< Yesaia 45 >

1 “Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ deɛ wasra no ngo, Kores a wasɔ ne nsa nifa mu sɛ ɔmmrɛ aman ase wɔ nʼanim na ɔnnye ahemfo akodeɛ mfiri wɔn nsam na ɔmmuebue apono a ɛwɔ nʼanim sɛdeɛ kuro apono no mu rentoto.
This is what the LORD says to Cyrus His anointed, whose right hand I have grasped to subdue nations before him, to disarm kings, to open the doors before him, so that the gates will not be shut:
2 Mɛdi wʼanim mɛyɛ mmepɔ no asase tamaa; mɛbubu kɔbere mfrafraeɛ apono agu na matwitwa dadeɛ adaban mu.
“I will go before you and level the mountains; I will break down the gates of bronze and cut through the bars of iron.
3 Mede esum mu ademudeɛ bɛma wo ahonyadeɛ a wɔde asie kɔkoam sɛdeɛ wobɛhunu sɛ, mene Awurade, Israel Onyankopɔn, a ɔbɔ wo din frɛ woɔ.
I will give you the treasures of darkness and the riches hidden in secret places, so that you may know that I am the LORD, the God of Israel, who calls you by name.
4 Me ɔsomfoɔ Yakob enti, Israel a mapa no enti, mebɔ wo din frɛ wo na mɛma wo animuonyamhyɛ abodin, ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ.
For the sake of Jacob My servant and Israel My chosen one, I call you by name; I have given you a title of honor, though you have not known Me.
5 Mene Awurade, obiara nni hɔ bio; Onyankopɔn biara nni hɔ ka me ho. Ɛwom sɛ wonnyee me ntoo mu deɛ, nanso mɛhyɛ wo den,
I am the LORD, and there is no other; there is no God but Me. I will equip you for battle, though you have not known Me,
6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛfiri deɛ owia pue kɔsi beaeɛ a ɛtɔ no nnipa bɛhunu sɛ obiara nka me ho. Mene Awurade, na obiara nni hɔ bio.
so that all may know, from where the sun rises to where it sets, that there is none but Me; I am the LORD, and there is no other.
7 Meyɛ hann, na mebɔ esum. Mede yiedie ba na mede ɔhaw ba; Me, Awurade, na meyɛ yeinom nyinaa.
I form the light and create the darkness; I bring prosperity and create calamity. I, the LORD, do all these things.
8 “Mo ɔsorosoro, monhwie tenenee ngu fam; momma ɛmfiri omununkum mu ntɔ momma asase mu mmue kɛseɛ, na nkwagyeɛ mpue mfiri mu, na tenenee ne no nnyini; Me, Awurade na mayɛ.
Drip down, O heavens, from above, and let the skies pour down righteousness. Let the earth open up that salvation may sprout and righteousness spring up with it; I, the LORD, have created it.
9 “Nnome nka deɛ ɔne ne Yɛfoɔ ham Ɛnka deɛ ɔmfra te sɛ kyɛmferɛ a ɛfra deɛ ɛgugu fam mu. Dɔteɛ bɛtumi abisa ɔnwomfoɔ sɛ, ‘ɛdeɛn na woreyɛ yi?’ Wo nsa ano adwuma bɛtumi abisa wo sɛ, ‘Wonni nsa’?
Woe to him who quarrels with his Maker— one clay pot among many. Does the clay ask the potter, ‘What are you making?’ Does your work say, ‘He has no hands’?
10 Nnome nka deɛ ɔse nʼagya sɛ ‘Adɛn enti na wowoo me?’ Anaa ɔbisa ne maame sɛ, ‘Adɛn enti na wokyem me woeɛ?’
Woe to him who says to his father, ‘What have you begotten?’ or to his mother, ‘What have you brought forth?’”
11 “Sei na Awurade seɛ, Israel Ɔkronkronni ne ne Yɛfoɔ; ɛfa nneɛma a ɛreba ho no. Wobisa me nsɛm a ɛfa me mma ho, anaa wohyɛ me wɔ me nsa ano adwuma ho?
Thus says the LORD, the Holy One of Israel, and its Maker: “How dare you question Me about My sons, or instruct Me in the work of My hands?
12 Ɛyɛ me na meyɛɛ asase na mebɔɔ adasamma guu so. Me ara me nsa na mede trɛɛ ɔsoro mu; nsoromma ahodoɔ nyinaa hyɛ mʼase.
It is I who made the earth and created man upon it. It was My hands that stretched out the heavens, and I ordained all their host.
13 Mɛma Kores so wɔ me tenenee mu; mɛtenetene nʼakwan nyinaa. Ɔbɛsane akyekyere me kuropɔn na wagyaa mʼatukɔfoɔ, nanso ɔrennye akatua anaa akyɛdeɛ, Asafo Awurade na ɔseɛ.”
I will raise up Cyrus in righteousness, and I will make all his ways straight. He will rebuild My city and set My exiles free, but not for payment or reward, says the LORD of Hosts.”
