< Yesaia 33 >

1 Due, Ao ɔdesɛefoɔ Asiria, wo a wɔnnsɛee woɔ! Due, Ao ɔfatwafoɔ, wo a wɔnnii wo hwammɔ! Sɛ wowie ade sɛe a, wɔbɛsɛe wo; sɛ wowie hwammɔdie a, wɔbɛdi wo hwammɔ.
Woe to you, O destroyer never destroyed, O traitor never betrayed! When you have finished destroying, you will be destroyed. When you have finished betraying, you will be betrayed.
2 Ao Awurade, hunu yɛn mmɔbɔ; yɛn ani da wo so. Yɛ yɛn ahoɔden anɔpa biara, ne yɛn nkwagyeɛ wɔ ahohia mu.
O LORD, be gracious to us! We wait for You. Be our strength every morning and our salvation in time of trouble.
3 Aman no te wo nne mmobɔmu a, wɔdwane; sɛ woma wo ho so a, amanaman no bɔ hwete.
The peoples flee the thunder of Your voice; the nations scatter when You rise.
4 Sɛdeɛ ntutummɛ tu hyɛ asase so we so nnɔbaeɛ no; saa ara na nnipa bɛto ahyɛ Asiria so.
Your spoil, O nations, is gathered as by locusts; like a swarm of locusts men sweep over it.
5 Wɔama Awurade so, na ɔte ɔsorosoro; ɔde tenenee ne adeteneneeyɛ bɛhyɛ Sion ma.
The LORD is exalted, for He dwells on high; He has filled Zion with justice and righteousness.
6 Ɔbɛyɛ fapem a atim yie wɔ mo mmerɛ so, nkwagyeɛ, nyansa ne nhunumu mmorosoɔ akoraeɛ; Awurade suro bɛyɛ wʼademudeɛ.
He will be the sure foundation for your times, a storehouse of salvation, wisdom, and knowledge. The fear of the LORD is Zion’s treasure.
7 Monhwɛ, wɔn mmarima akokoɔdurufoɔ su teateaam wɔ mmɔntene so; asomdwoeɛ ho abɔfoɔ su yaayaaya.
Behold, their valiant ones cry aloud in the streets; the envoys of peace weep bitterly.
8 Akwantempɔn no so da hɔ kwa, akwantufoɔ biara nni akwan no so. Wɔabu apam no so; wɔbu nʼadansefoɔ animtia wɔmmu obiara.
The highways are deserted; travel has ceased. The treaty has been broken, the witnesses are despised, and human life is disregarded.
9 Asase no awo wesee na ɛresɛe, Lebanon agyigya na nʼanim agu ase; Saron ayɛ sɛ Araba, Basan ne Karmel poro wɔn nhahan.
The land mourns and languishes; Lebanon is ashamed and decayed. Sharon is like a desert; Bashan and Carmel shake off their leaves.
10 “Afei na mɛsɔre,” sei na Awurade seɛ. “Afei na wɔbɛpagya me; afei na wɔbɛma me so akɔ soro.
“Now I will arise,” says the LORD. “Now I will lift Myself up. Now I will be exalted.
11 Monyinsɛne ntɛtɛ, na mo wo ɛserɛ; mo ahome yɛ ogya a ɛhye mo.
You conceive chaff; you give birth to stubble. Your breath is a fire that will consume you.
12 Wɔbɛhye aman no ama wɔayɛ sɛ akaadoo; wɔbɛto wɔn mu ogya te sɛ nkasɛɛ a wɔatwa.”
The peoples will be burned to ashes, like thorns cut down and set ablaze.
13 Mo a mowɔ akyirikyiri no, montie deɛ mayɛ; mo a mobɛn no, monkamfo me kɛseyɛ!
You who are far off, hear what I have done; you who are near, acknowledge My might.”
14 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ Sion abɔ huboa; ahopopoɔ aka wɔn a wɔnnim Onyame: “Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne ogya a ɛhye adeɛ atena? Yɛn mu hwan na ɔbɛtumi ne daa ogya dɛreɛ atena?”
