< Yesaia 19 >

1 Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim: Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfoɔ akoma boto wɔ wɔn mu.
Nkɔmhyɛ a ɛfa Misraim ho: Monhwɛ! Awurade nam ahoɔhare omununkum mu na ɔreba Misraim. Misraim ahoni ho popo wɔ nʼanim, na Misraimfo koma botow wɔ wɔn mu.
2 “Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako, onua bɛko atia onua, ɔyɔnko atia ɔyɔnko, kuropɔn atia kuropɔn, ahennie atia ahennie.
“Mɛma Misraimfo atwa wɔn ho ako, onua bɛko atia onua, ɔyɔnko atia ɔyɔnko, kuropɔn atia kuropɔn, ahenni atia ahenni.
3 Misraimfoɔ no renya abodwo, na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa. Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufoɔ ahonhom, asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn.
Misraimfo no rennya abodwo, na mɛma wɔn nhyehyɛe ayɛ ɔkwa. Wɔbɛkɔ abisa wɔ ahoni, ne awufo ahonhom, samanfrɛfo ne nkonyaayifo nkyɛn.
4 Mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase, na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
Mede Misraim bɛhyɛ owura tirimuɔdenfo tumi ase, na ɔhene a ɔyɛ keka bedi wɔn so,” sɛnea Asafo Awurade se ni.
5 Nsubɔntene mu nsuo bɛwe, na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee.
Nsubɔnten mu nsu bɛyow, na konkɔn bɛwo ayɛ wosee.
6 Nsuka bɛyi hwa; na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe. Demmire ne ɛserɛ bɛdwan,
Nsuka beyi hua; na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na ayow. Demmire ne sare bekisakisa,
7 Nil nsunoa nnua nso, deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no. Nil nsunoa so mfuo nyinaa bɛwo wesee na awu koraa.
Nil nsunoa nnua nso, nea ɛwɔ asubɔnten no abɔe no. Nil nsunoa so mfuw nyinaa bɛwo wosee na awu koraa.
8 Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo, wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa; wɔn a wɔgu asau wɔ nsuo no so bɛdi awerɛhoɔ.
Apopofo nyinaa besi apini atwa adwo, wɔn a wɔto darewa wɔ Nil mu nyinaa; wɔn a wogu asau wɔ nsu no so bedi awerɛhow.
9 Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bɛbu, wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.
Wɔn a wɔde asaawa yɛ adwuma aba mu bebu, wɔn a wɔnwen nwera no anidaso bɛsa.
10 Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto.
Wɔn a wɔyɛ ntama ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ na wɔn a wogye akatua nyinaa koma bɛbotow.
11 Soan adwumayɛfoɔ nka hwee sɛ nkwaseafoɔ; Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao sɛ, “Meyɛ anyansafoɔ no mu baako, tete ahemfo no kyidifoɔ?”
Soan adwumayɛfo nka hwee sɛ nkwaseafo; Farao agyinatufo anyansafo ma afotu bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao se, “Meyɛ anyansafo no mu baako, tete ahemfo no kyidifo?”
12 Wʼanyansafoɔ no wɔ he afei? Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu deɛ Asafo Awurade ahyehyɛ atia Misraim.
Wʼanyansafo no wɔ he afei? Ma wɔnkyerɛ wo na ma wonhu nea Asafo Awurade ahyehyɛ atia Misraim.
13 Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ, wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfoɔ ne nnipa no ntuanofoɔ ama Misraim afom ɛkwan.
Soan adwumayɛfo abɛyɛ nkwaseafo, wɔadaadaa Memfis akwankyerɛfo ne nnipa no ntuano ama Misraim afom kwan.
14 Awurade ahwie anisobirie honhom agu wɔn mu; wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu, te sɛ deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho.
Awurade ahwie anisobiri honhom agu wɔn mu; wɔma Misraim tɔ ntintan wɔ biribiara a ɔyɛ mu, te sɛ nea ɔsabowfo tɔ ntintan wɔ ne fe ho no.
15 Biribiara nni hɔ a Misraim bɛtumi ayɛ; obiara rentumi nyɛ hwee, sɛ ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa sɛ ɔyɛ berɛ anaa demmire.
Biribiara nni hɔ a Misraim betumi ayɛ, sɛ eti anaa ɛto, abɛ anaa demmire.
16 Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ sɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.
Saa da no, Misraimfo bɛyɛ sɛ mmea, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo.
17 Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti.
Na Yuda asase no bɛma Misraimfo abɔ hu, obiara a ɔbɛte Yuda din no besuro, esiane nea Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn nti.
18 Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn.
Saa da no, Misraim nkurɔpɔn anum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu ɔbaako se Ɔsɛe Kuropɔn.
19 Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaeɛdum wɔ ne hyeɛ so nso ama Awurade.
Saa da no, wobesi afɔremuka wɔ Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaedum wɔ ne hye so nso ama Awurade.
20 Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn.
Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne adansede ama Asafo Awurade wɔ Misraim asase so. Sɛ wɔn nhyɛsofo nti wosu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ogyefo ne bammɔni, na obegye wɔn.
21 Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.
Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfo, na saa da no wobehu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuan bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade bɔ, na wɔadi so.
22 Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ.
Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yare. Wɔbɛdan akɔ Awurade nkyɛn, na obetie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yare.
23 Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom.
Saa da no, ɔtempɔn befi Misraim ne Asiria. Asiriafo bɛkɔ Misraim na Misraimfo akɔ Asiria. Misraimfo ne Asiriafo bɛbɔ mu asom.
24 Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira wɔ asase so.
Saa da no Israel bɛto Misraim ne Asiria so sɛ abiɛsa, a ayɛ nhyira wɔ asase so.
25 Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka sɛ, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ.”
Na Asafo Awurade behyira wɔn, aka se, “Nhyira nka Misraim, me nkurɔfo, Asiria me nsa ano adwuma ne Israel mʼagyapade.”

< Yesaia 19 >