< Yesaia 48 >

1 “Montie yei, Ao, Yakob fiefoɔ mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefoɔ, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Onyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokorɛ anaa tenenee mu;
“Muntie eyi, Yakobfifo mo a wɔde Israel din frɛ mo, na moyɛ Yuda asefo, mo a mobɔ Awurade din ka ntam, na mofrɛ Israel Nyankopɔn, nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu,
2 mo a mofrɛ mo ho kuro kronkron no mma na mode mo ho to Israel Onyankopɔn so. Asafo Awurade ne ne din.
mo a mofrɛ mo ho kurow kronkron no mma na mode mo ho to Israel Nyankopɔn so, Asafo Awurade ne ne din.
3 Nneɛma a atwam no medii ɛkan kaeɛ, mebɔɔ nkaeɛ, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.
Mehyɛɛ nneɛma a atwa mu no ho nkɔm dedaada, mebɔɔ nkae, na medaa no adi; afei mpofirim mekekaa me ho na ɛbaa mu.
4 Na menim sɛdeɛ moyɛ asoɔden. Mo kɔn ho ntini yɛ dadeɛ na mo moma yɛ kɔbere mfrafraeɛ.
Na minim sɛnea moyɛ asoɔden fa mo kɔn ho ntin yɛ dade na mo moma yɛ kɔbere mfrafrae.
5 Enti, mekaa saa nneɛma yi kyerɛɛ mo dadaada. Ansa na ɛrebɛsisi no mebɔɔ mo nkaeɛ sɛdeɛ morentumi nka sɛ, ‘Mʼahoni na ɔyɛeɛ: me dua nsɛsodeɛ ne me dadeɛ nyame na ɔhyɛeɛ.’
Enti, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ mo dedaada ansa na ɛrebesisi no, mebɔɔ mo nkae sɛnea morentumi nka se, ‘Mʼahoni na wɔyɛe: me dua nsɛsode ne me dade nyame na ɔhyɛe.’
6 Moate yeinom nyinaa; moahunu ne nyinaa. Morennye nto mu anaa? “Ɛfiri saa ɛberɛ yi de rekorɔ mɛka nneɛma foforɔ akyerɛ mo, nneɛma a ahinta a monnim.
Moate eyinom nyinaa; monhwɛ wɔn nyinaa. Morennye wɔn nto mu ana? “Efi saa bere yi de rekɔ mɛka nsɛm foforo akyerɛ mo, ɛfa nneɛma a ahintaw a munnim ho.
7 Afei na ɛreba koraa, ɛnkyɛreɛ; ɛbɛsi ɛnnɛ no, na anka montee ho hwee da. Enti morentumi nka sɛ, ‘Aane na menim dada!’
Afei na wɔayɛ koraa, ɛnkyɛe; ebesi nnɛ no na anka montee ho hwee. Enti morentumi nka se, ‘Yiw na minim dedaw!’
8 Wonteeɛ, na wontee aseɛ; ɛfiri tete nyinaa wʼaso asi. Na menim sɛ woyɛ ɔfatwafoɔ; wɔfrɛɛ wo otuatefoɔ firi yafunu mu.
Wontee, na wontee ase; efi tete nyinaa wʼaso asiw. Na minim sɛ woyɛ ɔfatwafo; wɔfrɛɛ wo otuatewfo fi ɔyafunu mu.
9 Medin enti metwentwɛne mʼabufuo so; mʼayɛyie enti meyi firii wo so, sɛdeɛ mentwa wo ntwene.
Me din nti metwentwɛn mʼabufuw so; mʼayeyi nti miyi fi wo so, sɛnea merensɛe wo koraa.
10 Hwɛ, mahoa mo ho, nanso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔhoa dwetɛ ho; mmom, masɔ wo mahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.
Hwɛ mahoa mo ho, ɛnyɛ sɛnea wɔnan dwetɛ ho; mmom, masɔ wo ahwɛ wɔ amanehunu fononoo mu.
11 Me enti, me enti, na meyɛ yei. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanimuonyam.”
Me nti, me nti, na meyɛ eyi. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema ho kwan na wɔsɛe me din? Memma obi nnye mʼanuonyam.
12 “Tie me, Ao, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ.
