< Yesaia 37 >

1 Ɛberɛ a ɔhene Hesekia tee yeinom no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, ɛnna ɔfiraa ayitoma, na ɔkɔɔ Awurade asɔredan mu.
It happened, when king Hezekiah heard it, that he tore his clothes, covered himself with sackcloth, and went into the LORD's house.
2 Na ɔsomaa ahemfie sohwɛfoɔ Eliakim, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ mpanin a wɔn nyinaa hyehyɛ ayitadeɛ kɔɔ Amos babarima odiyifoɔ Yesaia nkyɛn.
He sent Eliakim, who was over the household, and Shebna the scribe, and the elders of the cohanim, covered with sackcloth, to Isaiah the prophet, the son of Amoz.
3 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛdeɛ ɔhene Hesekia ka nie: Saa ɛda yi yɛ ɔhaw, animka ne animguaseɛ da. Ayɛ te sɛ deɛ mmɔfra awoɔ duru so na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ.
They said to him, "Thus says Hezekiah, 'This day is a day of trouble, and of rebuke, and of rejection; for the children have come to the birth, and there is no strength to bring forth.
4 Nanso, ebia Awurade, mo Onyankopɔn ate sɛ Asiria ɔnanmusini no regu Onyankopɔn teasefoɔ no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti mommɔ mpaeɛ mma nkaeɛfoɔ a wɔte nkwa mu no.”
It may be the LORD your God will hear the words of Rabshakeh, whom the king of Assyria his master has sent to defy the living God, and will rebuke the words which the LORD your God has heard. Therefore lift up your prayer for the remnant that is left.'"
5 Ɛberɛ a ɔhene Hesekia mpanimfoɔ no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia no,
So the servants of king Hezekiah came to Isaiah.
6 Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ka kyerɛ wo wura sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Mma abususɛm a Asiriahene asomafoɔ no ka tiaa me no nha wo.
Isaiah said to them, "Tell your master, 'Thus says the LORD, "Do not be afraid of the words that you have heard, with which the servants of the king of Assyria have blasphemed me.
7 Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’”
Look, I will put a spirit in him and he will hear news, and will return to his own land. I will cause him to fall by the sword in his own land."'"
8 Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko.
So Rabshakeh returned, and found the king of Assyria warring against Libnah, for he had heard that he was departed from Lachish.
9 Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Tirhaka Etiopiani a ɔyɛ Misraimhene di akodɔm anim rebɛko atia no. Ɛberɛ a ɔteeɛ no, ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn de nkra kɔmaa no sɛ:
He heard news concerning Tirhakah king of Ethiopia, "He has come out to fight against you." When he heard it, he returned and sent messengers to Hezekiah, saying,
10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’
"Thus you shall speak to Hezekiah king of Judah, saying, 'Do not let your God in whom you trust deceive you, saying, "Jerusalem won't be given into the hand of the king of Assyria."
11 Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa?
Look, you have heard what the kings of Assyria have done to all lands, by destroying them utterly. Shall you be delivered?
12 Anyame a wɔwɔ aman a me nananom sɛee wɔn no, aman te sɛ Gosan, Haran, Resef ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn anaa?
Have the gods of the nations delivered them, which my fathers have destroyed, Gozan, Haran, Rezeph, and the people of Eden who were in Telassar?
13 Ɛhe na Hamathene ne Arpadhene, kuropɔn Sefarwaim anaa Hena anaa Iwa ahemfo no wɔ?”
Where is the king of Hamath, and the king of Arpad, and the king of the city of Sepharvaim, of Hena, and Ivvah?'"
14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfoɔ no de baeɛ no, ɔkenkaneeɛ. Afei ɔforo kɔɔ Awurade asɔredan no mu kɔtrɛɛ mu wɔ Awurade anim.
Hezekiah received the letter from the hand of the messengers and read it. Then Hezekiah went up to the LORD's house, and spread it before the LORD.
15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ:
Hezekiah prayed to the LORD, saying,
16 “Ao, Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn a wodi ɔhene firi Kerubim ntam, wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahennie nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase.
"LORD of hosts, the God of Israel, who is enthroned among the cherubim, you are the God, even you alone, of all the kingdoms of the earth. You have made heaven and earth.
17 Brɛ wʼaso ase, Ao Awurade, na tie! Bue wʼani, Ao Awurade, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no.
Turn your ear, LORD, and hear. Open your eyes, LORD, and look. Hear all of the words of Sennacherib, who has sent to defy the living God.
18 “Ɛyɛ nokorɛ, Awurade, sɛ, Asiria ahemfo asɛe saa aman yi ne wɔn nsase.
Truly, LORD, the kings of Assyria have destroyed all the countries and their land,
19 Na wɔato anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu ogya mu, ahye wɔn, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame na mmom wɔyɛ nnua ne aboɔ a nnipa de wɔn nsa ayɛ.
and have cast their gods into the fire; for they were no gods, but the work of men's hands, wood and stone; therefore they have destroyed them.
20 Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne nsam, na ama ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ, wo nko ara, Ao, Awurade, ne Onyankopɔn.”
