< Yesaia 49 >

1 Montie me, mo mpoano aman; monyɛ aso mo akyirikyiri aman ansa na wɔrebɛwo me no, Awurade frɛɛ me ɔbɔɔ me din ansa na wɔrewo me.
海沿いの国々よ、わたしに聞け。遠いところのもろもろの民よ、耳を傾けよ。主はわたしを生れ出た時から召し、母の胎を出た時からわが名を語り告げられた。
2 Ɔyɛɛ mʼano sɛ akofena nnamnnam, Ɔde me hintaa ne nsa ase nwunu mu; ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam na ɔde me hyɛɛ ne bɔha mu.
主はわが口を鋭利なつるぎとなし、わたしをみ手の陰にかくし、とぎすました矢となして、箙にわたしを隠された。
3 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Woyɛ me ɔsomfoɔ, Israel, wo mu na mɛda mʼanimuonyam adi.”
また、わたしに言われた、「あなたはわがしもべ、わが栄光をあらわすべきイスラエルである」と。
4 Nanso mekaa sɛ, “Mabrɛ agu masɛe mʼahoɔden kwa, mannya mu hwee nanso mede me ho ato Awurade so na mʼakatua wɔ me Onyankopɔn nkyɛn.”
しかし、わたしは言った、「わたしはいたずらに働き、益なく、むなしく力を費した。しかもなお、まことにわが正しきは主と共にあり、わが報いはわが神と共にある」と。
5 Na afei, Awurade akasa: deɛ ɔnwonoo me wɔ awotwaa mu sɛ memmɛyɛ ne ɔsomfoɔ na memfa Yakob nsane mmra ne nkyɛn na me mmoaboa Israel ano mma no no. Awurade ahyɛ me animuonyam na me Onyankopɔn ayɛ mʼahoɔden.
ヤコブをおのれに帰らせ、イスラエルをおのれのもとに集めるために、わたしを腹の中からつくってそのしもべとされた主は言われる。(わたしは主の前に尊ばれ、わが神はわが力となられた)
6 Ɔka sɛ, “Wobɛyɛ me ɔsomfoɔ a wode Yakob mmusuakuo bɛsane aba, na wode Israelfoɔ a mede wɔn asie nso bɛsane aba. Nanso, mɛma woayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea, ɛnam wo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.”
主は言われる、「あなたがわがしもべとなって、ヤコブのもろもろの部族をおこし、イスラエルのうちの残った者を帰らせることは、いとも軽い事である。わたしはあなたを、もろもろの国びとの光となして、わが救を地の果にまでいたらせよう」と。
7 Sei na Awurade seɛ, Ɔgyefoɔ ne Israel Ɔkronkronni no de asɛm yi kɔma deɛ ɔman no buu no animtia na wɔkyirii no, deɛ ɔyɛ sodifoɔ ɔsomfoɔ no: “Ahene bɛhunu wo na wɔasɔre ahenemma bɛhunu wo na wɔakoto wo ɛsiane Awurade a ɔyɛ nokwafoɔ, Israel ɔkronkronni a wayi woɔ no enti.”
イスラエルのあがない主、イスラエルの聖者なる主は、人に侮られる者、民に忌みきらわれる者、つかさたちのしもべにむかってこう言われる、「もろもろの王は見て、立ちあがり、もろもろの君は立って、拝する。これは真実なる主、イスラエルの聖者が、あなたを選ばれたゆえである」。
8 Sei na Awurade seɛ: “Ɛberɛ a ɛsɛ mu no, mɛbua wo, na nkwagyeɛ da no, mɛboa wo; mɛkora wo na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no, de agye asase no asi hɔ akyekyɛ agyapadeɛ ahodoɔ a asɛe no bio.
