< Yesaia 29 >

1 Due wo Ariel, Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu! Kɔ so ara di wo mfirinhyia mu afahyɛ ahodoɔ no.
Due wo Ariel, Ariel, kuropɔn a Dawid tenaa mu! Fa afe ka afe ho na ma wo mfirihyia mu afahyɛ ahorow no nkɔ so.
2 Nanso, mɛbɔ wo ho nsraban; wobɛdi awerɛhoɔ na wato kwadwom, wobɛyɛ sɛ afɔrebukyia so ogya.
Nanso metua Ariel ano; obedi awerɛhow na wato kwadwom, ɔbɛyɛ sɛ afɔremuka so gya.
3 Mede dɔm bɛtwa wo ho ahyia; mɛsisi abantenten atwa wo ho ahyia na afei mahyɛ otua dwumadie no ase atia wo.
Mede dɔm betwa wo ho ahyia; mesisi abantenten atwa wo ho ahyia na madi ntuano dwuma atia wo.
4 Wɔsie wo wie a, wobɛkasa afiri asase mu; mfuturo mu na wo kasa bɛfiri aba. Wo nne bɛfiri asase no mu aba te sɛ ɔsaman deɛ; wo kasa bɛfiri mfuturo mu aba sɛ asomsɛmka.
Wɔasie wo no, wobɛkasa afi asase mu; wo kasa a mu ntew no befi mfutuma mu aba. Wo nne befi asase no mu aba te sɛ ɔsaman de; wo kasa befi mfutuma mu aka asomsɛm.
5 Nanso wʼatamfoɔ bebrebe no bɛyɛ sɛ mfuturo muhumuhu, na atirimuɔdenfoɔ bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ. Ɛbɛba prɛko pɛ, amonom hɔ ara.
Nanso wʼatamfo bebrebe no bɛyɛ sɛ mfutuma muhumuhu, na atirimɔdenfo bebrebe no ayɛ sɛ ntɛtɛ a mframa abɔ. Ɛbɛba prɛko pɛ, amono mu hɔ ara.
6 Asafo Awurade bɛba. Ɔde aprannaa ne asasewosoɔ ne hooyɛ kɛseɛ, mframaden ne ahum ne ogyaframa a ɛhye adeɛ bɛba.
Asafo Awurade bɛba. Ɔde aprannaa ne asasewosow ne huuyɛ kɛse, mframahweam ne ahum ne ogyaframa a ɛhyew ade bɛba.
7 Afei amanaman bebrebe a wɔtu Ariel so sa nyinaa, wɔn a wɔto hyɛ ɔne nʼaban so na wotua no no, ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeɛso, anaa anadwo mu anisoadehunu.
Afei amanaman bebrebe a wotu Ariel so sa nyinaa, wɔn a wɔtow hyɛ ɔne nʼaban so na wotua nʼano no, ɛbɛyɛ wɔn sɛ adaeso, anaa anadwo mu anisoadehu.
8 Sɛdeɛ obi a ɛkɔm de no so daeɛ sɛ ɔredidi, na sɛ ɔnyane a ɔte sɛ ɛkɔm de no; sɛdeɛ obi a osukɔm de no so daeɛ sɛ ɔrenom nsuo, nanso ɔnyane a na watɔ piti, na osukɔm de no ara no, saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodoɔ a wɔko tia Bepɔ Sion no.
Sɛnea obi a ɔkɔm de no so dae sɛ ɔredidi, na sɛ onyan a ɔte sɛ ɔkɔm de no no; sɛnea obi a osukɔm de no so dae sɛ ɔrenom nsu, nanso onyan a na watɔ beraw, na osukɔm de no ara no. Saa ara na ɛbɛyɛ ama amanaman dodow a wɔko tia Bepɔw Sion no.
9 Mo ho nnwiri mo na ɛnyɛ mo nwanwa, mo ani mfira a monhunu adeɛ; mommoboro a ɛmfiri nsã, montotɔ ntentan a ɛmfiri nsaden.
Mo ho nnwiriw mo na ɛnyɛ mo nwonwa, mo ani mfura a munhu ade; mommobow a emfi nsa, montotɔ ntintan a emfi bobesa.
10 Awurade de nnahɔɔ ato mo so: Wakata mo ani (adiyifoɔ no); wakata mo tiri so (adehufoɔ no).
Awurade de nnahɔɔ ato mo so: Wakata mo ani (adiyifo no); wakata mo ti so (adehufo no).
11 Mo deɛ saa anisoadehunu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔ ano wɔ nwoma mmobɔeɛ mu. Sɛ mode nwoma mmobɔeɛ no ma obi a ɔtumi kenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Merentumi, ɛfiri sɛ wɔasɔ ano.”
Mo de, saa anisoadehu yi nyinaa nka hwee mma mo, ɛte sɛ nsɛm a wɔasɔw ano wɔ nhoma mmobɔwee mu. Sɛ mode nhoma mmobɔwee no ma obi a, otumi kenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Merentumi, efisɛ wɔasɔw ano.”
12 Sɛ nso, mode nwoma mmobɔeɛ no ma deɛ ɔnnim akenkan, na moka kyerɛ no sɛ, “Mesrɛ wo kenkan yei” a, ɔbɛbua sɛ, “Mennim akenkan.”
