< Yesaia 38 >

1 Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.”
那時希西家病得要死,亞摩斯的兒子先知以賽亞去見他,對他說:「耶和華如此說:你當留遺命與你的家,因為你必死不能活了。」
2 Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ,
希西家就轉臉朝牆,禱告耶和華說:
3 “Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.
「耶和華啊,求你記念我在你面前怎樣存完全的心,按誠實行事,又做你眼中所看為善的。」希西家就痛哭了。
4 Na saa asɛm yi firi Awurade nkyɛn kɔɔ Yesaia hɔ sɛ,
耶和華的話臨到以賽亞說:
5 “Sane kɔ Hesekia nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade, wʼagya Dawid Onyankopɔn ka: Mate wo mpaeɛbɔ no, na mahunu wo nisuo. Mede mfeɛ dunum bɛka wo nkwa nna ho.
「你去告訴希西家說,耶和華-你祖大衛的上帝如此說:我聽見了你的禱告,看見了你的眼淚。我必加增你十五年的壽數;
6 Na mɛgye wo ne kuropɔn yi afiri Asiriahene nsam. Mɛbɔ kuropɔn yi ho ban.
並且我要救你和這城脫離亞述王的手,也要保護這城。
7 “‘Na yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ de adi ho adanseɛ sɛ, ɔbɛdi ne bɔhyɛ so:
「我-耶和華必成就我所說的。我先給你一個兆頭,
8 Mɛma owia ano sunsum atwe akɔ nʼakyi anammɔn edu wɔ Ahas atwedeɛ so.’” Ɛno enti, owia hyerɛn no kɔɔ nʼakyi anammɔn edu.
就是叫亞哈斯的日晷,向前進的日影往後退十度。」於是,前進的日影果然在日晷上往後退了十度。
9 Deɛ Yudahene Hesekia twerɛeɛ ne yadeɛ ne nʼayaresa akyi nie:
猶大王希西家患病已經痊癒,就作詩說:
10 Mekaa sɛ, “Mʼasetena mu nnapa yi mu ɛsɛ sɛ mefa owuo apono mu na wɔgye me mfeɛ a aka yi anaa?” (Sheol h7585)
我說:正在我中年之日 必進入陰間的門; 我餘剩的年歲不得享受。 (Sheol h7585)
11 Mekaa sɛ, “Merenhunu Awurade Onyankopɔn bio Awurade a ɔwɔ ateasefoɔ asase so. Merenhunu adasamma bio, anaa merenka wɔn a wɔte ewiase yi ho bio.
我說:我必不得見耶和華, 就是在活人之地不見耶和華; 我與世上的居民不再見面。
12 Wɔadwiri me fie agu agye afiri me nsam, te sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan. Matwa me nkwa so sɛdeɛ ɔnwomfoɔ, twa me firi asadua so; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.
我的住處被遷去離開我, 好像牧人的帳棚一樣; 我將性命捲起, 像織布的捲布一樣。 耶和華必將我從機頭剪斷, 從早到晚,他要使我完結。
13 Mede ntoboaseɛ twɛneeɛ kɔsii ahemadakye, nanso wɔbobɔɔ me nnompe mu te sɛ gyata; awia ne anadwo wotwaa me nkwa so.
我使自己安靜直到天亮; 他像獅子折斷我一切的骨頭, 從早到晚,他要使我完結。
14 Mesuiɛ sɛ asomfena anaa asukɔnkɔn; metwaa adwo sɛ aborɔnoma a ɔredi awerɛhoɔ. Mʼani yɛɛ siamoo ɛberɛ a mehwɛɛ soro. Mewɔ ɔhaw mu, Awurade, bra bɛboa me!”
我像燕子呢喃, 像白鶴鳴叫, 又像鴿子哀鳴; 我因仰觀,眼睛困倦。 耶和華啊,我受欺壓, 求你為我作保。
15 Na ɛdeɛn na mɛtumi aka? Wakasa akyerɛ me, na ɔno ankasa na wayɛ yei. Mede ahobrɛaseɛ bɛnante mʼasetena nyinaa mu me kra ahoyera yi enti.
我可說甚麼呢? 他應許我的,也給我成就了。 我因心裏的苦楚, 在一生的年日必悄悄而行。
16 Awurade, ɛnam saa nneɛma yi so na nnipa nya nkwa na me honhom nso anya nkwa wɔ mu. Wode mʼapɔmuden asane ama me. Wonam so ama manya nkwa.
主啊,人得存活乃在乎此。 我靈存活也全在此。 所以求你使我痊癒,仍然存活。
17 Aane, ɛyɛ me yieyɛ enti na mekɔɔ saa ahoyera yi mu. Wo dɔ enti, wode me sieeɛ na mankɔ ɔsɛe amena mu; na wode me bɔne nyinaa akyɛ me.
看哪,我受大苦,本為使我得平安; 你因愛我的靈魂便救我脫離敗壞的坑, 因為你將我一切的罪扔在你的背後。
18 Damena rentumi nkamfo wo; owuo rentumi nto wo ayɛyi nnwom; wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no rentumi nya anidasoɔ wɔ wo nokorɛ mu bio. (Sheol h7585)
原來,陰間不能稱謝你, 死亡不能頌揚你; 下坑的人不能盼望你的誠實。 (Sheol h7585)
19 Ateasefoɔ nko na wɔbɛtumi akamfo wo, sɛdeɛ mereyɛ ɛnnɛ yi; agyanom ka wo nokorɛdie ho asɛm kyerɛ wɔn mma.
只有活人,活人必稱謝你, 像我今日稱謝你一樣。 為父的,必使兒女知道你的誠實。
20 Awurade bɛgye me nkwa, na yɛde ahoma nnwontodeɛ bɛto nnwom yɛn nkwa nna nyinaa wɔ Awurade efie.
耶和華肯救我, 所以,我們要一生一世 在耶和華殿中 用絲弦的樂器唱我的詩歌。
21 Na Yesaia kaa sɛ, “Momfa borɔdɔma nyɛ nku mfa nsra pɔmpɔ no so, na ne ho bɛyɛ no den.”
以賽亞說:「當取一塊無花果餅來,貼在瘡上,王必痊癒。」
22 Na Hesekia bisaa sɛ, “Ɛdeɛn nsɛnkyerɛnneɛ na ɛbɛda no adi sɛ mɛkɔ Awurade asɔredan mu?”
希西家問說:「我能上耶和華的殿,有甚麼兆頭呢?」

< Yesaia 38 >