< Yesaia 53 >
1 Hwan na wagye yɛn asɛnka no adie, na Awurade abasa no, hwan so na ada adie?
Who hath believed our report? and to whom hath the arm of Jehovah been revealed?
2 Ɔnyinii wɔ nʼanim te sɛ dua mono ketewa bi, te sɛ nhini a ɛfiri asase wesee mu. Ɔnni ahoɔfɛ anaa animuonyam a ɛbɛtwetwe yɛn akɔ ne nkyɛn. Na biribiara nni ne ho ɛbɛma yɛn ani agye ne ho.
For he shall grow up before him as a tender sapling, and as a root out of dry ground: he hath no form nor lordliness, and when we see him, there is no beauty that we should desire him.
3 Nnipa bɔɔ no ahohora na wɔpoo no, Ɔwerɛhoni a ɔnim ɔyea. Yɛdanee yɛn ani a yɛanhwɛ no mpo; wɔbuu no animtiaa na yɛn nso, yɛammu no.
He is despised and left alone of men; a man of sorrows, and acquainted with grief, and like one from whom [men] hide their faces; — despised, and we esteemed him not.
4 Ampa ara ɔfaa yɛn mmerɛyɛ, na ɔsoaa yɛn awerɛhoɔ, nanso yɛbuu no sɛ Onyankopɔn na watwe nʼaso. Yebuu no sɛ Onyankopɔn na wabɔ no na wadwerɛ no.
Surely he hath borne our griefs and carried our sorrows; and we, we did regard him stricken, smitten of God, and afflicted.
5 Nanso, yɛn mmarato enti na wɔpiraa noɔ, yɛn amumuyɛ enti na wɔdwerɛɛ no; asotwe a ɛde asomdwoeɛ brɛɛ yɛn no daa no so, na nʼapirakuro mu na yɛnya ayaresa.
But he was wounded for our transgressions, he was bruised for our iniquities; the chastisement of our peace was upon him, and with his stripes we are healed.
6 Yɛn nyinaa ayera yera te sɛ nnwan, yɛn mu biara afa ne kwan; na Awurade de yɛn nyinaa amumuyɛ asoa.
All we like sheep have gone astray, we have turned every one to his own way; and Jehovah hath laid upon him the iniquity of us all.
7 Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no aniɛyaa, nanso wammue nʼano; wɔde no kɔɔeɛ te sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano.
He was oppressed, and he was afflicted, but he opened not his mouth; he was led as a lamb to the slaughter, and was as a sheep dumb before her shearers, and he opened not his mouth.
8 Wɔnam nhyɛsoɔ ne atemmuo so faa no kɔɔeɛ. Na hwan na ɔbɛtumi aka nʼasefoɔ ho asɛm? Ɛfiri sɛ wɔyii no firii asase yi so; me nkurɔfoɔ mmarato enti, wɔtwee nʼaso.
He was taken from oppression and from judgment; and who shall declare his generation? for he was cut off out of the land of the living; for the transgression of my people was he stricken.
9 Wɔyɛɛ ne damena wɔ abɔnefoɔ mu, na ne wuo mu, wɔde no too adefoɔ mu ɛwom sɛ wanyɛ akakabensɛm biara, na obiara ante atorɔsɛm biara amfiri nʼano.
And [men] appointed his grave with the wicked, but he was with the rich in his death, because he had done no violence, neither was there guile in his mouth.
10 Nanso ɛyɛɛ Awurade pɛ sɛ ɔbɛdwerɛ no ama no ahunu amane. Mpo ɔde ne nkwa ayɛ afɔdie afɔrebɔdeɛ. Ɔbɛhunu nʼasefoɔ na ne nna bɛware, na Awurade pɛ bɛkɔ so wɔ ne nsam.
Yet it pleased Jehovah to bruise him; he hath subjected [him] to suffering. When thou shalt make his soul an offering for sin, he shall see a seed, he shall prolong [his] days, and the pleasure of Jehovah shall prosper in his hand.
11 Ne kra amanehunu akyi, ɔbɛhunu nkwa hann, na ne bo atɔ ne yam; na ne suahunu mu, me ɔsomfoɔ teneneeni no bɛbu bebree bem, na wasoa wɔn amumuyɛ.
He shall see of [the fruit of] the travail of his soul, [and] shall be satisfied: by his knowledge shall my righteous servant instruct many in righteousness; and he shall bear their iniquities.
12 Enti mɛma no kyɛfa wɔ akɛsefoɔ mu, na ɔne ahoɔdenfoɔ bɛkyɛ asadeɛ ɛfiri sɛ ɔde ne nkwa too hɔ maa owuo, na wɔkan no fraa mmaratofoɔ. Ɔsoaa nnipa bebree bɔne, na ɔdi maa mmaratofoɔ.
Therefore will I assign him a portion with the great, and he shall divide the spoil with the strong: because he hath poured out his soul unto death, and was reckoned with the transgressors; and he bore the sin of many, and made intercession for the transgressors.