< Yesaia 40 >
1 Monkyekyere, monkyekyere me nkurɔfoɔ werɛ. Saa na mo Onyankopɔn seɛ.
“Comfort, comfort My people,” says your God.
2 Monka asomdwoesɛm nkyerɛ Yerusalem, na mompae mu nka nkyerɛ no sɛ ne som denden no aba awieeɛ, wɔatua ne bɔne no so ka, na wɔanya ne bɔne nyinaa so akatua mmɔho afiri Awurade nsam.
Speak to the heart of Jerusalem, and call to her, That her warfare has been completed, That her punishment has been accepted, That she has received from the hand of YHWH Double for all her sins.
3 Ɛnne bi reteam sɛ, “Monsiesie ɛkwan mma Awurade wɔ anweatam no so. Montene kwantempɔn wɔ ɛserɛ no so mma yɛn Onyankopɔn.
A voice is crying in a wilderness: “Prepare the way of YHWH, Make straight in a desert a highway for our God.
4 Bɔnhwa biara bɛyɛ ma, bepɔ ne nkokoɔ nyinaa bɛkɔ fam, asase a ɛyɛ monkyi mmɔnka no bɛyɛ tamaa, na mmeaɛ a ɛyɛ kɔntɔnkye no ayɛ tata.
Every valley is raised up, And every mountain and hill become low, And the crooked place has become a plain, And the entangled places a valley.
5 Na Awurade animuonyam bɛda adi, na nnipa nyinaa bɛhunu. Ɛfiri sɛ Awurade na aka!”
And the glory of YHWH has been revealed, And all flesh have seen [it] together, For the mouth of YHWH has spoken.”
6 Nne bi kaa sɛ, “Team.” Na mekaa sɛ, “Menteɛm nka sɛn?” “Bɔ dawuro sɛ nnipa nyinaa te sɛ ɛserɛ, na wɔn animuonyam nyinaa te sɛ afuo so nhwiren.
A voice is saying, “Call,” And he said, “What do I call?” All flesh [is] grass, and all its goodness [Is] as a flower of the field:
7 Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam ɛfiri sɛ Awurade ahomeguo fa wɔn so. Nokorɛm nnipa no yɛ ɛserɛ.
Grass has withered, the flower faded, For the Spirit of YHWH blew on it, Surely the people [is] grass;
8 Ɛserɛ hye, na nhwiren twintwam, nanso yɛn Onyankopɔn asɛm no tim hɔ daa.”
Grass has withered, the flower faded, But a word of our God rises forever.
9 Wo a wode asɛm pa reba Sion, foro kɔ bepɔ tenten bi so. Wo a wode asɛm pa reba Yerusalem, ma wo nne so na team, ma so, nsuro; ka kyerɛ Yuda nkuro sɛ, “Mo Onyankopɔn nie!”
Get up on a high mountain, O Zion, Proclaiming tidings, Lift up your voice with power, O Jerusalem, proclaiming tidings, Lift up, do not fear, say to cities of Judah, “Behold, your God.”
10 Hwɛ, Asafo Awurade de tumi reba, na nʼabasa bɛdi ɔhene ama no. Hwɛ, nʼakatua ka ne ho, na ɔde nʼabasobɔdeɛ nam.
Behold, Lord YHWH comes with strength, And His arm is ruling for Him, Behold, His hire [is] with Him, and His wage before Him.
11 Ɔhwɛ ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ. Ɔboa nnwammaa no wɔ nʼabasa so. Ɔturu wɔn ne koko so; na nnwan a wɔwɔ mma no, ɔka wɔn brɛoo.
He feeds His flock as a shepherd, He gathers lambs with His arm, And He carries [them] in His bosom: He leads suckling ones.
12 Hwan na wasusu nsuo wɔ ne nsam anaa ɔde ne nsateaa asusu ɔsoro? Hwan na ɔde asase so mfuturo agu kɛntɛn mu, anaa wakari mmepɔ wɔ nsania so ne nkokoɔ wɔ nsania apampaa so?
Who has measured the waters in the hollow of His hand, And has meted out the heavens by a span, And comprehended the dust of the earth in a measure, And has weighed the mountains in scales, And the hills in a balance?
13 Hwan na wate Awurade ase, anaa wakyerɛkyerɛ no sɛ ne fotufoɔ?
Who has meted out the Spirit of YHWH, And [being] His counselor, teaches Him?
14 Hwan na Awurade abisa no sɛ ɔnkyerɛ no biribi ase, na hwan na ɔkyerɛɛ no ɛkwan pa no? Hwan na ɔmaa no nimdeɛ anaa ɔkyerɛɛ no nhunumu kwan?
With whom [did] He consult, That he causes Him to understand? And teaches Him in the path of judgment, And teaches Him knowledge? And causes Him to know the way of understanding?
15 Ampa ara aman no te sɛ nsuo sope wɔ bokiti mu; wɔde wɔn toto mfuturo a ɛgu nsania so; ɔkari nsupɔ te sɛ deɛ ɛyɛ mfuturo muhumuhu.
