< Yesaia 20 >

1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne ɔman no sahene kɔɔ Asdod kɔto hyɛɛ no so na ɔdii ne so nkonim no,
In the year that Tartan came to Ashdod, (when Sargon the king of Assyria sent him, ) and fought against Ashdod, and took it;
2 saa ɛberɛ no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasaa sɛ, “Yi ayitoma no firi wo ho ne mpaboa no firi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagya a ne nan nso sisi fam dii akɔneaba.
At the same time spoke the LORD by Isaiah the son of Amoz, saying, Go, and loose the sackcloth from off thy loins, and put off thy shoe from thy foot. And he did so, walking naked and barefoot.
3 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Yesaia de adagya anante mfeɛ mmiɛnsa a ne nan nso sisi fam yi de ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtia Misraim ne Kus no,
And the LORD said, As my servant Isaiah hath walked naked and barefoot three years [for] a sign and wonder upon Egypt and upon Cush;
4 saa ara na Asiriahene bɛdi Misraim nneduafoɔ ne Kus nnommumfoɔ a wɔdeda adagya na wɔn nan sisi fam, mmabunu ne mpanin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase.
So shall the king of Assyria lead away the Egyptians prisoners, and the Cushites captives, young and old, naked and barefoot, even with [their] hind-parts uncovered, to the shame of Egypt.
5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no bɛsuro na wɔn ani awu.
And they shall be afraid and ashamed of Cush their expectation, and of Egypt their glory.
6 Saa ɛda no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka sɛ, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wɔbɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam no! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadwane?’”
And the inhabitant of this isle shall say in that day, Behold, such [is] our expectation, whither we flee for help to be delivered from the king of Assyria: and how shall we escape?

< Yesaia 20 >