< Yesaia 25 >
1 Ao, Awurade, wone me Onyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ wofiri nokorɛdie mu ayɛ anwanwadeɛ bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ firi teteete.
HERRE, min Gud er du; jeg priser dig, lover dit Navn. Thi du har gjort et Under, Råd fra fordum var tro og sande.
2 Woayɛ kuropɔn no mmubuiɛ sie, kuro no a ɛwɔ banbɔ no asɛe; ananafoɔ abandenden no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio.
Thi du lagde Byen i Grus, den faste Stad i Ruiner; de fremmedes Borg er nedbrudt, aldrig mer skal den bygges.
3 Enti aman a wɔyɛ den bɛdi wo ni atutupɛfoɔ aman bɛhyɛ wo animuonyam.
Derfor ærer dig et mægtigt Folk, frygter dig grumme Hedningers Stad.
4 Woayɛ ahiafoɔ dwanekɔbea, ohiani mmɔborɔni dwanekɔbea, ahum ano ahintaeɛ ɔhyeɛ mu nwunu na atutupɛfoɔ ahome te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasuo
Thi du blev de ringes Værn, den fattiges Værn i Nøden, et Ly mod Skylregn, en Skygge mod Hede; thi som isnende Regn er Voldsmænds Ånde,
5 ne ɔhyew a ɛwɔ anweatam so. Wobrɛ ananafoɔ hooyɛ ase; sɛdeɛ omununkum brɛ owia ɔhyeɛ ano ase no, saa ara na atutupɛfoɔ nnwom nso bɛgyaeɛ.
som Hede i det tørre Land. Du kuer de fremmedes Larm; som Hede ved Skyens Skygge så dæmpes Voldsmænds Sang.
6 Asafo Awurade bɛto ɛpono wɔ saa bepɔ yi so. Ɔbɛsiesie nnuane pa ne nsã a adi nna, ɛnam pa ne nsã pa ama nnipa nyinaa.
Hærskarers HERRE gør på dette Bjerg et Gæstebud for alle Folkeslag med fede Retter og stærk Vin, med fede, marvfulde Retter og stærk og klaret Vin.
7 Wɔ bepɔ yi so, ɔbɛsɛe owuo ntoma a ɛkata nnipa nyinaa ho ne owuo nkatasoɔ a ɛkata aman nyinaa so;
Og han borttager på dette Bjerg Sløret, som tilslører alle Folkeslag, og Dækket, der dækker alle Folk.
8 Ɔbɛmene owuo afebɔɔ. Asafo Awurade bɛpepa aniso nisuo nyinaa. Ɔbɛyi ne nkurɔfoɔ ahohora, afiri nsase nyinaa so. Awurade na waka.
Han opsluger Døden for stedse. Og den Herre HERREN aftørrer Tåren af hver en Kind og gør Ende på sit Folks Skam på hele Jorden, så sandt HERREN har talet.
9 Saa ɛda no, wɔbɛka sɛ, “Ampa ara yɛn Onyankopɔn nie; yɛde yɛn ho too no so na ɔgyee yɛn; Awurade no nie, yɛgyee no diiɛ; momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagyeɛ no mu.”
På hin Dag skal man sige: Se, her er vor Gud, som vi biede på, og som frelste os; her er HERREN, som vi biede på. Lad os juble og glæde os over hans Frelse;
10 Awurade nsa bɛda saa bepɔ yi so; nanso ɔbɛtiatia Moab so te sɛ ɛserɛ a wɔtiatia so de fra sumena.
thi HERRENs Hånd hviler over dette Bjerg. Men Moab trampes ned, hvor det står, som Strå i Møddingpølen;
11 Wɔbɛtrɛtrɛ wɔn nsa mu wɔ so, sɛdeɛ osudwarefoɔ trɛtrɛ ne nsa mu de dwareɛ. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomasoɔ ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadie ho.
det breder sine Hænder ud deri som Svømmeren gør for at svømme, og han ydmyger dets Hovmod trods Hændernes Kunstgreb.
12 Ɔbɛbubu mo banbɔ afasuo atentene no agu; ɔbɛbubu agu fam ama ayɛ mfuturo.
Han nedbryder og nedstyrter de stejle Mures Værn; han jævner dem med Jorden, så de ligger i Støvet.