< Yesaia 26 >

1 Saa ɛda no, wɔbɛto saa dwom yi wɔ Yuda asase so: Yɛwɔ kuropɔn denden; Onyankopɔn de nkwagyeɛ ayɛ nʼafasuo ne nʼafaban a ɛkorɔn.
Naquele dia se cantará este cântico na terra de Judá: Uma forte cidade temos, Deus lhe pôs a salvação por muros e antemuros.
2 Mommuebue apono no na ateneneefoɔ ɔman no nhyɛne mu, ɔman nokwafoɔ no.
Abri as portas, para que entre nelas a nação justa, que observa a verdade.
3 Obiara a ɔde ne ho to wo so no wobɛkora ne so asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔde ne ho ato wo so.
Tu conservarás em paz aquele cuja mente está firme em ti, porque confiará em ti
4 Fa wo ho to Awurade so afebɔɔ, ɛfiri sɛ, Awurade yɛ daa Botan.
Confiai no Senhor perpetuamente; porque em Deus Senhor há uma rocha eterna.
5 Ɔbrɛ wɔn a wɔtete soro ase, na ɔbrɛ kuropɔn a ɛkorɔn no ase; ɔbubu gu fam pasaa ma ɛda mfuturo mu.
Porque ele abate os que habitam em lugares sublimes, como também a cidade exalçada humilhará até ao chão, e a derribará até ao pó
6 Ahiafoɔ ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so de wɔn nan bɛtiatia so.
O pé a atropelará; os pés dos aflitos, e os passos dos pobres.
7 Ɔteneneeni kwan so yɛ tamaa; Ao ɔnokwafoɔ, woma ɔteneneeni kwan so yɛ tromtrom.
O caminho do justo é todo plano: tu retamente pesas o andar do justo.
8 Aane, Awurade, yɛnam wo mmara kwan so yi no, yɛretwɛn wo; na wo din ne ne kɛseyɛ yɛ deɛ yɛn akoma pɛ.
Até no caminho dos teus juízos, Senhor, te esperamos, no teu nome e na tua lembrança está o desejo da nossa alma.
9 Me kra pere hwehwɛ wo anadwo; anɔpa nso me honhom ani gyina wo. Sɛ wʼatemmuo ba asase yi so a, nnipa a wɔwɔ ewiase sua tenenee yɛ.
Na minha alma te desejei de noite, e com o meu espírito, que está dentro de mim, madrugarei a buscar-te; porque, havendo os teus juízos na terra, os moradores do mundo aprendem justiça.
10 Ɛwom sɛ woyi adom adi kyerɛ amumuyɛfoɔ deɛ, nanso wɔnnsua tenenee yɛ; na mpo teneneefoɔ asase so no, wɔkɔ so yɛ bɔne na wɔmmu Awurade kɛseyɛ.
Ainda que se faça favor ao ímpio, nem por isso aprende a justiça; até na terra da retidão obra iniquidade, e não olha para a alteza do Senhor.
11 Ao Awurade, wɔapagya wo nsa akɔ ɔsoro, nanso wɔnhunu. Ma wɔnhunu wo mmɔdemmɔ wɔ wo nkurɔfoɔ ho na ɛnhyɛ wɔn aniwuo; ma ogya a woasɔ ama wʼatamfoɔ no nhye wɔn.
Ó Senhor, ainda que esteja exaltada a tua mão, nem por isso a veem: vê-la-ão, porém, e confundir-se-ão por causa do zelo que tens do teu povo; e o fogo consumirá a teus adversários.
12 Awurade, woama yɛn asomdwoeɛ; deɛ yɛatumi ayɛ nyinaa wo na woayɛ ama yɛn.
Ó Senhor, tu nos darás a paz, porque tu és o que fizeste em nós todas as nossas obras.
13 Ao, Awurade yɛn Onyankopɔn, awuranom afoforɔ bi adi yɛn so, nanso wo din nko ara na yɛkamfo.
Ó Senhor Deus nosso, já outros senhores tem tido domínio sobre nós; porém, por ti só, nos lembramos do teu nome
14 Afei wɔawuwu, na wɔnte ase bio; ahonhom a wɔafiri mu no, wɔrensɔre. Wotwee wɔn aso na wo sɛee wɔn na yɛn werɛ afiri wɔn.
Morrendo eles, não tornarão a viver; falecendo, não ressuscitarão; por isso os visitaste e destruíste, e apagaste toda a sua memória.
15 Woama ɔman no ayɛ kɛseɛ, Ao Awurade; woama ɔman no ayɛ kɛseɛ; woahyɛ wo ho animuonyam; woatrɛtrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.
Tu, Senhor, aumentaste a esta gente, tu aumentaste a esta gente, fizeste-te glorioso; mas longe os lançaste, a todos os fins da terra.
16 Awurade, yɛfiri ahohia mu baa wo nkyɛn; ɛberɛ a wotwee wɔn aso no, na yɛntumi mmue yɛn ano mpo mmɔ mpaeɛ.
Ó Senhor, no aperto te visitaram; vindo sobre eles a tua correção, derramaram a sua oração secreta.
17 Sɛdeɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no firi ɔyea mu nukanuka ne mu na ɔsu no, saa ara na yɛyɛeɛ wɔ wʼanim, Ao Awurade.
Como a mulher grávida, quando está próxima ao parto, tem dores do parto, e dá gritos nas suas dores, assim fomos nós por causa da tua face, ó Senhor!
18 Yɛnyinsɛnee, yɛkyemee wɔ ɔyea mu nanso yɛwoo mframa. Yɛamfa nkwagyeɛ amma asase so; yɛanwo nnipa amma asase so.
Bem concebemos nós, e tivemos dores de parto, porém parimos só vento: livramento não trouxemos à terra, nem cairam os moradores do mundo
19 Nanso wʼawufoɔ bɛnya nkwa; wɔn onipadua bɛsɔre. Mo a motete mfuturo mu, monsɔre mfa anigyeɛ nteam. Mo bosuo te sɛ anɔpa bosuo; asase bɛyi nʼafunu apue.
Os teus mortos viverão, como também o meu corpo morto, e assim ressuscitarão; despertai e exultai, os que habitais no pó, porque o teu orvalho será como o orvalho de hortaliças, e a terra lançará de si os mortos
20 Monkɔ, me nkurɔfoɔ, monhyɛne mo adan mu na montoto apono no mu; momfa mo ho nsie berɛ tiawa bi kɔsi sɛ nʼabufuhyeɛ ano bɛdwo.
Vai pois, povo meu, entra nos teus quartos, e fecha as tuas portas sobre ti: esconde-te por um só momento, até que passe a ira.
21 Hwɛ, Awurade refiri nʼatenaeɛ abɛtwe nnipa a wɔte asase so aso wɔ wɔn bɔne ho. Asase bɛda mogya a wɔahwie agu no so adi; ɛrentumi mfa nʼatɔfoɔ nsie bio.
Porque eis que o Senhor sairá do seu lugar, para castigar os moradores da terra, por causa da sua iniquidade, e a terra descobrirá o seu sangue, e não encobrirá mais os seus mortos à espada.

< Yesaia 26 >