< Yesaia 32 >
1 Hwɛ, ɔhene bi bɛba abɛdi ɔhene wɔ tenenee mu na sodifoɔ de atɛntenenee adi nnipa so.
보라 장차 한 왕이 의로 통치할 것이요 방백들이 공평으로 정사할 것이며
2 Wɔn mu biara bɛyɛ te sɛ mframa ano hintabea ne ahum mu dwanekɔbea, wɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ anweatam so ne ɔbotan kɛseɛ sunsum a ɛwɔ osukɔm asase so.
또 그 사람은 광풍을 피하는 곳 폭우를 가리우는 곳 같을 것이며 마른 땅에 냇물 같을 것이며 곤비한 땅에 큰 바위 그늘 같으리니
3 Wɔn a wɔwɔ ani no bɛhunu nokorɛ no, na obiara a ɔwɔ aso no bɛte.
보는 자의 눈이 감기지 아니할 것이요 듣는 자의 귀가 기울어질 것이며
4 Deɛ ɔyɛ adwene mu herɛ bɛhunu na wate aseɛ, wɔn a wɔpo dodoɔ bɛkasa na emu ada hɔ.
조급한 자의 마음이 지식을 깨닫고 어눌한 자의 혀가 민첩하여 말을 분명히 할 것이라
5 Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onimuonyamfoɔ bio na wɔremfa anidie mma ɔpapahwekwaa.
어리석은 자를 다시 존귀하다 칭하지 아니하겠고 궤휼한 자를 다시 정대하다 말하지 아니하리니
6 Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na ɔdwene bɔne ho: ɔyɛ onyame akyiwadeɛ; ɔma Awurade ho nkyerɛkyerɛ bɔne; ɔmma deɛ ɛkɔm de no no aduane ɔde nsuo kame deɛ sukɔm de no.
이는 어리석은 자는 어리석은 것을 말하며 그 마음에 불의를 품어 간사를 행하며 패역한 말로 여호와를 거스리며 주린 자의 심령을 비게 하며 목마른 자의 마시는 것을 없어지게 함이며
7 Ɔpapahwekwaa akwan yɛ amumuyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛeɛ de atorɔ sɛe ohiani, wɔ ɛberɛ a ohiani asɛm yɛ nokorɛ mpo.
궤휼한 자는 그 그릇이 악하여 악한 계획을 베풀어 거짓말로 가련한 자를 멸하며 빈핍한 자가 말을 바르게 할지라도 그리함이어니와
8 Nanso, onimuonyamfoɔ yɛ nhyehyɛeɛ a ɛho wɔ nyam na ne nneyɛɛ pa no enti, ɔda nso.
고명한 자는 고명한 일을 도모하나니 그는 항상 고명한 일에 서리라
9 Mo mmaa a mogye mo ho die, monsɔre na montie me; mo mmammaa a mosusu sɛ mowɔ banbɔ monyɛ aso mma deɛ mewɔ ka!
너희 안일한 부녀들아 일어나 내 목소리를 들을지어다 너희 염려없는 딸들아 내 말에 귀를 기울일지라
10 Afe akyi nna kakra bi no mo a mogye di sɛ mo wɔ banbɔ ho bɛpopo; bobe twaberɛ no bɛdi mo hwammɔ, nnuaba no twaberɛ nso remma.
너희 염려 없는 여자들아 일년 남짓이 지나면 너희가 당황하여 하리니 포도 수확이 없으며 열매 거두는 기한이 이르지 않을 것임이니라
11 Mo ho mpopo mo mmaa a mogye mo ho die; mommɔ hu, mo mmammaa a mogye di sɛ mowɔ banbɔ! Mompa mo ho ntoma na momfa ayitoma mmɔ mo asene mu.
너희 안일한 여자들아 떨지어다 너희 염려 없는 자들아 당황하여 할지어다 옷을 벗어 몸을 드러내고 베로 허리를 동일지이다
12 Momfa awerɛhoɔ mfa mo nsa mmoro mo koko so wɔ mfuo fɛfɛ ne mo bobe a ɛsoɔ no enti.
좋은 밭을 위하며 열매 많은 포도나무를 위하여 가슴을 치게 될것이니라
13 Ɛfiri sɛ nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse agye afa mo asase afa. Ahosɛpɛ ne anigyeɛ to atwa wɔ kuro no mu.
형극과 질려가 내 백성의 땅에 나며 희락의 성읍, 기뻐하는 모든 집에 나리니
14 Wɔbɛgya aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abankɛsewa ne ɔwɛn aban bɛdane asase hunu afebɔɔ, deɛ mfunumu pɛ ne nnwankuo adidibea,
15 kɔsi sɛ wɔbɛhwie Honhom no afiri ɔsoro agu yɛn so, na anweatam bɛdane asase bereɛ na asase bereɛ ayɛ sɛ kwaeɛ.
필경은 위에서부터 성신을 우리에게 부어주시리니 광야가 아름다운 밭이 되며 아름다운 밭을 삼림으로 여기게 되리라
16 Tenenee bɛtena anweatam so na adeteneneeyɛ atena asase bereɛ so.
그 때에 공평이 광야에 거하며 의가 아름다운 밭에 있으리니
17 Adeteneneeyɛ bɛso asomdwoeɛ aba; deɛ adeteneneeyɛ de ba bɛyɛ kommyɛ ne ahotosoɔ a ɛnni awieeɛ.
의의 공효는 화평이요 의의 결과는 영원한 평안과 안전이라
18 Me nkurɔfoɔ bɛtenatena mmeaeɛ a asomdwoeɛ wɔ, afie a wɔabɔ ho ban homebea a ɔhaw biara nni hɔ.
내 백성이 화평한 집과 안전한 거처와 종용히 쉬는 곳에 있으려니와
19 Mpo sɛ ampariboɔ sɛe kwaeɛ no na kuropɔn no sɛe koraa a,
먼저 그 삼림은 우박에 상하고 성읍은 파괴되리라
20 wɔbɛhyira wo, wobɛdua wʼaba wɔ nsuwa biara ho, na wama wʼanantwie ne wo mfunumu anante baabiara.
모든 물가에 씨를 뿌리고 소와 나귀를 그리로 모은 너희는 복이 있느니라