< Yesaia 23 >

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho: Ao, Tarsis ahyɛn, montwa adwo! Ɛfiri sɛ wɔasɛe Tiro na anka no afie anaa ɛhyɛngyinabea. Wɔfiri Kipro asase so abɛka akyerɛ wɔn.
This is the burden against Tyre: Wail, O ships of Tarshish, for Tyre is laid waste, without house or harbor. Word has reached them from the land of Cyprus.
2 Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no so ne mo Sidon adwadifoɔ a ɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ.
Be silent, O dwellers of the coastland, you merchants of Sidon, whose traders have crossed the sea.
3 Nsuo akɛseɛ no so na aduane firi Sihor nam baeɛ; Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ, na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea.
On the great waters came the grain of Shihor; the harvest of the Nile was the revenue of Tyre; she was the merchant of the nations.
4 Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban, ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ, “Menkyemee da na menwoo da; mentetee mmammarima anaa mmammaa da.”
Be ashamed, O Sidon, the stronghold of the sea, for the sea has spoken: “I have not been in labor or given birth. I have not raised young men or brought up young women.”
5 Sɛ asɛm no duru Misraim a, wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho.
When the report reaches Egypt, they will writhe in agony over the news of Tyre.
6 Montwa nkɔ Tarsis; montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so.
Cross over to Tarshish; wail, O inhabitants of the coastland!
7 Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no? Yei ne teteete kuropɔn no a watu akɔtena akyirikyiri nsase soɔ no anaa?
Is this your jubilant city, whose origin is from antiquity, whose feet have taken her to settle far away?
8 Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro, deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ, deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma, na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so?
Who planned this against Tyre, the bestower of crowns, whose traders are princes, whose merchants are renowned on the earth?
9 Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ, ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.
The LORD of Hosts planned it, to defile all its glorious beauty, to disgrace all the renowned of the earth.
10 Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho no Ao Ɔbabaa Tarsis, ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio.
Cultivate your land like the Nile, O Daughter of Tarshish; there is no longer a harbor.
11 Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no so ama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo. Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ, wɔnsɛe nʼaban.
The LORD has stretched out His hand over the sea; He has made kingdoms tremble. He has given a command that the strongholds of Canaan be destroyed.
12 Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara, Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo! “Sɔre, tware kɔ Kipro; ɛhɔ mpo worennya ahotɔ.”
He said, “You shall rejoice no more, O oppressed Virgin Daughter of Sidon. Get up and cross over to Cyprus— even there you will find no rest.”
13 Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no, saa nnipa a seesei wɔnka hwee no! Asiriafoɔ ayɛ no beaeɛ a anweatam so mmoa teɛ; wɔsisii wɔn ntua aban bebree, wɔdwirii nʼaban guiɛ ma ɛdanee mmubuiɛ.
Look at the land of the Chaldeans — a people now of no account. The Assyrians destined it for the desert creatures; they set up their siege towers and stripped its palaces. They brought it to ruin.
14 Montwa adwo, Tarsis ahyɛn; wɔasɛe wʼaban!
Wail, O ships of Tarshish, for your harbor has been destroyed!
15 Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no:
At that time Tyre will be forgotten for seventy years—the span of a king’s life. But at the end of seventy years, it will happen to Tyre as in the song of the harlot:
16 “Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu, Ao odwamanfoɔ a wɔnnkae wo; bɔ sankuten no yie, to nnwom bebree, sɛdeɛ wɔbɛkae wo.”
“Take up your harp, stroll through the city, O forgotten harlot. Make sweet melody, sing many a song, so you will be remembered.”
17 Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa sɛ odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa.
And at the end of seventy years, the LORD will restore Tyre. Then she will return to hire as a prostitute and sell herself to all the kingdoms on the face of the earth.
18 Nanso, deɛ ɔbɛnya ne ne mfasoɔ nyinaa, wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfasoɔ no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim, na wɔanya aduane bebree ne ntadeɛ pa.
Yet her profits and wages will be set apart to the LORD; they will not be stored or saved, for her profit will go to those who live before the LORD, for abundant food and fine clothing.

< Yesaia 23 >