< Yesaia 52 >

1 Nyane, nyane, Ao Sion, hyɛ ahoɔden aduradeɛ no. Hyɛ wo ntadeɛ fɛfɛ no Ao, Yerusalem kuropɔn kronkron no. Momonotofoɔ ne wɔn a wɔn ho agu fi renwura wʼapono mu bio.
Awake, awake, put on thy majesty, O Zion! Put on thy beautiful garments, O Jerusalem, the holy city! For no more shall come into thee the uncircumcised and the unclean.
2 Poroporo wo ho mfuturo. Sɔre, tena ahennwa so, Ao, Yerusalem. Yiyi nkɔnsɔnkɔnsɔn no firi wo kɔn mu, Ao, Ɔbabaa Sion a wɔafa wo nnomum.
Shake thyself from the dust, Arise and sit erect, O Jerusalem! Loose thyself from the bands of thy neck, O captive daughter of Zion!
3 Na yei ne deɛ Awurade seɛ: “Wɔantɔn wo annye hwee, na ɛnyɛ sika na wɔde bɛgye wo.”
For thus saith Jehovah: For naught were ye sold, And without money shall ye be ransomed.
4 Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Ɛberɛ bi me nkurɔfoɔ kɔɔ Misraim kɔtenaa hɔ; akyire no Asiria bɛhyɛɛ wɔn so.
For thus saith the Lord Jehovah: My people went down to Egypt formerly to sojourn there, And the Assyrian oppressed them without cause.
5 “Na seesei, ɛdeɛn na mehunu yi?” Sei na Awurade seɛ. “Wɔafa me nkurɔfoɔ kɔ kwa, na wɔn sodifoɔ di fɛw,” Awurade na ɔseɛ. “Ɛda mu no nyinaa wɔkɔ so gu me din ho fi.
And now, what have I here to do, saith the Lord, When my people is taken away for naught, And their tyrants exult, saith Jehovah, And all the day long my name is blasphemed.
6 Enti me nkurɔfoɔ bɛhunu me din; enti ɛda no wɔbɛhunu sɛ ɛyɛ me na mehyɛɛ ho nkɔm. Aane, ɛyɛ me.”
Therefore shall my people know my name; Therefore in that day shall they know That I am he that said, Behold, here am I!
7 Hwɛ sɛdeɛ wɔn a wɔde asɛmpa no reba no anammɔn yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so, wɔn a wɔpae mu ka asomdwoesɛm, wɔn a wɔde nsɛmmɔdɛ ba, wɔn a wɔpae mu ka nkwagyeɛ ho asɛm na wɔka kyerɛ Sion sɛ, “Mo Onyankopɔn di ɔhene.”
How beautiful upon the mountains are the feet of him that bringeth good tidings, of him that proclaimeth peace! That bringeth good tidings, that proclaimeth salvation! That saith to Zion, “Thy God is king!”
8 Montie! Mo awɛmfoɔ ma wɔn nne so; wɔbɔ mu de anigye team. Sɛ Awurade sane ba Sion a, wɔde wɔn ani bɛhunu.
Hark! the voice of thy watchmen! They lift up the voice together; yea, they shout! For eye to eye shall they behold, When Jehovah returneth to Zion.
9 Mommɔ mu nto anigye nnwom, mo Yerusalem mmubuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade akyekye ne nkurɔfoɔ werɛ; wagye Yerusalem.
Break forth into joy; shout together, ye ruins of Jerusalem! For Jehovah hath pity on his people; he redeemeth Jerusalem.
10 Awurade bɛyi ne basa kronkron no ho wɔ amanaman nyinaa anim na asase ano nyinaa bɛhunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.
Jehovah maketh bare his holy arm In the sight of all the nations; All the ends of the earth Behold the salvation from our God.
11 Monkɔ. Momfiri hɔ nkɔ! Mommfa mo ho nka biribiara a ɛho nteɛ. Mommfiri ho na mo ho nte, mo a mokurakura Awurade nkuruwa.
Depart, depart ye; go ye out from thence; Touch no unclean thing! Go ye out from the midst of her; Be ye clean, ye that bear the vessels of Jehovah!
12 Monntutu mmirika mfiri ha anaa monnwane; ɛfiri sɛ Awurade bɛdi mo anim, Israel Onyankopɔn bɛbɔ mo kyidɔm.
For not in haste shall ye go forth, Nor in flight shall ye pass along; For Jehovah shall march in your front, And the God of Israel bring up your rear.
13 Hwɛ, me ɔsomfoɔ bɛdi yie wɔbɛpagya no ayɛ no kɛseɛ.
Behold, my servant shall prosper; He shall be lifted up, and set on high, and greatly exalted.
14 Dodoɔ a wɔhunuu no ho dwirii wɔn. Ɛfiri sɛ wɔsɛee nʼanim a ansɛ onipa biara deɛ na ne bɔberɛ sɛeɛ a ɛnsɛ ɔdasani deɛ.
As many were amazed at the sight of him, —So disfigured and scarcely human was his visage, And so unlike that of a man was his form, —
15 Saa ara na ɔbɛma aman bebree ho adwiri wɔn na ahemfo bɛmuamua wɔn ano, ne enti. Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.
So shall he cause many nations to exult on account of him; Kings shall shut their mouths before him. For what had never been told them shall they see, And what they never heard shall they perceive.

< Yesaia 52 >