< Yesaia 54 >
1 “To dwom, Ao, ɔbonini, di ahurisie, wo a wonnwoo da; ma wo nne so na team, wo a awoɔ nkaa wo da; ɛfiri sɛ ɔbaa a woannya awoɔ da no mma adɔɔso sene deɛ ɔwɔ kunu,” Awurade na ɔseɛ.
"Sing, barren, you who did not bear; break forth into singing, and cry aloud, you who did not travail with child: for more are the children of the desolate than of her that has a husband," says Jehovah.
2 “Trɛ wo ntomadan no mu; twe wo ntomadan ntwamu no mu, nnyae yɛ; toa wo ntampehoma no so, bobɔ wo mpɛɛwa no so ma ɛntim yie.
"Enlarge the place of your tent, and let them stretch forth the curtains of your habitations; do not spare: lengthen your cords, and strengthen your stakes.
3 Ɛfiri sɛ wobɛtrɛ akɔ nifa ne benkum; wʼasefoɔ bɛgye aman afa na wɔatena wɔn nkuropɔn a asɛe no so.
For you shall spread out on the right hand and on the left; and your descendants shall possess the nations, and make the desolate cities to be inhabited.
4 “Nsuro. Wʼanim rengu ase. Nsuro aniwuo. Wɔremmrɛ wo ase. Wo werɛ bɛfiri wo mmabunu mu aniwuo na wo kunayɛ mu ahohora nso, worenkae bio.
"Do not be afraid, for you will not be put to shame, nor will you be humiliated, for you will not be disgraced. For you will forget the shame of your youth, and the disgrace of your widowhood you will remember no more.
5 Na wo Bɔfoɔ yɛ wo kunu Asafo Awurade ne ne din, Israel Ɔkronkronni no yɛ wo Gyefoɔ. Wɔfrɛ no asase nyinaa so Onyankopɔn.
For your husband is your Creator; Jehovah of hosts is his name: and the Holy One of Israel is your Redeemer; the God of the whole earth shall he be called.
6 Awurade bɛsane afrɛ wo te sɛ ɔyere a woagyaa no na ɔdi yea wɔ nʼakoma mu, ɔyere a ɔwaree mmabaawaberɛ mu na wogyaa no mpofirim,” wo Onyankopɔn na ɔseɛ.
For Jehovah has called you as a wife forsaken and grieved in spirit, even a wife of youth, when she is cast off," says your God.
7 “Megyaa wo berɛ tiawa bi mu, nanso mefiri ayamhyehyeɛ a emu dɔ mu bɛsane de wo aba.
"For a small moment have I forsaken you; but with great mercies will I gather you.
8 Abufuo mmorosoɔ mu, mede mʼani hintaa wo mmerɛ tiawa bi, nanso mʼayamyɛ a ɛnsa da enti, mɛhunu wo mmɔbɔ,” deɛ Awurade, wo Gyefoɔ seɛ nie.
In overflowing wrath I hid my face from you for a moment; but with everlasting loving kindness will I have mercy on you," says Jehovah your Redeemer.
9 “Yei te sɛ Noa mmerɛ so a mekaa ntam sɛ meremma nsuyire nkata asase ani bio. Enti afei maka ntam sɛ meremma mebo mfu wo bio, na merenka wʼanim bio.
"For this is like the waters of Noah to me; for as I have sworn that the waters of Noah shall no more go over the earth, so have I sworn that I will not be angry with you, nor rebuke you.
10 Sɛ mmepɔ woso, na nkokoɔ tutu a, me dɔ a ɛnsa da a mewɔ ma wo no renhinhim na mʼasomdwoeɛ apam no rentwam,” sei na Awurade a ɔwɔ ahummɔborɔ ma mo no seɛ.
For the mountains may depart, and the hills be removed; but my loving kindness shall not depart from you, neither shall my covenant of peace be removed," says Jehovah who has mercy on you.
11 “Ao, kuropɔn a ahum abubu wo na wɔnkyekyee wo werɛ, mede aboɔ anintɔnka bɛsiesie wo, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wo fapem.
"You afflicted, tossed with storms, and not comforted, look, I will set your stones in beautiful colors, and lay your foundations with sapphires.
12 Mede bogyaboɔ bɛto wʼabantifi afasuo, na mede abohemaa a ɛhyerɛn ayɛ wʼapono, na mede aboɔdemmoɔ ayɛ wʼafasuo nyinaa.
I will make your pinnacles of rubies, and your gates of sparkling jewels, and all your walls of precious stones.
13 Awurade bɛkyerɛkyerɛ wo mmammarima nyinaa, na wo mma asomdwoeɛ bɛdɔɔso.
And all your children shall be taught by God; and great shall be the peace of your children.
14 Wobɛtim wɔ tenenee mu: Wo ne nhyɛsotrasoɔ ntam kwan bɛware; worensuro biribiara. Ahupoo bɛkɔ akyirikyiri, na ɛremmɛn wo.
In righteousness you shall be established: you shall be far from oppression, for you shall not be afraid; and from terror, for it shall not come near you.
15 Sɛ obi to hyɛ wo so a, na ɛmfiri me; na deɛ ɔto hyɛ wo so no de ne ho bɛma wo.
Look, they may gather together, but not by me: whoever shall gather together against you shall fall because of you.
16 “Hwɛ, ɛyɛ me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyasramma mu ma ɛdɛre na ɔde ahoɔden bɔ akodeɛ a ɛfata ne dwumadie. Na ɛyɛ me na mabɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔmmɛsɛe adeɛ;
"Look, I have created the smith who blows the fire of coals, and brings forth a weapon for his work; and I have created the waster to destroy.
17 akodeɛ biara a wɔabɔ atia wo no rennyina na tɛkrɛma biara a ɛbɛbɔ wo soboɔ no, wobɛbɔ agu. Yei ne Awurade nkoa agyapadeɛ ne wɔn bembuo a ɛfiri me,” Awurade na ɔseɛ.
No weapon that is formed against you will prosper; and you will condemn every tongue that rises against you in judgment. This is the heritage of the servants of Jehovah, and their righteousness which is of me," says Jehovah.