“Tie me, Yakob, Israel a mafrɛ no; Me ne no; Me ne odikanfo ne okyikafo.
13 Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛɛ ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.
Me ara me nsa na ɛtoo asase fapem, na me nsa na ɛtrɛw ɔsorosoro mu; sɛ mefrɛ wɔn a, wɔn nyinaa bɔ mu sɔre.
14 “Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmɛtie: ahoni no mu deɛ ɔwɔ he na waka saa nneɛma yi dada? Awurade ɔboafoɔ a wapa no bɛma nʼatirimpɔ a ɛtia Babilonia aba mu; ne basa bɛtia Babiloniafoɔ.
“Mo nyinaa mommɔ mu mmra mmetie: ahoni no mu nea ɔwɔ he na waka saa nsɛm yi dedaw? Awurade boafo a wapaw no bɛma nʼatirimpɔw a etia Babilonia aba mu; ne basa betia Babiloniafo.
15 Me, me na makasa; aane, mafrɛ no. Mede no bɛba, na ɔbɛwie nʼadwuma nkonimdie so.
Me, me na makasa. Yiw, mafrɛ no. Mede no bɛba, na obewie nʼadwuma nkonimdi so.
16 “Montwe mmɛn me na montie yei: “Ɛfiri nkaebɔ a ɛdi ɛkan no, menkasaa kɔkoam; ɛberɛ biara a ɛbɛsi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me.
“Montwiw mmɛn me na muntie eyi: “Efi nkaebɔ a edi kan no, menkasaa wɔ kokoa mu; bere biara a ebesi no, na mewɔ hɔ.” Na afei Asafo Awurade de ne Honhom asoma me.
17 Yei ne deɛ Awurade seɛ, mo gyefoɔ, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Onyankopɔn, deɛ ɔkyerɛ mo deɛ ɛyɛ ma mo, na ɔkyerɛ mo ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa soɔ.
Sɛɛ na Awurade se, mo gyefo, Israel Kronkronni no: “Mene Awurade mo Nyankopɔn, nea ɔkyerɛ mo nea eye ma mo, na ɔkyerɛ mo ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so.
18 Sɛ modii mʼahyɛdeɛ so a, anka mo asomdwoeɛ ayɛ sɛ asubɔnten, na mo tenenee ayɛ sɛ ɛpo asorɔkye.
Sɛ mudii mʼahyɛde so a, anka mo asomdwoe ayɛ sɛ asubɔnten, na mo trenee ayɛ sɛ po asorɔkye.
19 Anka mo asefoɔ ayɛ sɛ anwea, na mo mma ayɛ sɛ nʼaboseaa a wɔntumi nkane; wɔn din rempepa da. Wɔrensɛe mfiri mʼanim.”
Anka mo asefo ayɛ sɛ nwea, na mo mma ayɛ sɛ ne mmosea a wontumi nkan; wɔn din rempepa da wɔrensɛe mfi mʼanim.”
20 Momfiri Babilonia, monnwane mfiri Babiloniafoɔ nkyɛn! Momfa osebɔ nteam mmɔ nkaeɛ na mo mpae mu nka yei. Momfa nkɔ nsase ano; monka sɛ, “Awurade abɛgye ne ɔsomfoɔ Yakob.”
Mumfi Babilonia, munguan mfi Babiloniafo nkyɛn! Momfa osebɔ nteɛmu mmɔ nkae na mompae mu nka eyi. Momfa nkɔ nsase ano; monka se, “Awurade abegye ne somfo Yakob.”
21 Osukɔm anne wɔn ɛberɛ a ɔdii wɔn anim, wɔ anweatam ahodoɔ so no, ɔmaa nsuo firi ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsuo tue firii mu.
Osukɔm anne wɔn bere a odii wɔn anim, wɔ nweatam ahorow so no, ɔmaa nsu fii ɔbotan mu ba maa wɔn; ɔpaee ɔbotan no mu, maa nsu tue fii mu.
22 “Asomdwoeɛ nni hɔ mma amumuyɛfoɔ.” Sei na Awurade seɛ.
“Asomdwoe nni hɔ mma amumɔyɛfo.” Sɛɛ na Awurade se.

< Yesaia 48 >