< Yesaia 21 >

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho: Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no, saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba. Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.
论海旁旷野的默示: 有仇敌从旷野,从可怕之地而来, 好像南方的旋风,猛然扫过。
2 Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me: Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ. Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim! Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.
令人凄惨的异象已默示于我。 诡诈的行诡诈,毁灭的行毁灭。 以拦哪,你要上去! 米底亚啊,你要围困! 主说:我使一切叹息止住。
3 Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu, ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no; deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so, deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.
所以,我满腰疼痛; 痛苦将我抓住, 好像产难的妇人一样。 我疼痛甚至不能听; 我惊惶甚至不能看。
4 Mʼakoma bɔ paripari, ehu ma me ho popo; na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.
我心慌张,惊恐威吓我。 我所羡慕的黄昏,变为我的战兢。
5 Wɔto ɛpono, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam, wɔdidi, na wɔnom! Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ, momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!
他们摆设筵席, 派人守望,又吃又喝。 首领啊,你们起来, 用油抹盾牌。
6 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.
主对我如此说: 你去设立守望的, 使他将所看见的述说。
7 Sɛ ɔhunu nteaseɛnam ne apɔnkɔ akuakuo, wɔn a wɔtete mfunumu so ne wɔn a wɔtete nyoma so a, ɔnwɛn nʼaso wɛn pa ara.”
他看见军队, 就是骑马的一对一对地来, 又看见驴队,骆驼队, 就要侧耳细听。
8 Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so anadwo biara, megyina hɔ.
他像狮子吼叫,说: 主啊,我白日常站在望楼上, 整夜立在我守望所。
9 Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, ‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’”
看哪,有一队军兵骑着马, 一对一对地来。 他就说:巴比伦倾倒了!倾倒了! 他一切雕刻的神像都打碎于地。
10 Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase meka deɛ mateɛ kyerɛ mo, deɛ ɛfiri Asafo Awurade, deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.
我被打的禾稼,我场上的谷啊, 我从万军之耶和华— 以色列的 神那里所听见的,都告诉你们了。
11 Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me firi Seir, “Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye? Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”
论度玛的默示: 有人声从西珥呼问我说: 守望的啊,夜里如何? 守望的啊,夜里如何?
12 Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ, “Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa. Sɛ wobɛbisa bio a sane bra bɛbisa.”
守望的说: 早晨将到,黑夜也来。 你们若要问就可以问, 可以回头再来。
13 Adehunu a ɛfa Arabia ho: Mo Dedan akwantufoɔ a mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,
论阿拉伯的默示: 底但结伴的客旅啊, 你们必在阿拉伯的树林中住宿。
14 Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn; mo a motete Tema, mommrɛ adwanefoɔ aduane.
提玛地的居民拿水来,送给口渴的, 拿饼来迎接逃避的。
15 Wɔdwane firi akofena a watwe tadua a wɔakuntun mu ne ɔko a ɛgyina mu ano.
因为他们逃避刀剑和出了鞘的刀, 并上了弦的弓与刀兵的重灾。
16 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.
主对我这样说:“一年之内,照雇工的年数,基达的一切荣耀必归于无有。
17 Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.
弓箭手所余剩的,就是基达人的勇士,必然稀少,因为这是耶和华—以色列的 神说的。”

< Yesaia 21 >