< Yesaia 15 >

1 Adehunu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ! Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ! 2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su; Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. Wɔayi eti biara so nwi na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa. 3 Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wɔsu. 4 Hesbon ne Eleale teaam su, wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa. Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su, na wɔabotoboto. 5 Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu; nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim ɛkwan so nso wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ. 6 Nimrim nsuwansuwa awewe na ɛserɛ no ahye afifideɛ nyinaa ayera na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono. 7 Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa. 8 Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so; wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim. 9 Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa nanso mɛkɔ so ne no adi. Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so ne wɔn a wɔbɛka asase no so.

< Yesaia 15 >