主はこう言われる、「わたしは恵みの時に、あなたに答え、救の日にあなたを助けた。わたしはあなたを守り、あなたを与えて民の契約とし、国を興し、荒れすたれた地を嗣業として継がせる。
9 Wobɛka akyerɛ nneduafoɔ sɛ, ‘Momfiri mmra!’ ne wɔn a wɔwɔ esum mu sɛ, ‘Momfa mo ho nni!’ “Wɔbɛdidi wɔ akwan ho. Wɔbɛnya adidibea wɔ kokoɔ bonini biara so.
わたしは捕えられた人に『出よ』と言い、暗きにおる者に『あらわれよ』と言う。彼らは道すがら食べることができ、すべての裸の山にも牧草を得る。
10 Ɛkɔm renne wɔn na osukɔm nso renne wɔn; anweatam so hyeɛ ne owia ano hyeɛ renka wɔn. Deɛ ɔwɔ ayamhyehyeɛ ma wɔn no bɛkyerɛ wɔn kwan na ɔde wɔn akɔ nsutire ho.
彼らは飢えることがなく、かわくこともない。また熱い風も、太陽も彼らを撃つことはない。彼らをあわれむ者が彼らを導き、泉のほとりに彼らを導かれるからだ。
11 Mɛyɛ me mmepɔ nyinaa akwan, na mʼakwantempɔn nso mɛma akorɔn.
わたしは、わがもろもろの山を道とし、わが大路を高くする。
12 Hwɛ, wɔfiri akyirikyiri bɛba ebinom bɛfiri atifi fam, ebinom bɛfiri atɔeɛ fam ebinom nso bɛfiri Sinin mantam mu.”
見よ、人々は遠くから来る。見よ、人々は北から西から、またスエネの地から来る」。
13 Momfa anigyeɛ nteam, Ao ɔsoro; di ahurisie, Ao asase; monto nnwom, Ao mmepɔ! Na Awurade kyekye ne nkurɔfoɔ werɛ, na ɔbɛhunu nʼamanehunufoɔ mmɔbɔ.
天よ、歌え、地よ、喜べ。もろもろの山よ、声を放って歌え。主はその民を慰め、その苦しむ者をあわれまれるからだ。
14 Nanso, Sion kaa sɛ, “Awurade agya me hɔ, Awurade werɛ afiri me.”
しかしシオンは言った、「主はわたしを捨て、主はわたしを忘れられた」と。
15 “Ɔbaa werɛ bɛtumi afiri ne ba a ɔtua nufoɔ ano a ɔrennya ayamhyehyeɛ mma ɔba a waturu no anaa? Ebia ne werɛ bɛfiri, na me werɛ remfiri wo!
「女がその乳のみ子を忘れて、その腹の子を、あわれまないようなことがあろうか。たとい彼らが忘れるようなことがあっても、わたしは、あなたを忘れることはない。
16 Hwɛ, makrukyire wo din agu me nsa yam wʼafasuo wɔ mʼani so daa.
見よ、わたしは、たなごころにあなたを彫り刻んだ。あなたの石がきは常にわが前にある。
17 Mo mmammarima resane aba ntɛm so; na wɔn a wɔsɛe mo no refiri mo nkyɛn akɔ.
あなたを建てる者は、あなたをこわす者を追い越し、あなたを荒した者は、あなたから出て行く。
18 Momma mo ani so na monhwɛ mo ho nhyia; mo mmammarima nyinaa reboa wɔn ho ano aba mo nkyɛn. Sɛ mete ase yi” sɛdeɛ Awurade seɛ, “mode wɔn bɛyɛ ahyehyɛdeɛ ama mo ho mode wɔn bɛfira sɛ ayeforɔkunu.
あなたの目をあげて見まわせ。彼らは皆集まって、あなたのもとに来る。主は言われる、わたしは生きている、あなたは彼らを皆、飾りとして身につけ、花嫁の帯のようにこれを結ぶ。
19 “Ɛwom sɛ wɔsɛee mo yɛɛ mo pasaa maa mo asase daa mpan deɛ, nanso, afei nnipa bɛhyɛ mo so ma, ama aboro mo so, na wɔn a wɔsɛee mo no bɛkɔ akyirikyiri.