Sɛ nso, mode nhoma mmobɔwee no ma nea onnim akenkan, na moka kyerɛ no se, “Mesrɛ wo kenkan eyi” a, obebua se, “Minnim akenkan.”
13 Awurade ka sɛ, “Saa nnipa yi de ano hunu twi bɛn me na wɔde wɔn anofafa hyɛ me animuonyam, nanso wɔn akoma mmɛn me. Som a wɔsom me no yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
Awurade ka se, “Saa nnipa yi de anohunu twiw bɛn me na wɔde wɔn anofafa hyɛ me anuonyam, nanso wɔn koma mmɛn me. Som a wɔsom me no yɛ mmara a nnipa akyerɛ wɔn no nko ara.
14 Enti mɛma nnipa yi ho adwiri wɔn bio. Mede anwanwadeɛ ntoatoasoɔ bɛyɛ; mɛsɛe anyansafoɔ nyansa, na mɛma nimdefoɔ adenim ayɛ ɔkwa.”
Enti mɛma nnipa yi ho adwiriw wɔn bio mede anwonwade ntoatoaso bɛyɛ; mɛsɛe anyansafo nyansa, na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.”
15 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ wɔde wɔn atirimpɔ bɛhinta Awurade, wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wɔsusu sɛ, “Hwan na ɔhunu yɛn? Hwan na ɔbɛte aseɛ?”
Wonnue, wɔn a wɔyɛ biribiara sɛ wɔde wɔn atirimpɔw behintaw Awurade, wɔn a wɔyɛ wɔn nnwuma wɔ sum ase na wosusuw sɛ, “Hena na ohu yɛn? Hena na ɔbɛte ase?”
16 Mosisi nneɛma tiri ase. Modwene sɛ ɔnwomfoɔ no mmom ne dɔteɛ no! Deɛ wayɛ bɛtumi aka akyerɛ deɛ ɔyɛeɛ sɛ, “Wo na woyɛɛ me anaa”? Kukuo bɛtumi aka afa ɔnwomfoɔ ho sɛ “Ɔnnim hwee anaa”?
Musisi nneɛma ti ase, sɛnea modwene sɛ ɔnwemfo te sɛ dɔte no! Nea wayɛ betumi aka akyerɛ nea ɔyɛe no se, “Ɛnyɛ wo na woyɛɛ me ana”? Kuku betumi aka afa ɔnwemfo ho se “Onnim hwee ana”?
17 Ɛrenkyɛre koraa, Lebanon bɛdane ayɛ asase bereɛ na asase bereɛ no nso adane ayɛ sɛ kwaeɛ.
Ɛrenkyɛ koraa, wɔrennan Lebanon nyɛ no asasebere na asasebere no nso nyɛ sɛ kwae ana?
18 Saa ɛda no, ɔsotifoɔ bɛte nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no mu na kusuuyɛ ne esum mu mpo onifirani ani bɛhunu adeɛ.
Saa da no, ɔsotifo bɛte nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no mu na kusuuyɛ ne esum mu mpo onifuraefo ani behu ade.
19 Ahobrɛasefoɔ bɛdi ahurisie wɔ Awurade mu bio; ahiafoɔ ho bɛsɛpɛ wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
Ahobrɛasefo bedi ahurusi wɔ Awurade mu bio; ahiafo ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ Israel Ɔkronkronni no mu.
20 Atutupɛfoɔ bɛyera, wɔrenhunu fɛdifoɔ bio, na wɔn a wɔdwene bɔne nyinaa wɔbɛtwa wɔn agu.
Atutuwpɛfo bɛyera, wɔrenhu fɛwdifo bio, na wɔn a wodwen bɔne nyinaa, wobetwa wɔn agu,
21 Wɔn a wɔka asɛm ma obi di fɔ, wɔn a wɔsum deɛ ɔreyi ne ho ano afidie wɔ asɛnniiɛ na wɔdi adansekurumu ma wɔbu deɛ ɔdi bem no fɔ no nso, wɔbɛtwa wɔn agu.
wɔn a wɔka asɛm baako ma obi di fɔ, wɔn a wosum nea ɔreyi ne ho ano afiri wɔ asennii na wodi adansekurum ma wobu nea odi bem no fɔ no nso wobetwa wɔn agu.
22 Enti sei na Awurade a ɔgyee Abraham nkwa no ka kyerɛ Yakob fiefoɔ: Yakob anim renguase bio; wɔn anim rento hoa bio.
Enti sɛɛ na Awurade a ogyee Abraham nkwa no ka kyerɛ Yakob fifo: “Yakob anim rengu ase bio; wɔn anim rehoa bio.
23 Sɛ wɔhunu wɔn mma wɔ wɔn mu, wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a, wɔbɛyɛ me din no kronkron; wɔbɛgye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu, na wɔde fɛreɛ agyina Israel Onyankopɔn no anim.
Sɛ wohu wɔn mma wɔ wɔn mu, wɔn a wɔyɛ me nsa ano adwuma no a wɔbɛyɛ me din no kronkron; wobegye Yakob ɔkronkronni no kronkronyɛ ato mu, na wɔde fɛre agyina Israel Nyankopɔn no anim.
24 Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ; wɔn a wɔnwiinwii nso, wɔbɛgye nkyerɛkyerɛ atom.
Wɔn a wɔfom kwan wɔ honhom mu benya ntease; wɔn a wonwiinwii nso begye nkyerɛkyerɛ ato mu.”

< Yesaia 29 >