhwiren, sɛdeɛ ɛbɛso aba ama ogufoɔ na aduane nso aba ama deɛ ɔdie.
Sɛnea osu ne sukyerɛmma tɔ fi soro gu fam, na wɔnnsan nkɔ hɔ bio wɔ bere a ɛmfɔw asase mma enguu nhwiren mpaee, sɛnea ɛbɛsow aba ama ogufo ne aduan ama odifo no,
11 Saa ara na mʼasɛm a ɛfiri mʼanum teɛ: Ɛrensane mma me nkyɛn kwa. Mmom ɛbɛyɛ deɛ mepɛ na awie botaeɛ a ɛno enti mesomaa no.
saa ara na mʼasɛm a efi mʼanom no te: Ɛrensan mma me nkyɛn kwa. Mmom ɛbɛyɛ nea mepɛ na awie botae a ɛno nti mesomaa no.
12 Mode ahosɛpɛ bɛpue na wɔagya mo kwan asomdwoeɛ mu; mmepɔ ne nkokoɔ bɛto nnwom wɔ mo anim, na mfuo so nnua nyinaa bɛbɔ wɔn nsam.
Mode ahosɛpɛw bepue na wɔagya mo kwan asomdwoe mu; mmepɔw ne nkoko betue nnwonto wɔ mo anim, na mfuw so nnua nyinaa bɛbɔ wɔn nsam.
13 Nkyɛkyerɛ ananmu, pepeaa bɛfifiri, na nnɛnkyɛnse ananmu, ohwam dua bɛfifiri. Yei bɛyɛ deɛ ɛhyɛ Awurade animuonyam, ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnneɛ, a ɛrentwam da.”
Nsɔe anan mu ɔpepaw befifi, na nnɛnkyɛnse anan mu ohuam dua befifi. Eyi bɛyɛ nea ɛhyɛ Awurade anuonyam, ɛbɛyɛ daapem nsɛnkyerɛnne, a ɛrentwa mu da.

< Yesaia 55 >