< Yesaia 34 >

1 Montwi mmɛn, mo amanaman, na montie; monyɛ aso, mo ɔmanfoɔ! Momma asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ntie, ewiase ne deɛ ɛfiri mu ba nyinaa!
Come near, ye nations, to hear. And hearken, ye peoples. Let the earth hear, and the fullness thereof, the world, and all things that come forth from it.
2 Awurade bo afu amanaman no; nʼabufuhyeɛ no tia wɔn akodɔm nyinaa. Ɔbɛsɛe wɔn pasaa, ɔbɛma wɔakunkum wɔn.
For Jehovah has indignation against all the nations, and wrath against all their host. He has utterly destroyed them. He has delivered them to the slaughter.
3 Wɔbɛto wɔn mu atɔfoɔ no agu, wɔn afunu no bɛyi hwa; wɔn mogya bɛfɔ mmepɔ no.
Their slain also shall be cast out. And the stench of their dead bodies shall come up, and the mountains shall be melted with their blood.
4 Ɔsoro nsoromma nyinaa bɛyera na wɔbɛbobɔ ɔsoro te sɛ nwoma mmobɔeɛ; ɔsoro atumfoɔ bɛhwe ase sɛdeɛ nhahan te firi bobe so, sɛdeɛ mman a awo firi borɔdɔma dua ho.
And all the host of heaven shall be dissolved, and the heavens shall be rolled together as a scroll. And all their host shall fade away as the leaf fades from off the vine, and as a fading leaf from the fig tree.
5 Mʼakofena anom deɛ ɛmee no wɔ soro; hwɛ, ɛresiane de atemmuo aba Edom so, wɔn a masɛe wɔn koraa no.
For my sword has drunk its fill in heaven. Behold, it shall come down upon Edom, and upon the people of my curse, to judgment.
6 Mogya adware Awurade akofena ho, wɔde sradeɛ asra ho, nnwammaa ne mpɔnkye mogya, nnwennini sawa mu sradeɛ. Awurade wɔ afɔrebɔ bi bɔ wɔ Bosra ne okum kɛseɛ wɔ Edom.
The sword of Jehovah is filled with blood. It is made fat with fatness, with the blood of lambs and goats, with the fat of the kidneys of rams, for Jehovah has a sacrifice in Bozrah, and a great slaughter in the land of Edom.
7 Anantwie aniɔdenfoɔ ne wɔn bɛtotɔ, anantwinini nketewa ne akɛseɛ. Mogya bɛfɔ wɔn asase no, na sradeɛ ayɛ ɛso dɔteɛ no sɔkyee.
And the wild oxen shall come down with them, and the bullocks with the bulls. And their land shall be drunken with blood, and their dust made fat with fatness.
8 Na ɛyɛ Awurade aweretɔ da a ɔbɛdi ama Sion.
For Jehovah has a day of vengeance, a year of recompense for the cause of Zion.
9 Edom nsuwa nsuwa bɛdane agodibea, ne dɔteɛ bɛdane sɔfe a ɛdɛre nʼasase bɛyɛ agoprama a ɛdɛre!
And the streams of Edom shall be turned into pitch, and the dust of it into brimstone. And the land thereof shall become burning pitch.
10 Ɛrennum awia anaa anadwo; ne wisie bɛfiri a ɛtoɔ rentwa da. Ɛbɛda mpan firi awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ; obiara remfa ho bio koraa.
It shall not be quenched night nor day. The smoke of it shall go up forever. From generation to generation it shall lie waste. None shall pass through it forever and ever.
11 Anweatam so patuo ne ɔbonsamnoma bɛgye hɔ afa; ɔpatuo ne anene bɛtena hɔ. Onyankopɔn bɛtwe basabasayɛ ahoma wɔ Edom so, ɔde bɛsɛe ɔman no.
But the pelican and the porcupine shall possess it. And the owl and the raven shall dwell in it. And he will stretch over it the line of confusion, and the plummet of emptiness.
12 Nʼatitire renya biribiara a ɛbɛma wɔafrɛ no ahennie, nʼahenemma mmarima nyinaa bɛtu ayera.
They shall call the nobles of it to the kingdom, but none shall be there. And all its rulers shall be nothing.
13 Nkasɛɛ bɛgye nʼabankɛsewa afa, nsansono ne nkasɛɛ bɛfu wɔ nʼabankɛsewa hɔ. Ɛhɔ bɛyɛ adompo atuo, ne apatuo tenabea.
And thorns shall come up in its palaces, nettles and thistles in the fortresses of it. And it shall be a habitation of jackals, a court for ostriches.
14 Anweatam so mmoa ne mpataku bɛhyia adi afra, mpɔnkye aniɔdenfoɔ bɛsu akyerɛ wɔn ho; ɛhɔ na anadwo mmoa bɛdeda na wɔde ayɛ wɔn homebea.
And the wild beasts of the desert shall meet with the wolves. And the wild goat shall cry to his fellow. Yea, the screech owl shall settle there, and shall find her a place of rest.
15 Ɛhɔ na ɔpatuo bɛyɛ ne pirebuo, na wato ne nkosua. Ɔbɛhwane ne mma, na ɔde ne ntaban akata wɔn so; ɛhɔ na nkorɔma bɛboaboa wɔn ho ano, obiara ne deɛ ɔka ne ho.
There the dart-snake shall make her nest, and lay, and hatch, and gather under her shade. Yea, there the vultures shall be gathered, each one with her mate.
16 Hwɛ Awurade nwoma mmobɔeɛ no mu, na kenkan: Yeinom mu biara renyera, obiara bɛnya deɛ ɔka ne ho. Ɛfiri sɛ nʼanom na ɔhyɛ asɛm no firie, na ne honhom bɛboaboa wɔn ano.
Seek ye out of the book of Jehovah, and read. No one of these shall be missing. None shall want her mate. For my mouth, it has commanded, and his Spirit, it has gathered them.
17 Ɔde wɔn kyɛfa rema wɔn; ɔde ne nsa yɛ susudua kyekyɛ. Wɔbɛfa no sɛ wɔn dea afebɔɔ na wɔfiri awoɔ ntoatoasoɔ akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ atena hɔ.
And he has cast the lot for them, and his hand has divided it to them by line. They shall possess it forever. From generation to generation they shall dwell therein.

< Yesaia 34 >