< Yesaia 5 >

1 Mɛto dwom ama me dɔfo ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho: Na me dɔfo wɔ bobe turo bi wɔ asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani.
Now I will sing to [my] beloved a song of my beloved concerning my vineyard. [My] beloved had a vineyard on a high hill in a fertile place.
2 Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ, na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so. Ɔsii ɔwɛn aban wɔ mfimfini na ɔtuu nsakyimena nso. Afei, ɔhwɛɛ anim sɛ ɔbɛtwa bobe aba pa, nanso ɛsoo aba bɔne.
And I made a hedge round it, and dug a trench, and planted a choice vine, and built a tower in the midst of it, and dug a place for the wine-vat in it: and I waited [for it] to bring forth grapes, and it brought forth thorns.
3 “Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima, mommu me ne me bobe turo ntam atɛn.
And now, you dwellers in Jerusalem, and [every] man of Juda, judge between me and my vineyard.
4 Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobe turo boro deɛ mayɛ yi so? Ɛberɛ a merehwɛ anim sɛ menya bobe a ɛyɛ no adɛn enti na ɛsoo aba bɔne?
What shall I do any more to my vineyard, that I have not done to it? Whereas I expected [it] to bring forth grapes, but it has brought forth thorns.
5 Afei, mɛka deɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo: Mɛyi ɛho ban no afiri hɔ, na wɔbɛsɛe no; mɛbubu ɛho fasuo, na wɔbɛtiatia so.
And now I will tell you what I will do to my vineyard: I will take away its hedge, and it shall be for a spoil; and I will pull down its walls, and it shall be [left] to be trodden down.
6 Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma, ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini wɔ so. Mɛhyɛ omununkum na wantɔ nsuo angu so.”
And I will forsake my vineyard; and it shall not be pruned, nor dug, and thorns shall come up upon it as on barren land; and I will command the clouds to rain no rain upon it.
7 Asafo Awurade bobe turo no yɛ Israel fie, na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho. Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu; ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su.
For the vineyard of the Lord of hosts is the house of Israel, and the men of Juda [his] beloved plant: I expected [it] to bring forth judgement, and it brought forth iniquity; and not righteousness, but a cry.
8 Nnome nka mo a mode efie ka efie ho na mogyegye mfuo bobɔ soɔ kɔsi sɛ asase no bɛsa na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.
Woe [to them] that join house to house, and add field to field, that they may take away something of their neighbour's: will you dwell alone upon the land?
9 Asafo Awurade apae mu aka ama mate: “Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan, na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu.
For these things have reached the ears of the Lord of hosts: for though many houses should be built, many and fair houses shall be desolate, and there shall be no inhabitants in them.
10 Bobefuo kɛseɛ pa ara no nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu. Aba lita aduonu baako a wɔdua no wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.”
For where ten yoke of oxen plough [the land] shall yield one, and he that sows six homers shall produce three measures.
11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan, wɔn a wɔsiri pɛ kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn.
Woe [to them] that rise up in the morning, and follow strong drink; who wait [at it till] evening: for the wine shall inflame them.
12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase, akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã, nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ, na wɔmmu ne nsa ano adwuma.
For they drink wine with harp, and lute, and drums, and pipes: but they regard not the works of the Lord, and consider not the works of his hands.
13 Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu, ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ; ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree.
Therefore my people have been taken captive, because they know not the Lord: and there has been a multitude of dead [bodies], because of hunger and of thirst for water.
14 Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛ na ɔbue nʼanom bayaa; na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani. (Sheol h7585)
Therefore hell has enlarged its desire and opened its mouth without ceasing: and her glorious and great, and her rich and her pestilent men shall go down [into it]. (Sheol h7585)
15 Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,
And the mean man shall be brought low, and the great man shall be disgraced, and the lofty eyes shall be brought low.
16 nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no, na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.
But the Lord of hosts shall be exalted in judgement, and the holy God shall be glorified in righteousness.
17 Afei nnwan bɛkɔ adidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea; nnwammaa bɛdidi wɔ asikafoɔ amanfo so.
And they that were spoiled shall be fed as bulls, and lambs shall feed on the waste places of them that are taken away.
18 Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne, na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ.
Woe [to them] that draw sins to them as with a long rope, and iniquities as with a thong of the heifer's yoke:
19 Monnue, mo a moka sɛ, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm, ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm sɛdeɛ yɛbɛhunu. Ma ɛmmɛn, Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra, sɛdeɛ yɛbɛhunu.”
who say, Let him speedily hasten what he will do, that we may see [it]: and let the counsel of the Holy One of Israel come, that we may know [it].
20 Monnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa na papa nso sɛ bɔne, mo a mode esum si hann anan mu na hann si esum anan mu, mo a mofrɛ nwononwono sɛ dɛɛdɛ ne dɛɛdɛ sɛ nwononwono.
Woe [to them] that call evil good, and good evil; who make darkness light, and light darkness; who make bitter sweet, and sweet bitter.
21 Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so ne anitefoɔ mo ankasa ani so.
Woe [to them] that are wise in their own conceit, and knowing in their own sight.
22 Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mu ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu.
Woe to the strong [ones] of you that drink wine, and the mighty [ones] that mingle strong drink:
23 Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ.
who justify the ungodly for rewards, and take away the righteousness of the righteous.
24 Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no, saa ara na mo nhini bɛporɔ, na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo; ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.
Therefore as stubble shall be burnt by a coal of fire, and shall be consumed by a violent flame, their root shall be as chaff, and their flower shall go up as dust: for they rejected the law of the Lord of hosts, and insulted the word of the Holy One of Israel.
25 Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so, wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam. Mmepɔ no woso, na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira. Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ, na ne nsa da so wɔ soro.
Therefore the Lord of hosts was greatly angered against his people, and he reached forth his hand upon them, and struck them: and the mountains were troubled, and their carcasses were as dung in the midst of the way: yet for all this his anger has not been turned away, but his hand is yet raised.
26 Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman, ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano. Wɔn na wɔreba no, ɔherɛ so ne ntɛm so!
Therefore shall he lift up a signal to the nations that are afar, and shall hiss for them from the end of the earth; and, behold, they are coming very quickly.
27 Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti, obiara ntɔ nko na ɔnna; abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu na mpaboa ahoma biara nso rente.
They shall not hunger nor be weary, neither shall they slumber nor sleep; neither shall they loose their girdles from their loins, neither shall their shoe-latchets be broken.
28 Wɔn agyan ano yɛ nnam, na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado; wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ, wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa.
Whose arrows are sharp, and their bows bent; their horses' hoofs are counted as solid rock: their chariot-wheels are as a storm.
29 Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ, na wɔbobɔm sɛ gyata mma; wɔpɔso kyere wɔn hanam na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.
They rage as lions, and draw near as a lion's whelps: and he shall seize, and roar as a wild beast, and he shall cast [them] forth, and there shall be none to deliver them.
30 Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so sɛdeɛ ɛpo woro soɔ. Na sɛ obi hwɛ asase no a, ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia; omununkum bɛma hann aduru sum.
And he shall roar on account of them in that day, as the sound of the swelling sea; and they shall look to the land, and, behold, [there shall be] thick darkness in their perplexity.

< Yesaia 5 >