< Yesaia 51 >

1 “Montie me, mo a mopɛ tenenee akyiri kwan; na mohwehwɛ Awurade; Monhwɛ ɔbotan a wɔtwaa mo firii mu no ne abopaebea a wɔtuu mo firii hɔ no;
Hearken to Me, ye that follow after righteousness, ye that seek the LORD; look unto the rock whence ye were hewn, and to the hole of the pit whence ye were digged.
2 Monhwɛ Abraham mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ, na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ.
Look unto Abraham your father, and unto Sarah that bore you; for when he was but one I called him, and I blessed him, and made him many.
3 Awurade bɛkyekye Sion werɛ ampa ara na ne yam bɛhyehye no wɔ ne mmubuiɛ no ho; ɔbɛyɛ nʼanweatam ahodoɔ sɛ Eden, nʼasase a ada mpan bɛyɛ sɛ Awurade turo. Wɔbɛhunu anigyeɛ ne ahosɛpɛ, aseda ne nnwontoɔ wɔ ne mu.
For the LORD hath comforted Zion; He hath comforted all her waste places, and hath made her wilderness like Eden, and her desert like the garden of the LORD; joy and gladness shall be found therein, thanksgiving, and the voice of melody.
4 “Montie me, me nkurɔfoɔ; monyɛ aso mma me, me ɔman: Mmara no bɛfiri me nkyɛn akɔ; na mʼatɛntenenee bɛyɛ hann ama aman no.
Attend unto Me, O My people, and give ear unto Me, O My nation; for instruction shall go forth from Me, and My right on a sudden for a light of the peoples.
5 Me tenenee reba ntɛm so, me nkwagyeɛ nam ɛkwan so, na mʼabasa de atɛntenenee bɛbrɛ aman no. Nsupɔ no bɛhwehwɛ me na wɔde anidasoɔ bɛtwɛn mʼabasa.
My favour is near, My salvation is gone forth, and Mine arms shall judge the peoples; the isles shall wait for Me, and on Mine arm shall they trust.
6 Mompagya mo ani nhwɛ ɔsorosoro, monhwɛ asase wɔ fam; ɔsorosoro bɛtu ayera sɛ wisie na asase bɛtete sɛ atadeɛ na wɔn a wɔte so bɛwuwu sɛ nwansena. Nanso me nkwagyeɛ bɛtena hɔ daa, me tenenee to rentwa da.
Lift up your eyes to the heavens, and look upon the earth beneath; for the heavens shall vanish away like smoke, and the earth shall wax old like a garment, and they that dwell therein shall die in like manner; but My salvation shall be for ever, and My favour shall not be abolished.
7 “Montie me, mo a monim deɛ ɛteneɛ, mo a me mmara wɔ mo akoma mu: Monnsuro nnipa animka anaa momma wɔn ahohora ntu mo bo.
Hearken unto Me, ye that know righteousness, the people in whose heart is My law; fear ye not the taunt of men, neither be ye dismayed at their revilings.
8 Na nweweboa bɛwe wɔn te sɛ deɛ wɔwe atadeɛ; ɔsonsono bɛsɛe wɔn te sɛ deɛ wɔsɛe kuntu. Nanso me tenenee bɛtena hɔ daa me nkwagyeɛ bɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.”
For the moth shall eat them up like a garment, and the worm shall eat them like wool; but My favour shall be for ever, and My salvation unto all generations.
9 Nyane, nyane! Ao Awurade basa hyɛ ahoɔden aduradeɛ; nyane te sɛ nna a atwam no, te sɛ tete awoɔ ntoatoasoɔ mu no. Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab mu asinasini no, na wohwiree asuboa kɛseɛ no mu no?
Awake, awake, put on strength, O arm of the LORD; awake, as in the days of old, the generations of ancient times. Art thou not it that hewed Rahab in pieces, that pierced the dragon?
10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo weeɛ, nsubunu mu nsuo no, deɛ ɔpaee ɛkwan wɔ ɛpo bunu mu no sɛdeɛ wɔn a wɔagye wɔn no bɛtumi atwa?
Art thou not it that dried up the sea, the waters of the great deep; that made the depths of the sea a way for the redeemed to pass over?
11 Wɔn a Awurade apata ama wɔn bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn abotire, anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛboro wɔn so, awerɛhoɔ ne apinisie bɛtu ayera.
And the ransomed of the LORD shall return, and come with singing unto Zion, and everlasting joy shall be upon their heads; they shall obtain gladness and joy, and sorrow and sighing shall flee away.
