< Yesaia 24 >

1 Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan na wasɛe no; ɔbɛsɛe asase ani na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete,
見よ、主はこの地をむなしくし、これを荒れすたれさせ、これをくつがえして、その民を散らされる。
2 ɛbɛyɛ saa ara ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa, ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ, ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa, ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ, ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea, ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma.
そして、その民も祭司もひとしく、しもべも主人もひとしく、はしためも主婦もひとしく、買う者も売る者もひとしく、貸す者も借りる者もひとしく、債権者も債務者もひとしく、この事にあう。
3 Asase bɛda mpan koraa, na wɔafom ɛso nneɛma. Awurade na waka saa asɛm yi.
地は全くむなしくされ、全くかすめられる。主がこの言葉を告げられたからである。
4 Asase so yɛ wesee, na ɛkusa ewiase kɔ ahoyera mu, na ɛkusa, deɛ wɔama no so wɔ asase so ho yera no.
地は悲しみ、衰え、世はしおれ、衰え、天も地と共にしおれはてる。
5 Asase so nnipa agu ne ho fi; wɔanni mmara no so, wɔabu ahyɛdeɛ no so na wɔasɛe apam a ɛwɔ hɔ daa no.
地はその住む民の下に汚された。これは彼らが律法にそむき、定めを犯し、とこしえの契約を破ったからだ。
6 Enti, nnome amene asase no ɛsɛ sɛ ɛso nnipa nya wɔn afɔdie so akatua ne saa enti wɔahye asase no so nnipa, na kakra bi pɛ na aka.
それゆえ、のろいは地をのみつくし、そこに住む者はその罪に苦しみ、また地の民は焼かれて、わずかの者が残される。
7 Nsa foforɔ no ho asa na bobe no adwan; wɔn a wɔgye wɔn ani no si apinie.
新しいぶどう酒は悲しみ、ぶどうはしおれ、心の楽しい者もみな嘆く。
8 Akasaeɛbɔ mu anigyeɛ no agyae, ahosɛpɛfoɔ no nteateamu no agyae. Sankuten so nnwom dɛɛdɛ no ayɛ dinn.
鼓の音は静まり、喜ぶ者の騒ぎはやみ、琴の音もまた静まった。
9 Wɔnnto dwom mfa nnom nsã bio; mmorɔsa ayɛ nwono ama anomfoɔ.
彼らはもはや歌をうたって酒を飲まず、濃き酒はこれを飲む者に苦くなる。
10 Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan; wɔatoto efie biara apono mu.
混乱せる町は破られ、すべての家は閉ざされて、はいることができない。
11 Wɔpere nsã wɔ mmɔntene so; ahosɛpɛ nyinaa adane bosoo yɛ, anigyeɛ nyinaa atu ayera wɔ asase no so.
ちまたには酒の不足のために叫ぶ声があり、すべての喜びは暗くなり、地の楽しみは追いやられた。
12 Kuropɔn no asɛe, wɔabubu nʼapono mu nketenkete.
町には荒れすたれた所のみ残り、その門もこわされて破れた。
13 Saa ara na ɛbɛyɛ wɔ asase no so ne amanaman no mu, sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ, anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ wɔ bobe twaberɛ akyi no.
地のうちで、もろもろの民のなかで残るものは、オリブの木の打たれた後の実のように、ぶどうの収穫の終った後にその採り残りを集めるときのようになる。
14 Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam; ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.
彼らは声をあげて喜び歌う。主の威光のゆえに、西から喜び呼ばわる。
15 Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam; momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no, wɔ nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so.
それゆえ、東で主をあがめ、海沿いの国々でイスラエルの神、主の名をあがめよ。
16 Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ sɛ, “Animuonyam nka Ɔteneneeni no.” Nanso mekaa sɛ, “Matɔ baha, mapa aba! Me nnue! Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ! Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ.”
われわれは地の果から、さんびの歌を聞いた、「栄光は正しい者にある」と。しかし、わたしは言う、「わたしはやせ衰える、わたしはやせ衰える、わたしはわざわいだ。欺く者はあざむき、欺く者は、はなはだしくあざむく」。
17 Ehu, amena ne afidie retwɛn mo, Ao nnipa a mote asase soɔ.
地に住む者よ、恐れと、落し穴と、わなとはあなたの上にある。
18 Deɛ ehu enti ɔdwane no, ɔbɛtɔ amena mu; deɛ ɔforo firi amena mu no, afidie bɛyi no. Wɔabue nsuo apono wɔ soro, na asase nnyinasoɔ woso.
恐れの声をのがれる者は落し穴に陥り、落し穴から出る者はわなに捕えられる。天の窓は開け、地の基が震い動くからである。
19 Wɔadwiri asase no na emu apaapae, na asase awoso ankasa.
地は全く砕け、地は裂け、地は激しく震い、
20 Asase tɔ ntentan te sɛ ɔsabofoɔ. Ɛhinhim biribiri te sɛ ntomadan wɔ mframa ano; nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama no na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.
地は酔いどれのようによろめき、仮小屋のようにゆり動く。そのとがはその上に重く、ついに倒れて再び起きあがることはない。
21 Saa ɛda no, Awurade bɛtwe ɔsoro atumfoɔ ne ahemfo a ɛwɔ asase so aso.
その日、主は天において、天の軍勢を罰し、地の上で、地のもろもろの王を罰せられる。
22 Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu sɛ nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu; wɔbɛto wɔn mu wɔ nneduadan mu na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.
彼らは囚人が土ろうの中に集められるように集められて、獄屋の中に閉ざされ、多くの日を経て後、罰せられる。
23 Ɔsrane anim bɛgu ase na owia ani awu; na Asafo Awurade bɛdi ɔhene wɔ Sion bepɔ so ne Yerusalem, ne wɔn mpanimfoɔ anim, wɔ animuonyam mu.
こうして万軍の主がシオンの山およびエルサレムで統べ治め、かつその長老たちの前にその栄光をあらわされるので、月はあわて、日は恥じる。

< Yesaia 24 >