< Yesaia 2 >

1 Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.
Palabra que vio Isaías, hijo de Amoz, tocante a Judá y a Jerusalén.
2 Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ.
Y acontecerá en lo postrero de los tiempos, que será confirmado el Monte de la Casa del SEÑOR por cabeza de los montes; y será ensalzado sobre los collados; y correrán a él todos los gentiles;
3 Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem.
y vendrán muchos pueblos, y dirán: Venid, y subamos al Monte del SEÑOR, a la Casa del Dios de Jacob; y nos enseñará en sus caminos, y caminaremos por sus sendas. Porque de Sion saldrá la ley, y de Jerusalén la palabra del SEÑOR.
4 Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Y juzgará entre los gentiles, y reprenderá a muchos pueblos; y volverán sus espadas en rejas de arado, y sus lanzas en hoces; no alzará espada gente contra gente, ni se ensayarán más para la guerra.
5 Mommra, Ao Yakob fiefoɔ, momma yɛnnante Awurade hann mu.
Venid, oh casa de Jacob, y caminemos a la luz del SEÑOR.
6 Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ, Yakob fiefoɔ. Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.
Ciertamente tú has dejado tu pueblo, la casa de Jacob, porque son henchidos de oriente, y de agoreros, como los filisteos; y en hijos ajenos descansan.
7 Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademudeɛ dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodoɔ nni ano.
Su tierra está llena de plata y oro, sus tesoros no tienen fin. También está su tierra llena de caballos; ni sus carros tienen número.
8 Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkoto sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, deɛ wɔn nsateaa ayɛ.
Además está su tierra llena de ídolos, y a la obra de sus manos se han arrodillado, a lo que fabricaron sus dedos.
9 Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adasamma aboto. Ɔmmfa wɔn ho nkyɛ wɔn.
Y todo hombre se ha inclinado, y todo varón se ha humillado, por tanto, no los perdonarás.
10 Kɔhyɛne abotan no mu, fa wo ho kɔsie asase no mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ nti!
Métete en la piedra, escóndete en el polvo, de la presencia espantosa del SEÑOR y del resplandor de su majestad.
11 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no.
La altivez de los ojos del hombre será abatida; y la soberbia de los hombres será humillada; y solo el SEÑOR será ensalzado en aquel día.
12 Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofoɔ nyinaa ne deɛ ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase),
Porque día del SEÑOR de los ejércitos vendrá sobre todo soberbio y altivo, y sobre todo ensalzado; y será abatido;
13 Lebanon ntweneduro nyinaa, atentene ne deɛ ɛkrɔn, ne Basan odum nnua no,
y sobre todos los cedros del Líbano altos y sublimes; y sobre todos los alcornoques de Basán;
14 mmepɔ atentene nyinaa ne nkokoɔ a ɛwowareɛ nyinaa,
y sobre todos los montes altos, y sobre todos los collados levantados;
15 ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasuo biara a ɛyɛ den,
y sobre toda torre alta, y sobre todo muro fuerte;
16 adwadie hyɛn biara ne ɛhyɛn kɛseɛ fɛfɛ biara.
y sobre todas las naves de Tarsis, y sobre todas las pinturas preciadas.
17 Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomasoɔ ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no,
Y la altivez del hombre será abatida, y la soberbia de los hombres será humillada; y solo el SEÑOR será ensalzado en aquel día.
18 na ahoni no bɛyera korakora.
Y quitará totalmente los ídolos.
19 Nnipa bɛdwane akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuro a ɛdeda asase mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
Y se meterán en las cavernas de las peñas, y en las aberturas de la tierra, por la presencia espantosa del SEÑOR, y por el resplandor de su majestad, cuando él se levantará para herir la tierra.
20 Saa ɛda no, nnipa bɛto wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akusie ne mpan.
Aquel día el hombre arrojará en las cuevas de los topos, y de los murciélagos, sus ídolos de plata y sus ídolos de oro, que le hicieron para que adorase;
21 Wɔbɛdwane akɔhyɛne abotan mu ntokuro mu ne abotan mpaapaeɛ mu ɛsiane Awurade ho hu ne nʼanimuonyam kɛseyɛ enti, ɛberɛ a ɔbɛsɔre awoso asase.
y se meterán en las hendiduras de las piedras, y en las cavernas de las peñas, delante de la presencia temerosa del SEÑOR, y del resplandor de su majestad, cuando se levantará para herir la tierra.
22 Monnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ahome kɛkɛ so. Wɔyɛ ɛdeɛn koraa?
Dejaos del hombre, cuyo aliento está en su nariz; porque ¿de qué es él estimado?

< Yesaia 2 >