< Yesaia 17 >
1 Adehunu a ɛfa Damasko ho: “Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio ɛbɛdane ayɛ mmubuiɛ sie.
The burden of Damascus. Behold, Damascus is taken away from being a city, and it shall be a ruinous heap.
2 Aroer nkuropɔn bɛdane nkurofon na wɔagya ama nnwankuo ama wɔadeda hɔ, a obiara renyi wɔn hu.
The cities of Aroer are forsaken; they shall be for flocks, which shall lie down, and none shall make them afraid.
3 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera wɔ Efraim, adehyetumi nso bɛfiri Damasko; Aram nkaeɛfoɔ bɛyɛ Israelfoɔ animuonyam,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
The fortress also shall cease from Ephraim, and the kingdom from Damascus; and the remnant of Aram shall be as the glory of the children of Israel, saith the LORD of hosts.
4 “Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa; na ne mu sradeɛ bɛsa.
And it shall come to pass in that day, that the glory of Jacob shall be made thin, and the fatness of his flesh shall wax lean.
5 Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo so na ɔde ne nsa pempan sɛ ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwa wɔ Refaim Bɔnhwa mu.
And it shall be as when the harvestman gathereth the standing corn, and reapeth the ears with his arm; yea, it shall be as when one gleaneth ears in the valley of Rephaim.
6 Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka, sɛdeɛ wɔwoso ngo dua a ɛyɛ no; ɛka aba no mmienu anaa mmiɛnsa wɔ atifi mman no so, ne ɛnan anaa enum wɔ mman a ɛsoɔ no so,” sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie.
Yet there shall be left therein gleanings, as at the beating of an olive-tree, two or three berries in the top of the uppermost bough, four or five in the branches of the fruitful tree, saith the LORD, the God of Israel.
7 Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.
In that day shall a man regard his Maker, and his eyes shall look to the Holy One of Israel.
8 Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia a ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so, na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyia a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia.
And he shall not regard the altars, the work of his hands, neither shall he look to that which his fingers have made, either the Asherim, or the sun-images.
9 Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa hɔ no bɛyɛ sɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan.
In that day shall his strong cities be as the forsaken places, which were forsaken from before the children of Israel, after the manner of woods and lofty forests; and it shall be a desolation.
10 Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa, na monkaee Ɔbotan no, mo aban no. Enti ɛwom sɛ mopɛ nnua papa na modua bobe a moatɔ afiri amanɔne.
For thou hast forgotten the God of thy salvation, and thou hast not been mindful of the Rock of thy stronghold; therefore thou didst plant plants of pleasantness, and didst set it with slips of a stranger;
11 Ɛwom sɛ ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren. Nanso otwa no renyɛ hwee sɛ yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa.
In the day of thy planting thou didst make it to grow, and in the morning thou didst make thy seed to blossom — a heap of boughs in the day of grief and of desperate pain.
12 Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ, wɔhuruso te sɛ ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye! Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ, wɔworoso sɛ nsuo akɛseɛ!
Ah, the uproar of many peoples, that roar like the roaring of the seas; and the rushing of nations, that rush like the rushing of mighty waters!
13 Ɛwom sɛ nnipa dodoɔ no woro so te sɛ nsuo a ɛresene mmirika so, nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri, te sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu wɔ bepɔ so te sɛ anweatam so wira a mframa den rebɔ no.
The nations shall rush like the rushing of many waters; but He shall rebuke them, and they shall flee far off, and shall be chased as the chaff of the mountains before the wind, and like the whirling dust before the storm.
14 Anwummerɛ, wɔbɔ yɛn hu awerɛfirie mu. Nanso ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔkɔ dada! Wɔn a wɔfo yɛn nneɛma, ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔno kyɛfa nie.
At eventide behold terror; and before the morning they are not. This is the portion of them that spoil us, and the lot of them that rob us.