< Yesaia 42 >

1 “Me ɔsomfoɔ a mahyɛ no den nie, deɛ mayi noɔ na ɔsɔ mʼani; mede me Honhom bɛgu no so na ɔde atɛntenenee bɛbrɛ aman no.
Voici mon serviteur, que je soutiens, mon élu, en qui mon âme se complaît; j’ai mis mon esprit sur lui; il répandra la justice parmi les nations.
2 Ɔrenteam anaa ɔremma ne nne so. Ɔremma ne nne so wɔ mmɔntene so.
Il ne criera point, il ne parlera pas haut, il ne fera pas entendre sa voix dans les rues.
3 Demmire a ayɛ mmerɛ no, ɔremmu mu. Kanea ntoma a ɛnnɛre yie no, ɔrennum. Nokorɛ mu na ɔbɛda tenenee adi;
Il ne brisera pas le roseau froissé, et n’éteindra pas la mèche prête à mourir. Il annoncera la justice en vérité;
4 ɔrenhinhim na nʼabamu remmu kɔsi sɛ ɔde tenenee bɛba asase so. Ne mmara so na amanaman no de wɔn ani bɛtoɔ.”
il ne faiblira point et ne se laissera point abattre, jusqu’à ce qu’il ait établi la justice sur la terre, et les îles seront dans l’attente de sa loi.
5 Yei ne deɛ Onyankopɔn, Awurade no seɛ, deɛ ɔbɔɔ ɔsoro na ɔtrɛɛ mu, deɛ ɔtwee asase mu ne deɛ ɛfiri mu nyinaa, deɛ ɔma wɔn a wɔte so ahome, na ɔma wɔn a wɔnante soɔ no nkwa:
Ainsi parle le Dieu Yahweh, qui a créé les cieux et les a déployés, qui a étendu la terre et ses productions, qui donne la respiration au peuple qui l’habite; et le souffle à ceux qui la parcourent:
6 “Me, Awurade, mafrɛ wo tenenee mu; mɛsɔ wo nsa. Mɛhwɛ wo so na mede wo ayɛ apam ama nkurɔfoɔ no ne kanea ama amanamanmufoɔ,
Moi, Yahweh, je t’ai appelé dans la justice, et je t’ai pris par la main; je te garde et je fais de toi l’alliance du peuple, la lumière des nations;
7 na woabue ani a afira, na woayi nneduafoɔ afiri afiase na woagye wɔn a wɔda afiase amena mu, wɔn a wɔte esum kabii mu no.
Pour ouvrir les yeux des aveugles; pour faire sortir de prison les captifs, du cachot ceux qui sont assis dans les ténèbres.
8 “Mene Awurade; me din ne no! Meremfa mʼanimuonyam mma obi anaa mʼayɛyie mma ahoni.
Je suis Yahweh; c’est là mon nom, et je ne donnerai pas ma gloire à un autre, ni mon honneur aux idoles,
9 Hwɛ, nneɛma dada no atwam, na nneɛma foforɔ no mepae mu ka; ansa na ɛbɛba mu no meka kyerɛ mo.”
Voici que les premières choses sont arrivées, et j’en annonce de nouvelles; avant qu’elles éclosent, je vous les fais entendre.
10 Monto dwom foforɔ mma Awurade! Nʼayɛyie mfiri asase ano, mo a mokɔ ɛpo so ne deɛ ɛwo mu nyinaa, mo nsupɔ ne wɔn a wɔtete so nyinaa.
Chantez à Yahweh un cantique nouveau; Chantez sa louange aux extrémités de la terre, vous qui naviguez sur la mer et qui la peuplez, vous, îles, et vos habitants!
11 Ma anweatam ne ɛso nkuro mma wɔn nne so; ma atenaeɛ a Kedar te soɔ no nsɛpɛ wɔn ho. Ma nnipa a wɔwɔ Sela nto anigye dwom; ma wɔn nteam mfiri mmepɔ no atifi!
Que le désert et ses villes élèvent la voix, les campements habités par Cédar! Que les habitants de Séla tressaillent d’allégresse; que du sommet des montagnes, ils poussent des cris de joie!
12 Ma wɔnhyɛ Awurade animuonyam; na wɔmpae mu nka nʼayɛyie no wɔ nsupɔ no so.
Qu’ils rendent gloire à Yahweh, qu’ils publient sa louange dans les îles!
13 Awurade bɛpue aba sɛ ɔkatakyie, te sɛ ɔkofoni no, ɔbɛhyɛ ne mmɔdemmɔ mu den; ɔde nteam bɛyɛ ɔkofrɛ na ɔbɛdi nʼatamfoɔ so nkonim.
Car Yahweh sort comme un héros; comme un guerrier, il réveille son ardeur; il pousse le cri de guerre, un cri éclatant; il déploie sa force contre ses ennemis.
