< Yesaia 36 >

1 Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so no, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no so dii so.
And it happened that, in the fourteenth year of king Hezekiah, Sennacherib, the king of the Assyrians, went up against all the fortified cities of Judah, and he seized them.
2 Afei, Asiriahene somaa nʼananmusifoɔ firi Lakis a akodɔm kɛseɛ ka ne ho kɔhyiaa Ɔhene Hesekia wɔ Yerusalem. Ɛberɛ a ɔsahene no bɛgyinaa nsudorobɛn bi a ɛfiri Atifi Tadeɛ de kɔ Ntomasifoɔ Atenaeɛ hɔ no,
And the king of the Assyrians sent Rabshakeh from Lachish into Jerusalem, to king Hezekiah, with a great force, and he stood near the aqueduct of the upper pool, at the road to the fuller’s field.
3 Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a na ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔhyiaa no.
And those who went to him were Eliakim, son of Hilkiah, who was over the house, and Shebna, the scribe, and Joah, son of Asaph, the historian.
4 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ, “‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa?
And Rabshakeh said to them: “Tell Hezekiah: Thus says the great king, the king of the Assyrians: What is this faith in which you believe?
5 Woka sɛ wowɔ akodie ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hwan na ɔtaa wʼakyi a enti wote mʼanim atua?
And by what counsel or strength would you prepare to rebel? In whom do you have faith, so much so that you would withdraw from me?
6 Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora.
Behold, you are trusting in Egypt, in that broken staff of a reed. But if a man were to lean against it, it would enter his hand and pierce it. So is Pharaoh, the king of Egypt, to all who trust in him.
7 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, “Yɛde yɛn ho ato Awurade yɛn Onyankopɔn so” a, ɛnyɛ ɔno na Hesekia yiyii nʼasɔreɛ ne nʼafɔrebukyia na ɔka kyerɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ, “Ɛsɛ sɛ mosɔre wɔ saa afɔrebukyia yi anim no” anaa?
But if you answer me by saying: ‘We trust in the Lord our God.’ Is it not his high places and altars that Hezekiah has taken away? And he has said to Judah and to Jerusalem, ‘You shall worship before this altar.’
8 “‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.
And now, hand yourselves over to my lord, the king of the Assyrians, and I will give you two thousand horses, and you will not be able to find riders for them on your own.
9 Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so.
So how will you withstand the face of the ruler of even one place, of even the least of my lord’s subordinates? But if you trust in Egypt, in four-horse chariots and in horsemen:
10 Bio, wogye di sɛ, maba sɛ merebɛto ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a Awurade nsa nni mu? Awurade ankasa ka kyerɛɛ me sɛ, menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’”
do I intend to go up against this land to destroy it without the Lord? But the Lord said to me, ‘Go up against this land, and destroy it.’”
11 Na Eliakim, Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔsahene no sɛ, “Yɛsrɛ mo, monka Arameike kasa nkyerɛ mo asomfoɔ, ɛfiri sɛ, yɛte aseɛ yie. Monnka Hebri na nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte aseɛ.”
And Eliakim, and Shebna, and Joah said to Rabshakeh: “Speak to your servants in the Syrian language. For we understand it. Do not speak to us in the Jewish language, in the hearing of the people, who are upon the wall.”
12 Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
And Rabshakeh said to them: “Has my lord sent me to your lord and to you in order to speak all these words, and not even more so to the men who are sitting on the wall, so that they may eat their own dung and drink their own urine with you?”
13 Afei, ɔsahene no sɔre gyina kasaa Hebri mu sɛ, “Montie saa nkra yi a ɛfiri ɔhempɔn, Asiriahene no nkyɛn!
Then Rabshakeh stood up, and he cried out with a loud voice in the Jewish language, and he said: “Listen to the words of the great king, the king of the Assyrians.
14 Sɛdeɛ ɔhene no seɛ nie: Mommma Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nye mo!
Thus says the king: Do not let Hezekiah deceive you. For he will not be able to rescue you.
15 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkaa no sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuro yi mma Asiriahene’ no, mma mo tirim nyɛ mo dɛ.
And do not let Hezekiah cause you to trust in the Lord, saying: ‘The Lord will rescue and free us. This city will not be given into the hands of the king of the Assyrians.’
16 “Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu,
Do not listen to Hezekiah. For the king of the Assyrians says this: Act with me to your own benefit, and come out to me. And let each one eat from his own vine, and each one from his own fig tree. And let each one drink water from his own well,
17 kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo deɛ yi so, ayuo ne nsã foforɔ asase, aduane ne bobe mfuo asase.
until I arrive and take you away to a land which is like your own: a land of grain and of wine, a land of bread and of vineyards.
18 “Mommma Hesekia nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn,’ mfa nnaadaa mo. Ɔman bi so nyame atumi agye ne ɔman afiri Asiriahene nsam pɛn anaa?
But you should not let Hezekiah disturb you, saying, ‘The Lord will deliver us.’ Have any of the gods of each of the nations delivered their land from the hand of the king of the Assyrians?
19 Ɛhe na Hamat ne Arpad anyame no wɔ? Na Sefarwaim anyame no nso wɔ he? Wɔagye Samaria afiri me nsam anaa?
Where is the god of Hamath and of Arpad? Where is the god of Sepharvaim? Have they freed Samaria from my hand?
20 Ɔman bɛn so nyame na watumi agye ne manfoɔ afiri me tumi ase? Na afei ɛbɛyɛ dɛn na Awurade bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”
Who is there, among all the gods of these lands, who has rescued his land from my hand, so that the Lord would rescue Jerusalem from my hand?”
21 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.
And they remained silent and did not answer a word to him. For the king had commanded them, saying, “You shall not respond to him.”
22 Afei, Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfie no ntotoeɛ so ne Sebna a na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔtwerɛfoɔ kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntadeɛ mu, kɔkaa deɛ ɔsahene no aka kyerɛɛ no.
And Eliakim, son of Hilkiah, who was over the house, and Shebna, the scribe, and Joah, son of Asaph, the historian, entered to Hezekiah with their garments rent, and they reported to him the words of Rabshakeh.

< Yesaia 36 >