The sinners in Zion are afraid; trembling grips the ungodly: “Who of us can dwell with a consuming fire? Who of us can dwell with everlasting flames?”
15 Deɛ ɔnante tenenee mu na ɔdi nokorɛ deɛ ɔpo mfasoɔ a nsisie de ba na ɔnnye adanmudeɛ, deɛ ɔntie awudie ho pɔ bɔ deɛ ɔmpɛ sɛ ɔhunu bɔneyɛ ho agyinatuo no,
He who walks righteously and speaks with sincerity, who refuses gain from extortion, whose hand never takes a bribe, who stops his ears against murderous plots and shuts his eyes tightly against evil—
16 saa onipa yi na ɔbɛtena ɔsorosoro hɔ. Ne dwanekɔbea bɛyɛ bepɔ aban no. Wɔde nʼaduane bɛma no na ne nsuo mmɔ no.
he will dwell on the heights; the mountain fortress will be his refuge; his food will be provided and his water assured.
17 Mo ani bɛhunu ɔhene no wɔ nʼanimuonyam mu na moahunu asase a ɛtrɛ kɔ akyirikyiri no.
Your eyes will see the King in His beauty and behold a land that stretches afar.
18 Mo adwendwene mu no, mobɛbooboo deɛ na ɔhunahuna mo no ho: “Odwumayɛfoɔ panin no wɔ he? Deɛ na ɔgyegye toɔ no wɔ he? Deɛ na ɔhwɛ aban tenten so no wɔ he?”
Your mind will ponder the former terror: “Where is he who tallies? Where is he who weighs? Where is he who counts the towers?”
19 Morenhunu saa ahantanfoɔ no bio, wɔn a wɔn kasa mu nna hɔ, na monte deɛ wɔka no ase no.
You will no longer see the insolent, a people whose speech is unintelligible, who stammer in a language you cannot understand.
20 Monhwɛ Sion, yɛn afahyɛ kuropɔn no; mo ani bɛhunu Yerusalem, asomdwoeɛ tenaberɛ, ntomadan a wɔnntutu; wɔrentutu ne mpɛɛwa da, na wɔrentete ne ntampehoma mu nso.
Look upon Zion, the city of our appointed feasts. Your eyes will see Jerusalem, a peaceful pasture, a tent that does not wander; its tent pegs will not be pulled up, nor will any of its cords be broken.
21 Ɛhɔ na Awurade bɛyɛ yɛn Otumfoɔ. Ɛbɛyɛ sɛ beaeɛ a nsuo akɛseɛ ne nsuwansuwa wɔ. Ahyɛmma a wɔhare remfa so; ahyɛn akɛseɛ rennante so.
But there the Majestic One, our LORD, will be for us a place of rivers and wide canals, where no galley with oars will row, and no majestic vessel will pass.
22 Na Awurade ne yɛn ɔtemmufoɔ, Awurade ne yɛn mmarahyɛfoɔ, Awurade ne yɛn ɔhene; na ɔno na ɔbɛgye yɛn nkwa.
For the LORD is our Judge, the LORD is our lawgiver, the LORD is our King. It is He who will save us.
23 Wo ntampehoma mu ago enti ɛhyɛn dua no nnyina hɔ yie, na wɔntrɛɛ ɛhyɛn so ntoma no mu. Afei wɔbɛkyɛ asadeɛ bebree no mu na mpakye mpo bɛsoa afodeɛ akɔ.
Your ropes are slack; they cannot secure the mast or spread the sail. Then an abundance of spoils will be divided, and even the lame will carry off plunder.
24 Obiara nni Sion a ɔbɛka sɛ, “Meyare”; na wɔde wɔn a wɔte hɔ no bɔne bɛkyɛ wɔn.
And no resident of Zion will say, “I am sick.” The people who dwell there will be forgiven of iniquity.

< Yesaia 33 >