< Yesaia 14 >
1 Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsane afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakob efie aka abɔ mu.
For the LORD will have compassion on Jacob; once again He will choose Israel and settle them in their own land. The foreigner will join them and unite with the house of Jacob.
2 Amanaman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ. Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so.
The nations will escort Israel and bring it to its homeland. Then the house of Israel will possess the nations as menservants and maidservants in the LORD’s land. They will make captives of their captors and rule over their oppressors.
3 Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no,
On the day that the LORD gives you rest from your pain and torment, and from the hard labor into which you were forced,
4 mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ: hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ! Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!
you will sing this song of contempt against the king of Babylon: How the oppressor has ceased, and how his fury has ended!
5 Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu, sodifoɔ ahempoma no,
The LORD has broken the staff of the wicked, the scepter of the rulers.
6 deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn toatoaa so hwehwee fam, na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu de brɛɛ amanaman no ase.
It struck the peoples in anger with unceasing blows; it subdued the nations in rage with relentless persecution.
7 Nsase no nyinaa rehome wɔ asomdwoeɛ mu; na wɔto dwom.
All the earth is at peace and at rest; they break out in song.
8 Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro nya ho anigyeɛ na wɔka sɛ, “Afei a wɔabrɛ wo ase yi, duatwafoɔ biara remmetwa yɛn.”
Even the cypresses and cedars of Lebanon exult over you: “Since you have been laid low, no woodcutter comes against us.”
9 Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho abɛhyia wo kwan; ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom sɛ wɔmmɛma wo akwaaba, wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ ewiase, ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so, wɔn a na wɔyɛ ahemfo wɔ amanaman so. (Sheol )
Sheol beneath is eager to meet you upon your arrival. It stirs the spirits of the dead to greet you— all the rulers of the earth. It makes all the kings of the nations rise from their thrones. (Sheol )
10 Wɔn nyinaa bɛgye so, wɔbɛka akyerɛ wo sɛ, “Wo nso woayɛ mmrɛ sɛ yɛn; woayɛ sɛ yɛn ara.”
They will all respond to you, saying, “You too have become weak, as we are; you have become like us!”
11 Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu, ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no; wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo na asonsono akata wo so. (Sheol )
Your pomp has been brought down to Sheol, along with the music of your harps. Maggots are your bed and worms your blanket. (Sheol )
12 Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam, Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima! Wɔato wo abɛhwe asase so, wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!
How you have fallen from heaven, O day star, son of the dawn! You have been cut down to the ground, O destroyer of nations.
13 Wokaa no wʼakoma mu sɛ, “Mɛforo akɔ soro; mɛma mʼahennwa so asi Onyankopɔn nsoromma atifi; mɛtena ase adi ɔhene wɔ ahyiaeɛ bepɔ so, deɛ ɛkrɔn paa wɔ bepɔ kronkron no so.
You said in your heart: “I will ascend to the heavens; I will raise my throne above the stars of God. I will sit on the mount of assembly, in the far reaches of the north.
14 Mɛforo atra omununkum atifi; mɛyɛ me ho sɛ Ɔsorosoroni no.”
I will ascend above the tops of the clouds; I will make myself like the Most High.”
15 Nanso wɔde wo abɛto damena mu, amena donkudonku ase tɔnn. (Sheol )
But you will be brought down to Sheol, to the lowest depths of the Pit. (Sheol )
16 Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa, wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa sɛ, “Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase na ɔmaa ahennie ho popooeɛ,
Those who see you will stare; they will ponder your fate: “Is this the man who shook the earth and made the kingdoms tremble,
17 ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam, deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?”
who turned the world into a desert and destroyed its cities, who refused to let the captives return to their homes?”
18 Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara wɔ ne da mu.
All the kings of the nations lie in state, each in his own tomb.
19 Nanso wɔapam wo afiri wo da mu te sɛ duban a wɔapoɔ; wɔde wɔn a atotɔ akata wo so, wɔn a wɔtɔɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔsiane kɔ aboɔ amena mu, te sɛ efunu a wɔatiatia soɔ.
But you are cast out of your grave like a rejected branch, covered by those slain with the sword, and dumped into a rocky pit like a carcass trampled underfoot.
20 Wɔrensie wo nka wɔn ho, ɛfiri sɛ, woasɛe wʼasase na wakunkum wo nkurɔfoɔ. Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ sɛ ɔhene.
You will not join them in burial, since you have destroyed your land and slaughtered your own people. The offspring of the wicked will never again be mentioned.
21 Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima wɔ wɔn agyanom bɔne nti; ɛnsɛ sɛ wɔsɔre di asase no so na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.
Prepare a place to slaughter his sons for the iniquities of their forefathers. They will never rise up to possess a land or cover the earth with their cities.
22 “Mɛsɔre atia wɔn,” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ, ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“I will rise up against them,” declares the LORD of Hosts. “I will cut off from Babylon her name and her remnant, her offspring and her posterity,”
23 “Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo wɔ ne ɔwora; mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
“I will make her a place for owls and for swamplands; I will sweep her away with the broom of destruction,” declares the LORD of Hosts.
24 Asafo Awurade aka ntam sɛ, “Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ, na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa.
The LORD of Hosts has sworn: “Surely, as I have planned, so will it be; as I have purposed, so will it stand.
25 Mɛsɛe Asiria pasaa wɔ mʼasase so; mɛtiatia ne so me mmepɔ so. Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so, na nʼadesoa nso afiri wɔn so.”
I will break Assyria in My land; I will trample him on My mountain. His yoke will be taken off My people, and his burden removed from their shoulders.”
26 Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa; yei ne nsa a wɔatene wɔ aman nyinaa so.
This is the plan devised for the whole earth, and this is the hand stretched out over all the nations.
27 Na sɛ Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan? Na sɛ watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no?
The LORD of Hosts has purposed, and who can thwart Him? His hand is outstretched, so who can turn it back?
28 Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no:
In the year that King Ahaz died, this burden was received:
29 Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ, sɛ abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu; saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba, na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho yɛ herɛ na nʼano wɔ borɔ.
Do not rejoice, all you Philistines, that the rod that struck you is broken. For a viper will spring from the root of the snake, and a flying serpent from its egg.
30 Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea, na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu. Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase; ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ.
Then the firstborn of the poor will find pasture, and the needy will lie down in safety, but I will kill your root by famine, and your remnant will be slain.
31 Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn! Monnwane, mo Filistifoɔ! Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba, na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔ wɔn mu.
Wail, O gate! Cry out, O city! Melt away, all you Philistines! For a cloud of smoke comes from the north, and there are no stragglers in its ranks.
32 Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛma saa ɔman no ananmusifoɔ? “Awurade de Sion atim hɔ. Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea.”
What answer will be given to the envoys of that nation? “The LORD has founded Zion, where His afflicted people will find refuge.”