14 “Mayɛ komm akyɛre, mayɛ dinn na mahyɛ me ho so. Nanso, afei, te sɛ ɔbaa a ɔrewoɔ no, meteam, mehome a ɛnsi so na mehome ɔherɛ so.
Longtemps je me suis tu, j’ai gardé le silence, je me suis contenu; comme la femme qui enfante, je gémis, je soupire et je suis haletant.
15 Mɛsɛe mmepɔ ne nkokoɔ no na mahye ɛso afifideɛ nyinaa. Mɛdane nsubɔntene ma ayɛ nsupɔ, na mama atadeɛ awewe.
Je désolerai les montagnes et les collines, et je dessécherai toute leur verdure; je changerai les fleuves en îles, et je mettrai les lacs à sec.
16 Mɛdi anifirafoɔ anim afa ɛkwan a wɔnnim so, akwan a wɔnnim so papa so na mɛkyerɛ wɔn kwan. Mɛma esum no ayɛ hann wɔ wɔn anim, na mayɛ mmea a ɛyɛ mmomkyi mmɔnka no tromtrom. Yeinom ne nneɛma a mɛyɛ; merennya wɔn mu.
Je conduirai les aveugles par un chemin qu’ils ne connaissent pas, je les mènerai par des sentiers qu’ils ignorent; je changerai devant eux les ténèbres en lumière, et les lieux montueux en plaine. Ces paroles, je les accomplirai; et je n’y manquerai point.
17 Na wɔn a wɔde wɔn ho to ahoni so, na wɔka kyerɛ nsɛsodeɛ sɛ, ‘Moyɛ yɛn anyame’ no, mɛpam wɔn animguaseɛ mu.”
Ils reculeront, ils seront couverts de honte, ceux qui se confient dans les idoles, qui disent aux images fondues: « Vous êtes nos dieux! »
18 “Tie, wo ɔsotifoɔ; hwɛ, wo onifirani na hunu!
Sourds, entendez; aveugles, ouvrez les yeux pour voir!
19 Hwan ne ɔnifirafoɔ sɛ me ɔsomfoɔ, na ɔyɛ ɔsotifoɔ sɛ ɔbɔfoɔ a mesoma noɔ? Hwan na nʼani afira sɛ deɛ ɔde ne werɛ ahyɛ me mu? Anaa hwan na nʼani afira sɛ Awurade ɔsomfoɔ?
Qui est aveugle, sinon mon serviteur, et sourd comme mon messager que j’envoie? Qui est aveugle comme celui dont j’avais fait mon ami, aveugle comme le serviteur de Yahweh?
20 Woahunu nneɛma bebree, nanso amfa wo ho; Wʼasom da ɛkwan, nanso wonte hwee.”
Tu as vu beaucoup de choses, et tu n’as rien retenu; il a eu ses oreilles ouvertes, et il n’a rien entendu.
21 Ɛsɔɔ Awurade ani ne tenenee enti sɛ ɔbɛma ne mmara ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.
Yahweh a daigné, à cause de sa justice, donner une loi grande et magnifique.
22 Nanso saa nnipa a wɔawia wɔn na wɔafo wɔn yi, wɔn nyinaa aka amena mu anaa wɔde wɔn asie wɔ nneduadan mu. Wɔayɛ wɔn afodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛgye wɔn; wɔayɛ wɔn korɔnodeɛ na wɔnni obi a ɔbɛka sɛ, “Momfa wɔn nsane nkɔ.”
Et voilà ce peuple pillé et dépouillé! On les a tous enchaînés dans des cavernes, ils ont été enfermés dans des cachots; ils sont au pillage, et personne qui les délivre; dépouillés, et personne qui dise: « Restitue! »
23 Mo mu hwan na ɔbɛtie yei anaa ɔbɛdwene ho yie akyire yi?
Qui de vous prêtera l’oreille à ces choses, y prendra garde et écoutera désormais?
24 Hwan na ɔde Yakob maa sɛ ɔmmɛyɛ korɔnodeɛ, na ɔde Israel maa afomfoɔ? Ɛnyɛ Awurade a yɛayɛ bɔne atia no no? Ɛfiri sɛ wɔannante nʼakwan so; na wɔanni ne mmara so.
Qui a livré Jacob au pillage, et Israël aux spoliateurs? N’est-ce pas Yahweh, lui contre qui nous avons péché, lui dont ils n’ont pas voulu suivre les voies, et dont ils n’ont pas écouté la loi?
25 Enti ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so, akodie mu basabasayɛ. Ɛde egyadɛreɛ bunkam wɔn so, nanso wɔante aseɛ. Ɛhyee wɔn, nanso amfa wɔn ho.
Il a versé sur eux le feu de son courroux, et les fureurs de la guerre; elle s’est allumée tout autour de lui, et il n’a pas compris; elle l’a consumé, et il n’y a point pris garde!

< Yesaia 42 >