< Yesaia 28 >

1 Nnome nka nhwiren abotire a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, nka nhwiren a ɛrepa a nʼahoɔfɛ wɔ animuonyam ma Israelfoɔ na ɛda asase bereɛ bɔnhwa so. Nnome nka kuropɔn no, deɛ nnipa a nsa asɛe wɔn no de hoahoa wɔn ho no.
Woe to the proud crown of the drunkards of Ephraim, To the fading flower, his glorious beauty, At the head of the rich valley of a people stupefied with wine.
2 Hwɛ, Awurade wɔ obi a ɔwɔ tumi ne ahoɔden. Ɔte sɛ asukɔtweaa ne mframa a ɛsɛe adeɛ. Ɔte sɛ osutɔ a ɛne mframa nam, ne osubrane a ɛhyɛ nsuka ma. Ɔbɛto no ahwe fam ahoɔden so.
Behold a strong, a mighty one from the Lord Like a storm of hail, like a destructive tempest, Like a flood of mighty, overflowing waters, With violence shall dash it to the ground.
3 Saa nhwiren abotire no a ɛyɛ Efraim asabofoɔ ahohoahoadeɛ no, wɔbɛtiatia so.
It shall be trodden under foot, The proud crown of the drunkards of Ephraim.
4 Saa nhwiren a nʼahoɔfɛ ɛrepa wɔ animuonyam mu deɛ ɛda asase bereɛ bɔnhwa so no, ɛbɛyɛ sɛ borɔdɔma a ɛbere ansa na otwa berɛ aduru. Sɛ obi hunu na ɔte a ɔdi no ntɛm so.
And the fading flower, their glorious beauty, At the head of the rich valley, Shall be as the early fig before the time of harvest, Which whoso seeth plucketh immediately, And swalloweth as soon as it is in his hand.
5 Saa ɛda no Asafo Awurade bɛyɛ Animuonyam ahenkyɛ, nhwiren abotire fɛfɛ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ no.
In that day shall Jehovah of hosts Be a glorious crown, and a beautiful diadem to the residue of his people;
6 Ɔbɛyɛ atɛntenenee honhom ama ɔtemmufoɔ a wɔte adwa mu. Ɔbɛyɛ ahoɔden farebae ama wɔn a wɔpam atamfoɔ wɔ nkuro apono ano.
A spirit of judgment to him that sitteth in judgment, And of strength to them that drive back the enemy to their gates.
7 Nanso seesei deɛ, asabofoɔ na wɔdi Israel so, na nsaden ma wɔhinhim; nsaden ma asɔfoɔ ne adiyifoɔ tɔ ntentan na nsã ma wɔn ani so yɛ wɔn totɔtotɔ; na wɔhinhim. Wɔtɔ ntentan ɛberɛ a wɔrenya anisoadehunu, na wɔn ano fonfom wɔ adwenkyerɛ mu.
But even these stagger through wine, And reel through strong drink; The priest and the prophet stagger through strong drink; They are overpowered with wine; They stumble through strong drink; They reel in vision, They stagger in judgment.
8 Ɛfeɛ agugu apono nyinaa so, na baabiara ayɛ efi.
For all their tables are full of filthy vomit, So that there is no place clean.
9 Wɔka sɛ, “Deɛn na Awurade dwene fa yɛn ho? Ɔdwen sɛ yɛyɛ mmɔfra anaa? Mmɔfra a wɔatwa wɔn nufoɔ anaa?
“Whom,” say they, “will he teach knowledge, And to whom will he impart instruction? To the weaned from the milk? To those just taken from the breast?
10 Ɔkasa bebree: Ɔka yei, na waka yei ɔma mmara foforɔ akyi mmara; ɔkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra.”
For it is precept upon precept, precept upon precept, Command upon command, command upon command, A little here, and a little there.”
11 Ɛno enti, ɛyɛ ananafoɔ ano ne kasa foforɔ na Onyankopɔn de bɛkasa akyerɛ saa nkurɔfoɔ yi.
Yea, with stammering lips and a strange tongue He shall indeed speak to this people;
12 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛha ne ahomegyebea no, momma abrɛfoɔ no nhome; ahodwobea nso nie,” nanso wɔantie no.
He that said to them, “This is the way of rest, give rest to the weary; This is the way of safety”; But they would not hear.
13 Enti afei Awurade bɛti asɛm a ɔde maa wɔn no mu bio: Ɔbɛka yei, na waka yei, ɔbɛma mmara foforɔ akyi mmara; ɔbɛkyerɛ ɛha kakra, na wakyerɛ ɛhɔ nso kakra, na ɛbɛma wɔn apini wɔn akyi; wɔbɛpirapira, na wɔatɔ afidie mu, na wɔakye wɔn.
Then shall the word of Jehovah be indeed to them “Precept upon precept, precept upon precept, Command upon command, command upon command, A little here, and a little there,” So that they shall go on, and fall backwards, and be broken, And be snared and caught.
14 Ɛno enti, montie Awurade asɛm, mo fɛdifoɔ a modi saa nkurɔfoɔ yi so wɔ Yerusalem.
Wherefore hear ye the word of Jehovah, Ye scoffers, who rule this people in Jerusalem!
