< Yesaia 44 >

1 “Na, afei, Ao Yakob me ɔsomfoɔ, Israel, deɛ mapa no.
But now listen, O Jacob My servant, Israel, whom I have chosen.
2 Sei na Awurade seɛ, deɛ ɔnwonoo wo, na ɔyɛɛ wo wɔ awotwaa mu, ɔno na ɔbɛboa wo: Nsuro, Ao Yakob, me ɔsomfoɔ, Yeshurun, a mapa noɔ.
This is the word of the LORD, your Maker, who formed you from the womb and who will help you: “Do not be afraid, O Jacob My servant, Jeshurun, whom I have chosen.
3 Na mɛhwie nsuo agu asase a awo no so, ne asutene wɔ asase kesee so; mɛhwie me Honhom agu wo mma so, ne me nhyira agu wʼasefoɔ so.
For I will pour water on the thirsty land, and currents on the dry ground. I will pour out My Spirit on your descendants, and My blessing on your offspring.
4 Wɔbɛfifiri sɛdeɛ ɛserɛ fifiri wɔ mmoa adidibea, te sɛ mpampuro a ɛwɔ asutene ho.
They will sprout among the grass like willows by flowing streams.
5 Obi bɛka sɛ, ‘Meyɛ Awurade dea’; ɔfoforɔ bɛfrɛ ne ho sɛ Yakob; bio ɔfoforɔ bɛtwerɛ ne nsa ho sɛ, ‘Awurade dea,’ na wafa edin Israel.
One will say, ‘I belong to the LORD,’ another will call himself by the name of Jacob, and still another will write on his hand, ‘The LORD’s,’ and will take the name of Israel.”
6 “Sei na Awurade Israelhene ne Ɔgyefoɔ, Asafo Awurade seɛ: Mene Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ; Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ me.
Thus says the LORD, the King and Redeemer of Israel, the LORD of Hosts: “I am the first and I am the last, and there is no God but Me.
7 Hwan na ɔne me sɛ? Ma ɔmpae mu nka. Ma ɔnka na ɔnkyerɛ wɔ mʼanim deɛ asisi firi ɛberɛ a megyee me tete nkurɔfoɔ sii hɔ, ne deɛ ɛrebɛba, aane, ma ɔnhyɛ deɛ ɛreba ho nkɔm.
Who then is like Me? Let him say so! Let him declare his case before Me, since I established an ancient people. Let him foretell the things to come, and what is to take place.
8 Mommma mo ho mpopo, monnsuro. Mampae mu anka yei, manna no adi teteete anaa? Mone mʼadansefoɔ. Onyankopɔn foforɔ bi ka me ho anaa? Dabi, Ɔbotan foforɔ bi nni hɔ; mennim obiara.”
Do not tremble or fear. Have I not told you and declared it long ago? You are My witnesses! Is there any God but Me? There is no other Rock; I know not one.”
9 Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa nka hwee, na nneɛma a ɛsom wɔn bo no ho nni mfasoɔ. Wɔn a anka wɔkasa ma wɔn no ani afira; wɔnnim wɔn ankasa animguaseɛ ho hwee.
All makers of idols are nothing, and the things they treasure are worthless. Their witnesses fail to see or comprehend, so they are put to shame.
10 Hwan na ɔsene onyame na ɔgu ohoni, a ne ho mma no mfasoɔ biara?
Who fashions a god or casts an idol which profits him nothing?
11 Ɔno ne wɔn a wɔte sɛ no nyinaa anim bɛgu ase; adwumfoɔ nyɛ hwee sɛ nnipa. Momma wɔn nyinaa mmɔ mu nsɔre nnyina, ehu ne animguaseɛ na ɛbɛka wɔn.
Behold, all his companions will be put to shame, for the craftsmen themselves are only human. Let them all assemble and take their stand; they will all be brought to terror and shame.
12 Ɔtomfoɔ fa nʼatondadeɛ ɔde hyehyɛ egyasramma mu; ɔde asaeɛ bobɔ so yɛ no ohoni, ɔde nʼabasamu ahoɔden mmorosoɔ na ɛyɛ; ɛkɔm de no na ɔyɛ mmrɛ; ɔnnom nsuo enti ɔtɔ baha.
The blacksmith takes a tool and labors over the coals; he fashions an idol with hammers and forges it with his strong arms. Yet he grows hungry and loses his strength; he fails to drink water and grows faint.
13 Duadwumfoɔ de ahoma susu na ɔde twerɛdua sensane; na ɔde fitiɛ yiyi ho afei ɔde kɔmpase hyɛ no agyiraeɛ. Ɔsene na ɛyɛ sɛ onipa sɛso, ɛyɛ sɛ onipa wɔ nʼanimuonyam nyinaa mu, sɛ wɔde bɛsi abosonnan mu.
The woodworker extends a measuring line; he marks it out with a stylus; he shapes it with chisels and outlines it with a compass. He fashions it in the likeness of man, like man in all his glory, that it may dwell in a shrine.
14 Ɔtwitwaa ntweneduro, anaasɛ ebia ɔfaa kwabɔhɔrɔ anaa odum. Ɔmaa ɛnyiniiɛ wɔ kwaeɛ mu, anaa ɔduaa pepeaa, na osutɔ ma ɛnyiniiɛ.
He cuts down cedars or retrieves a cypress or oak. He lets it grow strong among the trees of the forest. He plants a laurel, and the rain makes it grow.
15 Ɛyɛ deɛ onipa de sɔ ogya; ɔde ebi ka ne ho hye, ɔde bi sɔ ogya to burodo. Nanso ɔde ebi sene onyame nso na ɔsɔre no; ɔyɛ ohoni na ɔkoto no.