Now therefore, LORD our God, save us from his hand, that all the kingdoms of the earth may know that you are the LORD, even you only."
21 Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Esiane sɛ woabɔ me mpaeɛ afa Asiriahene Sanaherib ho no,
Then Isaiah the son of Amoz sent to Hezekiah, saying, "Thus says the LORD, the God of Israel, 'Because you have prayed to me against Sennacherib king of Assyria,
22 yei ne asɛm a Awurade aka atia no: “Ɔbabaabunu Sion sopa wo, na ɔsere wo. Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ, na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane.
this is the word which the LORD has spoken concerning him. The virgin daughter of Zion has despised you and ridiculed you. The daughter of Jerusalem has shaken her head at you.
23 Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi? Hwan na woama wo nne so atia no na wohwɛɛ no ahantan so? Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no!
Whom have you defied and blasphemed? Against whom have you exalted your voice and lifted up your eyes on high? Against the Holy One of Israel.
24 Wonam wʼabɔfoɔ so asoa nsopa agu Awurade so. Na woaka sɛ, ‘Me nteaseɛnam dodoɔ enti maforo mmepɔ atentene, aane Lebanon mmepɔ a ɛwoware pa ara no. Matwitwa ne ntweneduro atentene no, ne ne pepeaa a ɛyɛ fɛ no agu fam. Maduru ne mmepɔ a ɛwɔ akyirikyiri no so, ne ne kwaeɛbirentuo mu.
By your messengers you have taunted the LORD, and have said, "With the multitude of my chariots I have come up to the height of the mountains, to the innermost parts of Lebanon. I will cut down its tall cedars and its choice fir trees. I will enter into its farthest height, the forest of its fruitful field.
25 Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so de ne nsu pa no adwodwo me ho. Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!’
I have dug and drunk water, and with the sole of my feet I will dry up all the rivers of Egypt."
26 “Na Monteeɛ? Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ. Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ ma wɔdane aboɔ asie.
Have you not heard how I have done it long ago, and formed it in ancient times? Now I have brought it to pass, that it should be yours to destroy fortified cities, turning them into ruinous heaps.
27 Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn. Wɔte sɛ afuo so nnua, ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ; wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi. Ɛhye ansa na anyini.
Therefore their inhabitants had little power. They were dismayed and confounded. They were like the grass of the field, and like the green herb, like the grass on the rooftops when it is scorched by the east wind.
28 “Nanso, menim deɛ woteɛ ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ ne sɛdeɛ wo bo huru tia me.
But I know your sitting down, your going out, your coming in, and your raging against me.
29 Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me, na mʼankasa mate no enti, mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu, na mede nnareka ato mo ano, na mama mo afa ɛkwan a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.”
Because of your raging against me, and because your arrogance has come up into my ears, therefore I will put my hook in your nose and my bridle in your lips, and I will turn you back by the way by which you came.
30 Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia: “Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie, afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba. Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa. Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no.
This shall be the sign to you. You will eat this year that which grows of itself, and in the second year that which springs from the same; and in the third year sow and reap and plant vineyards, and eat their fruit.
31 Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no, mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre.
The remnant that is escaped of the house of Judah will again take root downward, and bear fruit upward.
32 Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so. Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu.
For out of Jerusalem a remnant will go forth, and survivors will escape from Mount Zion. The zeal of the LORD of hosts will perform this.'
33 “Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho: “Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu na ɔrento bɛmma wɔ ha. Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi na ɔrensi otua pie ntia no.
Therefore thus says the LORD concerning the king of Assyria, 'He will not come to this city, nor shoot an arrow there, neither will he come before it with shield, nor cast up a mound against it.
34 Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu.” Awurade ka sɛ, “Ɔrenwura saa kuro yi mu.
By the way that he came, by the same he shall return, and he shall not come to this city,' says the LORD.
35 Mɛko agye saa kuropɔn yi, ɛsiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti!”
'For I will defend this city to save it, for my own sake, and for my servant David's sake.'"
36 Afei Awurade ɔbɔfoɔ firii adi na ɔkunkumm asraafoɔ ɔpeha aduɔwɔtwe enum wɔ Asiria nsraban mu. Ɛberɛ a nnipa no sɔree anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunten gugu baabiara!
The angel of the LORD went out and struck one hundred and eighty-five thousand men in the camp of the Assyrians. When men arose early in the morning, look, these were all dead bodies.
37 Enti Asiriahene Sanaherib pɔnn nʼakodɔm. Ɔsane kɔɔ Ninewe kɔtenaa hɔ.
So Sennacherib king of Assyria departed, went away, returned to Nineveh, and stayed there.
38 Ɛda bi a na ɔresɔre ne nyame Nisrok wɔ abosomdan mu no, ne mma mmarima baanu, Adramelek ne Sareser de akofena kɔkumm no, na wɔdwane kɔɔ Ararat asase so. Na ne babarima Esarhadon bɛdii nʼadeɛ sɛ Asiriahene.
It happened, as he was worshipping in the house of Nisroch his god, that Adrammelech and Sharezer his sons struck him with the sword; and they escaped into the land of Ararat. Esarhaddon his son reigned in his place.

< Yesaia 37 >