あなたの荒れ、かつすたれた所、こわされた地は、住む人の多いために狭くなり、あなたを、のみつくした者は、はるかに離れ去る。
20 Mmɔfra a wɔwoo wɔn wɔ mo nnabɔne mu no bɛka ama moate sɛ, ‘Ɛha sua ma yɛn dodo; momma yɛn asase no bi nka ho na yɛntena so.’
あなたが子を失った後に生れた子らは、なおあなたの耳に言う、『この所はわたしには狭すぎる、わたしのために住むべき所を得させよ』と。
21 Na wobɛka wɔ wʼakoma mu sɛ, ‘Hwan na ɔwoo yeinom maa me? Na meyɛ ɔwerɛhoni ne obonini; wɔtuu me kɔɔ asase foforɔ so na wɔpoo me. Hwan na ɔtetee yeinom? Wɔgyaa me nko ara na yeinom, ɛhe na wɔfiri baeɛ?’”
その時あなたは心のうちに言う、『だれがわたしのためにこれらの者を産んだのか。わたしは子を失って、子をもたない。わたしは捕われ、かつ追いやられた。だれがこれらの者を育てたのか。見よ、わたしはひとり残された。これらの者はどこから来たのか』と」。
22 Sei na Asafo Awurade seɛ: “Hwɛ, mɛnyama amanamanmufoɔ, mɛpagya me frankaa no akyerɛ nkurɔfoɔ no. Wɔbɛturu mo mmammarima wɔ wɔn nsa so aba na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn mmatire so.
主なる神はこう言われる、「見よ、わたしは手をもろもろの国にむかってあげ、旗をもろもろの民にむかって立てる。彼らはそのふところにあなたの子らを携え、その肩にあなたの娘たちを載せて来る。
23 Ahemfo bɛyɛ mo agyanom nsiananmu, na wɔn ahemaa ayɛ maamenom a wɔbɛhwɛ mo. Wɔbɛkoto mo a wɔn anim butubutu fam; wɔbɛtafere mo nan ase mfuturo. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade; Wɔn a wɔn ani da me so no, merenni wɔn hwammɔ.”
もろもろの王は、あなたの養父となり、その王妃たちは、あなたの乳母となり、彼らはその顔を地につけて、あなたにひれ伏し、あなたの足のちりをなめる。こうして、あなたはわたしが主であることを知る。わたしを待ち望む者は恥をこうむることがない」。
24 Hwan na ɔbɛtumi agye afodeɛ afiri akofoɔ nsam; anaa hwan na ɔbɛtumi agye nnommumfoɔ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam?
勇士が奪った獲物をどうして取り返すことができようか。暴君がかすめた捕虜をどうして救い出すことができようか。
25 Nanso, sei na Awurade seɛ: “Aane, mɛgye nnommumfoɔ afiri akofoɔ nsam na mɛgye afodeɛ afiri otirimuɔdenfoɔ nsam; me ne wɔn a wɔne mo nya no bɛnya na mɛgye mo mma nkwa.
しかし主はこう言われる、「勇士がかすめた捕虜も取り返され、暴君が奪った獲物も救い出される。わたしはあなたと争う者と争い、あなたの子らを救うからである。
26 Mema wɔn a wɔhyɛ mo so no awe wɔn ankasa honam; wɔn mogya bɛbo wɔn sɛdeɛ wɔanom nsã. Afei adasamma nyinaa bɛhunu sɛ me, Awurade, me ne wʼAgyenkwa no, mo Gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ No.”
わたしはあなたをしえたげる者にその肉を食わせ、その血を新しい酒のように飲ませて酔わせる。こうして、すべての人はわたしが主であって、あなたの救主、またあなたのあがない主、ヤコブの全能者であることを知るようになる」。

< Yesaia 49 >