15 Mohoahoa mo ho sɛ, “Yɛ ne owuo ayɛ apam, yɛ ne damena ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ asotwe a ano yɛ den ba a, ɛrentumi nka yɛn, ɛfiri sɛ yɛde atorɔ ayɛ yɛn dwanekɔbea ne nnaadaa ayɛ yɛn atɛeɛ.” (Sheol h7585)
Since ye say, “We have entered into a covenant with death, And with the under-world have we made an agreement, The overflowing scourge, when it passeth through, shall not reach us; For we have made falsehood our refuge, And in deceit we have hidden ourselves.” (Sheol h7585)
16 Enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Hwɛ! Mede ɛboɔ bi retim Sion, ɛboɔ a wɔasɔ ahwɛ, tweatiboɔ a ɛsom bo ma fapem a ɛyɛ den; deɛ ɔde ne ho to soɔ no abasa mu rentu.
Therefore thus saith the Lord Jehovah: Behold, I have laid in Zion as a foundation a stone, A tried stone, a precious corner-stone, a sure foundation; He that trusteth shall not flee away.
17 Mede atɛntenenee bɛyɛ susuhoma na teneneeyɛ ayɛ ɔfasuo kyirebennyɛ susuhoma. Asukɔtweaa bɛsɛe wo dwanekɔbea, a ɛyɛ atorɔ no, na nsuo abɛkata wʼatɛeɛ hɔ.
I will make justice a line, And righteousness a plummet, And the hail shall sweep away the refuge of falsehood, And the waters shall overwhelm its hiding-place;
18 Mɛtwa apam a wo ne owuo ayɛ no mu; nhyehyɛeɛ a wo ne damena ayɛ no nso rennyina. Sɛ asotwe a ano yɛ den no ba a, ɛbɛtwi afa mo so. (Sheol h7585)
And your covenant with death shall be broken, And your agreement with the under-world shall not stand; When the overflowing scourge shall pass through, By it shall ye be beaten down. (Sheol h7585)
19 Mperɛ dodoɔ biara a ɛbɛba no, ɛbɛsoa mo akɔ; anɔpa, awia ne anadwo biara, ɛbɛfa mu akɔ.” Saa nkra yi nteaseɛ de ehu bɛba.
As often as it passeth through, it shall bear you away; For every morning shall it pass through, By day and by night; Even to hear the rumor of it shall be terrible.
20 Mpa no yɛ tia dodo ma sɛ wɔtene wɔn mu wɔ so. Nnasoɔ no yɛ tiaa sɛ ɛbɛ so wɔn ho kata.
Yea, the bed is too short for one to stretch himself on it, And the covering too narrow for one to wrap himself in it.
21 Awurade bɛsɔre sɛdeɛ ɔsɔree wɔ Perasim bepɔ so no. Ɔbɛkanyane ne ho sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Gibeon Bɔnhwa mu no yɛɛ nʼadwuma nwanwasoɔ no, na ɔdii dwumadie a ebi mmaa da no.
For Jehovah will rise up, as in mount Perazim; He will be moved with anger, as in the valley of Gibeon, To perform his act, his strange act, And to execute his work, his strange work.
22 Afei gyae wo fɛdie no, anyɛ saa a, wo nkɔnsɔnkɔnsɔn mu bɛyɛ duru; Awurade, Asafo Awurade aka akyerɛ me ɔsɛeɛ ho mmaraden a wɔahyɛ atia asase no nyinaa.
Now, therefore, be ye no longer scoffers, Lest your bands become stronger; For destruction and punishment have been revealed to me From Jehovah of hosts concerning the whole land!
23 Montie na monte me nne; monwɛn mo aso na montie deɛ meka.
Give ear, and listen to my voice, Attend, and hearken to my words!
24 Sɛ okuafoɔ funtum asase sɛ ɔrebɛdua so a, ɔyɛ no daa anaa? Ɔkɔ so tutu, fɛntɛm asase no anaa?
Is the ploughman always ploughing in order to sow? Is he always opening and harrowing his field?
25 Sɛ ɔsiesie asase no ani a, ɔnnua ɛme, na ɔmpete tɛtɛ wɔ so anaa? Ɔnnua ayuo ne atokoɔ mu biara wɔ nʼafa anaa?
When he hath made the face thereof even, Doth he not then scatter the dill, and cast abroad the cumin, And sow the wheat in rows, And the barley in its appointed place, And the spelt in his border?
26 Ne Onyankopɔn ma no akwankyerɛ na ɔkyerɛ no ɛkwan pa no.
Thus his God rightly instructeth him, And giveth him knowledge.
27 Wɔmfa asaeɛ mpɔ ɛme ho, wɔmfa teaseɛnam hankra mfa tɛtɛ so; wɔde poma na ɛboro ɛme, na wɔde abaa aboro tɛtɛ.
The dill is not beaten out with the thrashing-sledge, Nor is the wheel of the wain rolled over the cumin; But the dill is beaten out with a staff, And the cumin with a rod.
28 Wɔyam aburoo de to burodo enti obi nnkɔ so nyam a ɔnwie da. Ɛwom sɛ ɔde nʼayuporeɛ teaseɛnam hankra fa so deɛ, nanso ɛnyɛ nʼapɔnkɔ na wɔyam.
Bread-corn is beaten out, Yet doth not the husbandman thrash it without limit. He driveth over it the wheels of the wain, And the horses, yet doth he not utterly crush it.
29 Yeinom nyinaa firi Asafo Awurade, afutuo mu nwanwani, na ne nyansa boro so.
This also proceedeth from Jehovah of hosts; He is wonderful in counsel, Excellent in wisdom.

< Yesaia 28 >