It serves as fuel for man. He takes some of it to warm himself, and he kindles a fire and bakes his bread; he even fashions it into a god and worships it; he makes an idol and bows down to it.
16 Ɔde dua no mu fa sɔ ogya; ɛso na ɔnoa nʼaduane, ɔtoto ne nam wɔ so na wawe amee. Afei ɔka ne ho hye na ɔka sɛ, Aa! Mahunu ogya; me ho ayɛ me hye.
He burns half of it in the fire, and he roasts meat on that half. He eats the roast and is satisfied. Indeed, he warms himself and says, “Ah! I am warm; I see the fire.”
17 Nkaeɛ no ɔde yɛ onyame, ne honi; ɔkoto no na ɔsɔre no. Ɔbɔ no mpaeɛ sɛ, “Gye me; wone me nyame.”
From the rest he makes a god, his graven image. He bows down to it and worships; he prays to it and says, “Save me, for you are my god.”
18 Wonnim hwee, na wɔnte hwee ase; wɔasram wɔn ani so enti wɔnhunu adeɛ, wɔato wɔn adwene mu enti wɔnte hwee ase.
They do not comprehend or discern, for He has shut their eyes so they cannot see and closed their minds so they cannot understand.
19 Obiara nna nnwene ho, obiara nni nimdeɛ anaa nhunumu a ɔde bɛka sɛ, “Mede ɛfa sɔɔ ogya; na mpo metoo burodo wɔ ne gyaframa so; metotoo nam wɔ so weeɛ. Ɛsɛ sɛ mede nkaeɛ no yɛ akyiwadeɛ anaa? Ɛsɛ sɛ mekoto gyentia anaa?”
And no one considers in his heart, no one has the knowledge or insight to say, “I burned half of it in the fire, and I baked bread on its coals; I roasted meat and I ate. Shall I make something detestable with the rest of it? Shall I bow down to a block of wood?”
20 Nsõ na ɔdie, nnaadaa akoma ma no yera kwan; ɔrentumi nye ne ho, anaa ɔrentumi nka sɛ, “Deɛ mekura wɔ me nsa nifa yi nnyɛ atorɔ anaa?”
He feeds on ashes. His deluded heart has led him astray, and he cannot deliver himself or say, “Is not this thing in my right hand a lie?”
21 “Kae saa nneɛma yi, Ao, Yakob, ɛfiri sɛ, woyɛ me ɔsomfoɔ, Ao Israel. Me na meyɛɛ wo, woyɛ me ɔsomfoɔ; Ao Israel, me werɛ remfiri wo.
Remember these things, O Jacob, for you are My servant, O Israel. I have made you, and you are My servant; O Israel, I will never forget you.
22 Mapra wo mfomsoɔ agu te sɛ ɛbɔ ne wo bɔne te sɛ anɔpa bosuo. Sane bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ magye wo.”
I have blotted out your transgressions like a cloud, and your sins like a mist. Return to Me, for I have redeemed you.
23 Momfa ahosɛpɛ nto dwom, Ao ɔsorosoro, na Awurade na wayɛ yei. Mommɔ ose, Ao, asase ase. Momma nnwontoɔ so, mo mmepɔ, mo kwaeɛ ne emu nnua nyinaa, na Awurade agye Yakob, wada nʼanimuonyam adi wɔ Israel.
Sing for joy, O heavens, for the LORD has done this; shout aloud, O depths of the earth. Break forth in song, O mountains, you forests and all your trees. For the LORD has redeemed Jacob, and revealed His glory in Israel.
24 “Sei na Awurade seɛ, wo Gyefoɔ a ɔnwonoo wo wɔ awotwaa mu no: “Mene Awurade, deɛ wayɛ nneɛma nyinaa, deɛ ɔno nko ara trɛɛ ɔsoro mu deɛ ɔno nko ara twee asase mu,
Thus says the LORD, your Redeemer who formed you from the womb: “I am the LORD, who has made all things, who alone stretched out the heavens, who by Myself spread out the earth,
25 deɛ ɔsɛe atorɔ adiyifoɔ nsɛnkyerɛnneɛ na ɔma nkɔmhyɛfoɔ yɛ nkwaseafoɔ; deɛ ɔtutu anyansafoɔ adenim guo na ɔdane no nkwaseasɛm,
who foils the signs of false prophets and makes fools of diviners, who confounds the wise and turns their knowledge into nonsense,
26 deɛ ɔma nʼasomfoɔ nsɛm ba mu deɛ ɔhyɛ nʼasomafoɔ nkɔmhyɛ no mu ma, “deɛ ɔka fa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛtena ne mu,’ ne Yuda nkuro ho sɛ, ‘Wɔbɛkyekyere,’ ne mmubuiɛ ho sɛ, ‘Mɛyɛ no foforɔ,’
who confirms the message of His servant and fulfills the counsel of His messengers, who says of Jerusalem, ‘She will be inhabited,’ and of the cities of Judah, ‘They will be rebuilt, and I will restore their ruins,’
27 deɛ ɔka kyerɛ nsubunu sɛ, ‘We, na mɛma wo asutene awewe,’
who says to the depths of the sea, ‘Be dry, and I will dry up your currents,’
28 deɛ ɔka wɔ Kores ho sɛ, ‘Ɔyɛ me dwanhwɛfoɔ na ɔbɛwie deɛ mepɛ nyinaa yɛ; ɔbɛka afa Yerusalem ho sɛ, “Ma wɔnkyekyere bio,” na waka afa asɔredan no ho sɛ, “Ma wɔnto ne fapem.”’”
who says of Cyrus, ‘My shepherd will fulfill all that I desire,’ who says of Jerusalem, ‘She will be rebuilt,’ and of the temple, ‘Let its foundation be laid.’”

< Yesaia 44 >