< Yesaia 16 >

1 Momfa nnwammaa sɛ apeatoɔ nkɔma asase no sodifoɔ, ɛfiri Sela fa anweatam no so, kɔka Ɔbabaa Sion bepɔ no so.
Send the tribute lambs to the ruler of the land, from Sela in the desert to the mount of Daughter Zion.
2 Sɛdeɛ nnomaa a wɔaka wɔn afiri pirebuo mu na wɔtu nenam ewiem no, saa ara na Moabfoɔ mmaa teɛ wɔ Arnon asutwareɛ.
Like fluttering birds pushed out of the nest, so are the daughters of Moab at the fords of the Arnon:
3 “Mommoa yɛn, mommɔ yɛn ho ban. Momfa yɛn nsie. Monnyi atukɔtenafoɔ no mma.
“Give us counsel; render a decision. Shelter us at noonday with shade as dark as night. Hide the refugees; do not betray the one who flees.
4 Momma Moabfoɔ adwanefoɔ no ne mo ntena; monyɛ wɔn banbɔ wɔ ɔsɛefoɔ no ho.” Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawieeɛ na adesɛeɛ to bɛtwa; opoobɔni no bɛyera wɔ asase no so.
Let my fugitives stay with you; be a refuge for Moab from the destroyer.” When the oppressor has gone, destruction has ceased, and the oppressors have vanished from the land,
5 Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi; ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so, obi a ɔfiri Dawid efie, deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho.
in loving devotion a throne will be established in the tent of David. A judge seeking justice and hastening righteousness will sit on it in faithfulness.
6 Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn ne ne ntɛn, nʼahomasoɔ ne nʼasoɔden, nanso hwee nni nʼahomasoɔ no mu.
We have heard of Moab’s pomposity, his exceeding pride and conceit, his overflowing arrogance. But his boasting is empty.
7 Enti Moabfoɔ twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuo wɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho.
Therefore let Moab wail; let them wail together for Moab. Moan for the raisin cakes of Kir-hareseth, you who are utterly stricken.
8 Hesbon mfuo no hye, Sibma bobe mfuo nso saa ara. Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so, deɛ kane na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ.
For the fields of Heshbon have withered, along with the grapevines of Sibmah. The rulers of the nations have trampled its choicest vines, which had reached as far as Jazer and spread toward the desert. Their shoots had spread out and passed over the sea.
9 Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo, de ma Sibma bobe mfuo. Ao Hesbon, Ao Eleale, mesu mo bebree! Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae.
So I weep with Jazer for the vines of Sibmah; I drench Heshbon and Elealeh with my tears. Triumphant shouts have fallen silent over your summer fruit and your harvest.
10 Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu; obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu; obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so, ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ.
Joy and gladness are removed from the orchard; no one sings or shouts in the vineyards. No one tramples the grapes in the winepresses; I have put an end to the cheering.
11 Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
Therefore my heart laments for Moab like a harp, my inmost being for Kir-heres.
12 Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a, ɔha ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a, ɛrenkɔsi hwee.
When Moab appears on the high place, when he wearies himself and enters his sanctuary to pray, it will do him no good.
13 Yei ne asɛm a Awurade aka dada afa Moab ho.
This is the message that the LORD spoke earlier concerning Moab.
14 Nanso seesei Awurade ka sɛ, “Mfeɛ mmiɛnsa mu, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛba awieeɛ, na ne nkaeɛfoɔ no bɛyɛ kakra bi a wonni ahoɔden.”
And now the LORD says, “In three years, as a hired worker counts the years, Moab’s splendor will become an object of contempt, with all her many people. And those who are left will be few and feeble.”

< Yesaia 16 >