Behold, nations [are] as a drop from a bucket, And have been reckoned as small dust of the balance, Behold, He takes up islands as a small thing.
16 Lebanon nnɔɔso mma afɔrebukyia so ogya, na ne mmoa renso mma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ.
And Lebanon is not sufficient to burn, Nor its beasts sufficient for a burnt-offering.
17 Aman nyinaa nsɛ hwee wɔ nʼanim; ɔbu wɔn adehunu bi a wɔnka hwee.
All the nations [are] as nothing before Him, Less than nothing and emptiness, They have been reckoned to Him.
18 Afei hwan ho na wode Onyankopɔn bɛtoto? Nsɛsodeɛ bɛn ho na wode no bɛtoɔ?
And to whom do you liken God, And what likeness do you compare to Him?
19 Ohoni deɛ, odwumfoɔ na ɔyɛ, na sikadwumfoɔ de sikakɔkɔɔ agu ho na wasiesie dwetɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn ama no.
An artisan has poured out the carved image, And a refiner spreads it over with gold, And he is refining chains of silver.
20 Ohiani a ɔrentumi mfa saa ayɛyɛdeɛ yi mma no kɔpɛ dua a ɛremporɔ. Ɔhwehwɛ odwumfoɔ nyansafoɔ na wayɛ ohoni a ɛremmuni nhwe fam asi hɔ.
He who is poor [by] raised-offerings, Chooses a tree [that is] not rotten, He seeks a skillful artisan for it, To establish a carved image—not moved.
21 Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Wɔnnka nkyerɛɛ wo firi ahyɛaseɛ no anaa? Ɛfiri ɛberɛ a wɔbɔɔ asase no, wontee aseɛ anaa?
Do you not know—do you not hear? Has it not been declared from the first to you? Have you not understood [From] the foundations of the earth?
22 Ɔte ahennwa so wɔ asase kanko no atifi. Ɛso nnipa te sɛ ntutummɛ ɔtwe ɔsoro mu te sɛ ntwamutam, na ɔde yɛ ntomadan tena mu.
He who is sitting on the circle of the earth, And its inhabitants [are] as grasshoppers, He who is stretching out the heavens as a thin thing, And spreads them as a tent to dwell in.
23 Ɔma ahenemma yɛ nnipa hunu na ewiase yi sodifoɔ nso, ɔbrɛ wɔn ase.
He who is making princes become nothing, Has made judges of earth formless;
24 Wɔtɛɛ wɔn ara pɛ, wɔduaa wɔn ara pɛ, wɔgyee nhini wɔ asase mu pɛ ɔhome gu wɔn so ma wɔkusa, na ntwahoframa bɔ wɔn kɔ te sɛ ntɛtɛ.
Indeed, they have not been planted, Indeed, they have not been sown, Indeed, their stock is not taking root in the earth, And He has also blown on them, and they wither, And a whirlwind takes them away as stubble.
25 “Hwan ho na wode me bɛto? Anaasɛ hwan na ɔne me sɛ?” Ɔkronkronni no na ɔseɛ.
And to whom do you liken Me, And [to whom] I equal? Says the Holy One.
26 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro: Hwan na ɔbɔɔ yeinom nyinaa? Deɛ ɔyiyi ɔsoro nsoromma mmaako mmaako, na ɔbɔ obiara din de frɛ no. Nʼahoɔden ne ne tumi enti wɔn mu baako mpo nnyeraeɛ.
Lift up your eyes on high, And see—who has created these? He who is bringing out their host by number, He calls to all of them by name, By the abundance of His strength And mighty power, Not one is lacking.
27 Adɛn na woka sɛ, Ao Yakob, na wonwiinwii, Ao Israel sɛ, “Mʼakwan ahinta Awurade; na me Onyankopɔn abɔ mʼasɛm agu”?
Why say, O Jacob, and speak, O Israel, “My way has been hid from YHWH, And from my God my judgment passes over?”
28 Wonnim anaa? Wonteeɛ anaa? Awurade yɛ daapem Onyankopɔn, na ɔyɛ asase nyinaa yɛfoɔ. Ɔremmrɛ na ɔrentɔ bera, na ne nhunumu nni nhwehwɛmu.
Have you not known? Have you not heard? The God of the age—YHWH, Preparer of the ends of the earth, Is not wearied nor fatigued, There is no searching of His understanding.
29 Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.
He is giving power to the weary, And to those not strong He increases might.
30 Mpo, mmabunu brɛ, na wɔtɔ bera, na mmeranteɛ suntisunti hwehwe ase;
Even youths are wearied and fatigued, And young men utterly stumble,
31 Nanso, wɔn a wɔn ani da Awurade so bɛnya ahoɔden foforɔ. Wɔde ntaban te sɛ akɔdeɛ deɛ bɛtu akɔ ewiem; wɔbɛtu mmirika, na wɔremmrɛ. Wɔbɛnante, na wɔrentɔ baha.
But those expecting YHWH pass [to] power, They raise up the pinion as eagles, They run and are not fatigued, They go on and do not faint!