< Yesaia 27 >

1 Saa ɛda no, Awurade de nʼakofena bɛtwe aso, ɔde nʼakofena a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no bɛtwe ɔwɔ Lewiatan a ne ho yɛ herɛ a ɔbobɔ ne ho no aso; ɔbɛkum ɛpo mu aboa kɛseɛ a ne ho yɛ hu no.
En aquel día Jehová visitará con su espada dura, grande, y fuerte, sobre el leviatán, serpiente rolliza, y sobre el leviatán, serpiente retuerta; y matará al dragón que está en la mar.
2 Saa da no, “To dwom fa bobeturo a ɛso no ho sɛ:
En aquel día, la viña de Hemer, cantád de ella.
3 Me, Awurade, mehwɛ so; megugu so nsuo ɛberɛ biara. Mebɔ ho ban awia ne anadwo sɛdeɛ obiara rensɛe no.
Yo Jehová la guardo, cada momento la regaré: de noche y de día la guardaré, porque el enemigo no la visite.
4 Me bo mfuiɛ. Sɛ ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me a anka mene wɔn de bɛbɔ ani; na mahye wɔn nyinaa.
No hay en mi enojo: ¿quién me dará espinas y cardos? En pelea pasara por ella, la encendiera juntamente.
5 Sɛ ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhinta na wɔ ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho, aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene.”
¿O quién forzará mi fortaleza para hacer conmigo paz, para hacer conmigo paz?
6 Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim, Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma.
Días vendrán, cuando Jacob echará raíces, florecerá y echará renuevos Israel, y la haz del mundo se henchirá de fruto.
7 Awurade abɔ Israel sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa? Awurade akum Israel sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa?
¿Si ha sido herido, como quien le hirió? ¿Si ha sido muerto, como los que le mataron?
8 Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso. Wode mframa a ano yɛ den pam no te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no.
Con medida la castigarás en sus metidas, aun cuando soplare con su viento recio en día de solano.
9 Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie; yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara: Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ mu nketenkete, na Asera afɔrebukyia ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio.
Por tanto de esta manera será purgada la iniquidad de Jacob, y este será todo el fruto, apartamiento de su pecado, cuando tornare todas las piedras del altar, como piedras de cal desmenuzadas; porque no se levanten los bosques, ni las imágenes del sol.
10 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan; atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam; ɛhɔ na anantwie mma didie, ɛhɔ na wɔdeda; wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa.
De otra manera la ciudad fortalecida será asolada: la morada será desamparada, y dejada como un desierto: allí se apacentará el becerro, allí tendrá su majada; y acabará sus ramas.
11 Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubu na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya. Na saa nnipa yi nni nteaseɛ enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ, na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.
Cuando sus ramas se secaren, y serán quebradas, mujeres vendrán a encenderla; porque aquel no es pueblo de entendimiento. Por tanto su hacedor no habrá misericordia de él: ni se compadecerá de él el que le formó.
12 Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.
Y acontecerá en aquel día, que aventará Jehová desde la ribera del río hasta el río de Egipto, y vosotros, hijos de Israel, seréis congregados uno a uno.
13 Saa ɛda no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔ kronkron no so.
Acontecerá también en aquel día, que será tañido con gran voz de trompeta; y vendrán, los que habían sido esparcidos en la tierra de Asiria, y los que habían sido echados en tierra de Egipto, y adorarán a Jehová en el monte santo en Jerusalem.

< Yesaia 27 >