< Yesaia 35 >

1 Anweatam ne asase a awo no ani bɛgye; ɛserɛ bɛdi ahurisie na ayɛ frɔmm. Te sɛ nhwiren no, 2 ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ; ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam. Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no. Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ; wɔbɛhunu Awurade animuonyam, yɛn Onyankopɔn tumi no. 3 Hyɛ nsa a emu ago no mu den, hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den; 4 Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ, “Monhyɛ mo ho den, na monnsuro; mo Onyankopɔn bɛba, ɔde aweretɔ bɛba; ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro bɛba abɛgye mo nkwa.” 5 Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani, na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm. 6 Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ, na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam. Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so, na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so. 7 Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ, na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so. Atu a anka sakraman te mu no, ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie. 8 Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ; wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan. Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so; ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so; amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so. 9 Gyata biara rentena hɔ, na nkekaboa biara rensi so; wɔrenhunu wɔn wɔ hɔ. Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so, 10 na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba. Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion; anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ. Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ, na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.

< Yesaia 35 >