< Yesaia 31 >

1 Wɔnnue, wɔn a wɔkɔ Misraim kɔpɛ mmoa, wɔn a wɔde wɔn ho to apɔnkɔ so, wɔn a wɔgye wɔn nteaseɛnam dodoɔ ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ ahoɔden mmorosoɔ no die, na wɔnhwɛ Israel Kronkronni no, anaasɛ wɔmmpɛ mmoa mfiri Awurade hɔ.
قوڕبەسەر ئەوانەی دادەبەزن بۆ میسر بۆ یارمەتی، پشت بە ئەسپ دەبەستن، متمانە بە زۆری گالیسکە و هێزی لە ڕادەبەدەری سوارەکانیان دەکەن، بەڵام پشتیان بە خودا پیرۆزەکەی ئیسرائیل نەبەست و داوای یەزدانیان نەکرد.
2 Nanso, Awurade yɛ onyansafoɔ a ɔbɛtumi de ɔhaw aba; ɔnsesa nʼano. Ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ efie, ne wɔn a wɔboa nnebɔneyɛfoɔ.
ئەویش هەروەها دانایە و کارەسات دەهێنێت، لە وشەی خۆی با ناداتەوە. هەڵدەستێتە سەر ماڵی خراپەکاران و بۆ سەر یارمەتیدەری ستەمکاران.
3 Na Misraimfoɔ yi yɛ nnipa kɛkɛ, wɔnyɛ Onyankopɔn. Wɔn apɔnkɔ yɛ honam na wɔnyɛ honhom. Sɛ Awurade tene ne nsa a, ɔboafoɔ bɛhwinti na deɛ wɔboa no no bɛhwe ase; wɔn baanu bɛbɔ mu asɛe.
بەڵام میسرییەکان مرۆڤن نەک خودا، ئەسپەکانیان جەستەیین نەک ڕۆح. کاتێک یەزدان دەستی درێژ دەکات، یارمەتیدەر ساتمە دەکات و یارمەتیدراو دەکەوێت، هەموو پێکەوە لەناودەچن.
4 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Sɛdeɛ gyata pɔ so, sɛdeɛ gyata hoɔdenfoɔ pɔ ne haboa so no a mpo sɛ wɔfrɛ nnwanhwɛfoɔ dɔm kɔ ne so a, wɔn nteateam mmɔ ne hu na wɔn hooyɛ nso nha no no saa ara na Asafo Awurade bɛsiane abɛko wɔ Sion Bepɔ ne ne sorɔnsorɔmmea so.
ئێستا یەزدان ئەمەم پێ دەفەرموێت: «وەک شێر و بەچکە شێر دەنەڕێنێت بەسەر نێچیرەکەیەوە، ئەوەی کۆمەڵە شوان هاواری لێ دەکەن، لە دەنگیان ناترسێت و لە هاتوهەرایان ناشڵەژێت، ئاواش یەزدانی سوپاسالار دادەبەزێت بۆ شەڕکردن لەسەر کێوی سییۆن و لەسەر گردەکانی.
5 Sɛdeɛ nnomaa tu gyina faako wɔ ewiem no saa ara na Asafo Awurade bɛbɔ Yerusalem ho ban; ɔbɛbɔ ne ho ban na wagye no, ɔbɛgyaa no na wagye no asi hɔ.”
وەک باڵندە فڕیوەکان، ئاوا یەزدانی سوپاسالار پارێزگاری لە ئۆرشەلیم دەکات، پارێزگاری دەکات و فریادەکەوێت، بەسەریدا تێدەپەڕێت و دەربازی دەکات.»
6 Monsane nkɔ deɛ moayɛ ɛdɔm atia no no, Ao Israelfoɔ.
بگەڕێنەوە لای ئەوەی نەوەی ئیسرائیل بە قووڵی لێی هەڵگەڕانەوە،
7 Ɛda no mo mu biara bɛpo dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a mode mo nsa a ɛho agu fi no ayɛ.
چونکە لەو ڕۆژەدا هەرکەسە و بتە زێڕ و زیوەکانتان ڕەت دەکەنەوە، ئەوەی دەستە گوناهبارەکانتان دروستی کردن.
8 “Asiria bɛhwe ase wɔ akofena a ɛnyɛ onipa deɛ ano; akofena a ɛnyɛ onipa deɛ bɛsɛe wɔn. Wɔbɛdwane afiri akofena no ano na wɔbɛma wɔn mmeranteɛ ayɛ ɔhyɛ adwuma.
«ئاشور دەکەوێت، بەڵام بە شمشێری مرۆڤ نا، شمشێری ئادەمیزاد نییە کە دەیخوات. جا لە ڕووی شمشێر هەڵدێت و گەنجەکانی بۆ بێگاری دەبن.
9 Wɔn aban denden bɛbubu, ehu nti; wɔhunu akofoɔ frankaa a, wɔn asraafoɔ mpanimfoɔ bɛbɔ huboa,” sei na Awurade seɛ, deɛ ne ogya wɔ Sion, na ne fononoo si Yerusalem no.
قەڵاکەیان لە ترسان دەکەوێت، میرەکانیشی لە ئاڵا دەترسن،» یەزدان دەفەرموێت، ئەوەی ئاگری هەیە لە سییۆن و تەنووری هەیە لە ئۆرشەلیم.

< Yesaia 31 >