< Yesaia 50 >

1 Sei na Awurade seɛ: “Wo maame awaregyaeɛ ho adansedie nwoma a megyinaa so gyaa no ɛkwan no wɔ he? Anaa sɛ mʼadefirifoɔ mu hwan na metɔn wo maa noɔ? Wo bɔne enti na wɔtɔn wo; Wʼamumuyɛ enti na wɔpamoo wo maame.
Thus said YHWH: “Where [is] this—the bill of your mother’s divorce, Whom I sent away? Or to which of My creditors have I sold you? Behold, you have been sold for your iniquities, And for your transgressions Your mother has been sent away.
2 Mebaeɛ no, adɛn enti na na obiara nni hɔ? Mefrɛeɛ no, adɛn enti na obiara annye soɔ? Na me nsa yɛ tia dodo sɛ ɛbɛgye wo anaa? Menni ahoɔden a mede bɛgye wo anaa? Mede mʼanimka kakra bi ma ɛpo mu nsuo we, medane nsubɔntene anweatam emu mpataa porɔ ɛsiane nsuo a wɔnnya enti na osukɔm kumm wɔn.
Why have I come, and there is no one? I called, and there is none answering, Has My hand been at all short of redemption? And is there not power in Me to deliver? Behold, by My rebuke I dry up a sea, I make rivers a wilderness, Their fish stink, for there is no water, And die with thirst.
3 Mede esum fira ɔsoro na mema ayitoma yɛ ne nkataho.”
I clothe the heavens [with] blackness, And I make their covering sackcloth.”
4 Asafo Awurade ama me nkyerɛkyerɛ tɛkrɛma sɛ ɛnka asɛm a ɛhyɛ ɔbrɛfoɔ den. Ɔnyane me anɔpa biara, na ɔbue mʼaso ma metie sɛ obi a ɔregye nkyerɛkyerɛ.
Lord YHWH has given to Me The tongue of taught ones, To know to aid the weary [by] a word, He awakens [Me] morning by morning, He awakens [My] ear to hear as taught ones.
5 Otumfoɔ Awurade abue mʼaso na menyɛɛ otuatefoɔ; na mensanee mʼakyi.
Lord YHWH opened My ear, And I did not rebel—I did not move backward.
6 Mede mʼakyi maa wɔn a wɔboro me, na mede mʼafono maa wɔn a wɔtutu mʼabɔgyesɛ. Mamfa mʼanim ansie wɔn fɛdie ne ntasuteɛ ho.
I have given My back to those striking, And My cheeks to those plucking out, I did not hide My face from shame and spitting.
7 Esiane sɛ, Asafo Awurade boa me enti, wɔrengu mʼanim ase. Enti na mayɛ mʼanim sɛ twerɛboɔ, na menim sɛ mʼanim rengu ase.
And Lord YHWH gives help to Me, Therefore I have not been ashamed, Therefore I have set My face as a flint, And I know that I am not ashamed.
8 Deɛ ɔbu me bem no abɛn. Enti hwan na ɔbɛbɔ me kwaadu? Ɔmmra na yɛnhyia mu! Hwan na ɔbɔ me soboɔ? Ma ɔnka nsi mʼanim!
Near [is] He who is justifying Me, Who contends with Me? We stand together, who [is] My opponent? Let him come near to Me.
9 Asafo Awurade na ɔboa me. Hwan ne deɛ ɔbɛbu me fɔ? Wɔn nyinaa bɛtete sɛ atadeɛ; nnweweboaa bɛwe wɔn.
Behold, Lord YHWH gives help to Me, Who [is] he that declares Me wicked? Behold, all of them wear out as a garment, A moth eats them.
10 Mo mu hwan na ɔsuro Awurade, na ɔdi ne ɔsomfoɔ asɛm so? Ma deɛ ɔnam esum mu, deɛ ɔnni hann no, ɔnnye Awurade din nni na ɔmfa ne ho nto ne Onyankopɔn so.
“Who [is] among you, fearing YHWH, Listening to the voice of His Servant, That has walked in dark places, And there is no brightness for him? Let him trust in the Name of YHWH, And lean on his God.
11 Na afei, monhwɛ yie, mo a monante mo ankasa hann mu, mo a mode ogya a mo ankasa asɔ ka mo ho hye, Yei ne deɛ mobɛnya afiri me nsa mu; mobɛhwe ase adeda fam wɔ ɔyea mu.
Behold, all you kindling a fire, girding on sparks, Walk in the light of your fire, And in the sparks you have caused to burn, This has been to you from My hand, You lie down in grief!”

< Yesaia 50 >