12 “Me, me ara, mene wo werɛ kyekyefoɔ. Hwan ne wo a wosuro ɔdasani, nnipa mma a wɔyɛ ɛserɛ yi.
I, even I, am He that comforteth you: who art thou, that thou art afraid of man that shall die, and of the son of man that shall be made as grass;
13 Na wo werɛ afiri Awurade, wo yɛfoɔ, deɛ ɔtrɛɛ ɔsorosoro mu na ɔhyɛɛ asase ase no? Wobɛkɔ so ara asuro ɔhyɛsoni no abufuo? Wobɛkɔ so ara asuro deɛ ɔde ɔsɛeɛ asi nʼani so no anaa? Na ɔhyɛsoni no abufuo wɔ he?
And hast forgotten the LORD thy Maker, that stretched forth the heavens, and laid the foundations of the earth; and fearest continually all the day because of the fury of the oppressor, as he maketh ready to destroy? And where is the fury of the oppressor?
14 Ɛrenkyɛre, wɔbɛgyaa nneduafoɔ ahufoɔ no; wɔrenwuwu wɔ afiase amena mu, na aduane remmɔ wɔn.
He that is bent down shall speedily be loosed; and he shall not go down dying into the pit, neither shall his bread fail.
15 Na mene Awurade, wo Onyankopɔn deɛ ɔhwanyane ɛpo, ma nʼasorɔkye woro so. Asafo Awurade, ne ne din.
For I am the LORD thy God, who stirreth up the sea, that the waves thereof roar; the LORD of hosts is His name.
16 Mede me nsɛm ahyɛ wʼanomu, na mede me nsa ase nwunu akata wo so. Me a mede ɔsorosoro sii hɔ na mehyɛɛ asase ase na meka kyerɛ Sion sɛ, ‘Moyɛ me nkurɔfoɔ.’”
And I have put My words in thy mouth, and have covered thee in the shadow of My hand, that I may plant the heavens, and lay the foundations of the earth, and say unto Zion: 'Thou art My people.'
17 Nyane, nyane! Sɔre, Ao, Yerusalem! Wo a wanom afiri Awurade nsam nʼabufuo kuruwa no, wo a wanom apɔɔdɔ mu nsã atu puo deɛ ɛma nnipa tɔ ntintan no.
Awake, awake, stand up, O Jerusalem, that hast drunk at the hand of the LORD the cup of His fury; thou hast drunken the beaker, even the cup of staggering, and drained it.
18 Wo mma a wowoo wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔkyerɛ wo ɛkwan; mmammarima a wotetee wɔn nyinaa mu obiara nni hɔ a ɔsɔ wo nsa mu.
There is none to guide her among all the sons whom she hath brought forth; neither is there any that taketh her by the hand of all the sons that she hath brought up.
19 Saa ɔhaw prenu yi aba wo so, hwan na ɔbɛkyekye wo werɛ? Mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ, ɛkɔm ne akofena, hwan na ɔbɛhyɛ wo den?
These two things are befallen thee; who shall bemoan thee? desolation and destruction, and the famine and the sword; how shall I comfort thee?
20 Wo mma atotɔ baha; wɔdeda mmɔntene so baabiara, te sɛ ɔtwe a afidie ayi no. Awurade abufuo aba wɔn so wo Onyankopɔn animka no.
Thy sons have fainted, they lie at the head of all the streets, as an antelope in a net; they are full of the fury of the LORD, the rebuke of thy God.
21 Enti tie yei, wo a worehunu amaneɛ waboro, na nso ɛnyɛ nsã na aboro woɔ.
Therefore hear now this, thou afflicted, and drunken, but not with wine;
22 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade, wo Onyankopɔn a ɔbɔ ne nkurɔfoɔ ho ban seɛ: “Hwɛ, magye afiri wo nsa mu kuruwa a ɛma wotɔɔ ntintan no kuruwa a ɛyɛ mʼabufuo pɔɔdɔ no, worennom bio.
Thus saith thy Lord the LORD, and thy God that pleadeth the cause of His people: behold, I have taken out of thy hand the cup of staggering; the beaker, even the cup of My fury, thou shalt no more drink it again;
23 Mede bɛhyɛ wɔn a wɔha mo no nsa mu, wɔn a wɔka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Butu fam na yɛnnante wo so.’ Na wode wʼakyi yɛɛ fam te sɛ abɔntene a wɔnante so.”
And I will put it into the hand of them that afflict thee; that have said to thy soul: 'Bow down, that we may go over'; and thou hast laid thy back as the ground, and as the street, to them that go over.

< Yesaia 51 >