14 Sei na Awurade seɛ: “Nneɛma a ɛfiri Misraim ne adwadeɛ a ɛfiri Kus, ne Sebafoɔ atentene no, wɔbɛba wo nkyɛn abɛyɛ wo dea; wɔbɛdi wʼakyi brɛoo aba a wɔgu nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Wɔbɛbu nkotodwe wʼanim na wɔasrɛ wo aka sɛ, ‘Ampa ara, Onyankopɔn ka wo ho, na ɔbi nni hɔ; onyame biara nni hɔ.’”
This is what the LORD says: “The products of Egypt and the merchandise of Cush, along with the Sabeans, men of stature, will come over to you and will be yours; they will trudge behind you; they will come over in chains and bow down to you. They will confess to you: ‘God is indeed with you, and there is no other; there is no other God.’”
15 Ampa ara, woyɛ Onyankopɔn a ɔde ne ho sie, Ao Onyankopɔn ne Israel Agyenkwa.
Truly You are a God who hides Himself, O God of Israel, the Savior.
16 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa bɛfɛre na wɔn anim agu ase; wɔbɛbɔ mu akɔ animguaseɛ mu.
They will all be put to shame and humiliated; the makers of idols will depart together in disgrace.
17 Nanso, Awurade bɛgye Israel nkwa, ɔde daapem nkwagyeɛ; Wɔremma wʼani nwu na wʼanim renguase bio kɔsi daapem.
But Israel will be saved by the LORD with an everlasting salvation; you will not be put to shame or humiliated, to ages everlasting.
18 Na sei na Awurade seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsorosoro no ɔno ne Onyankopɔn; deɛ ɔmaa asase, na ɔbɔeɛ no, ɔno na ɔtoo ne fapem; wammɔ no sɛ ɛso nna hɔ kwa, mmom ɔyɛeɛ sɛ nnipa ntena so, ɔka sɛ: “Me ne Awurade, na obi nni hɔ.
For thus says the LORD, who created the heavens—He is God; He formed the earth and fashioned it; He established it; He did not create it to be empty, but formed it to be inhabited: “I am the LORD, and there is no other.
19 Menkasaa wɔ kɔkoam, mfiri asase so baabi a aduru sum; manka ankyerɛ Yakob asefoɔ sɛ, ‘Sɛ mohwehwɛ me a monnhunu me.’ Me Awurade, meka nokorɛ no; meka deɛ ɛyɛ.
I have not spoken in secret, from a place in a land of darkness. I did not say to the descendants of Jacob, ‘Seek Me in a wasteland.’ I, the LORD, speak the truth; I say what is right.
20 “Mommoaboa mo ho ano na mommra; monhyia mu, mo adwanefoɔ a mofiri amanaman so, mo a monnim de na moasoa nnua ahoni de kyinkyini, mo a mobɔ anyame a wɔntumi nnye nkwa no mpaeɛ.
Come, gather together, and draw near, you fugitives from the nations. Ignorant are those who carry idols of wood and pray to a god that cannot save.
21 Mompae mu nka deɛ ɛbɛsi. Momfa nto dwa na wɔn mmɔ mu ntu agyina. Hwan na ɔdii ɛkan kaa no teteete, hwan na ɔdaa no adi firi tete nteredee? Ɛnyɛ me Awurade anaa? Onyankopɔn bi nni hɔ ka me ho, tenenee Onyankopɔn ne Agyenkwa; obiara nni hɔ sɛ me.
Speak up and present your case— yes, let them take counsel together. Who foretold this long ago? Who announced it from ancient times? Was it not I, the LORD? There is no other God but Me, a righteous God and Savior; there is none but Me.
22 “Monnane mmra me nkyɛn na monnya nkwa, mo a mowɔ asase ano nyinaa; ɛfiri sɛ mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ.
Turn to Me and be saved, all the ends of the earth; for I am God, and there is no other.
23 Maka me ho ntam, mʼano aka wɔ nokorɛdie nyinaa mu, asɛm a wɔntwe nsane sɛ: obiara bɛbu nkotodwe wɔ mʼanim. Na obiara bɛpae mu aka sɛ, mene Onyankopɔn.
By Myself I have sworn; truth has gone out from My mouth, a word that will not be revoked: Every knee will bow before Me, every tongue will swear allegiance.
24 Wɔbɛka me ho asɛm sɛ, ‘Awurade nko ara mu na tenenee ne ahoɔden wɔ.’” Wɔn a wɔn bo huru tia no nyinaa bɛba ne nkyɛn na wɔn anim bɛgu ase.
Surely they will say of Me, ‘In the LORD alone are righteousness and strength.’” All who rage against Him will come to Him and be put to shame.
25 Nanso Awurade mu, wɔbɛbu Israel asefoɔ nyinaa bem, na wɔahoahoa wɔn ho.
In the LORD all descendants of Israel will be justified and will exult.

< Yesaia 45 >