< Yesaia 13 >
1 Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie:
亚摩斯的儿子以赛亚得默示,论巴比伦。
2 Pagya frankaa wɔ bepɔ a hwee nni soɔ no atifi, teaam frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu.
应当在净光的山竖立大旗, 向群众扬声招手, 使他们进入贵胄的门。
3 Mahyɛ mʼahotefoɔ; mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi, wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie.
我吩咐我所挑出来的人; 我招呼我的勇士— 就是那矜夸高傲之辈, 为要成就我怒中所定的。
4 Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ! Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko.
山间有多人的声音, 好像是大国人民。 有许多国的民聚集哄嚷的声音; 这是万军之耶和华点齐军队,预备打仗。
5 Wɔfifiri akyirikyiri aman so, wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so, Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ; bɛsɛe ɔman no nyinaa.
他们从远方来, 从天边来, 就是耶和华并他恼恨的兵器 要毁灭这全地。
6 Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.
你们要哀号, 因为耶和华的日子临近了! 这日来到, 好像毁灭从全能者来到。
7 Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo, obiara akoma bɛboto.
所以,人手都必软弱; 人心都必消化。
8 Wɔbɛbɔ hunu, ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn; wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ ogya.
他们必惊惶悲痛; 愁苦必将他们抓住。 他们疼痛,好像产难的妇人一样, 彼此惊奇相看,脸如火焰。
9 Hwɛ, Awurade da no reba ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no.
耶和华的日子临到, 必有残忍、忿恨、烈怒, 使这地荒凉, 从其中除灭罪人。
10 Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn. Esum bɛduru owia a ɛrepue na ɔsrane nso renhyerɛn.
天上的众星群宿都不发光; 日头一出就变黑暗; 月亮也不放光。
11 Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti, ne amumuyɛfoɔ wɔ wɔn nnebɔne ho. Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase.
我必因邪恶刑罚世界, 因罪孽刑罚恶人, 使骄傲人的狂妄止息, 制伏强暴人的狂傲。
12 Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa; ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ.
我必使人比精金还少, 使人比俄斐纯金更少。
13 Enti mɛma ɔsoro awoso; na asase ahinhim wɔ ne siberɛ wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano, nʼabufuhyeɛ da no.
我—万军之耶和华在忿恨中发烈怒的日子, 必使天震动, 使地摇撼,离其本位。
14 Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane, anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan, saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ. Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so.
人必像被追赶的鹿, 像无人收聚的羊, 各归回本族, 各逃到本土。
15 Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano.
凡被仇敌追上的必被刺死; 凡被捉住的必被刀杀。
16 Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa.
他们的婴孩必在他们眼前摔碎; 他们的房屋必被抢夺; 他们的妻子必被玷污。
17 Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.
我必激动米底亚人来攻击他们。 米底亚人不注重银子, 也不喜爱金子。
18 Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam; wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra.
他们必用弓击碎少年人, 不怜悯妇人所生的, 眼也不顾惜孩子。
19 Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa, animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no, Onyankopɔn bɛdane abutu te sɛ Sodom ne Gomora.
巴比伦素来为列国的荣耀, 为迦勒底人所矜夸的华美, 必像 神所倾覆的所多玛、蛾摩拉一样。
20 Nnipa rentena hɔ bio awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ; odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ.
其内必永无人烟, 世世代代无人居住。 阿拉伯人也不在那里支搭帐棚; 牧羊的人也不使羊群卧在那里。
21 Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda hɔ. Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma; ɛhɔ na apatuo bɛtena, ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ.
只有旷野的走兽卧在那里; 咆哮的兽满了房屋。 鸵鸟住在那里; 野山羊在那里跳舞。
22 Mpataku bɛpɔ so wɔ nʼaban denden mu, sakraman bɛyɛ nʼahemfie fɛfɛ no mu ma. Ne berɛ aso, na wɔrento ne nna mu.
豺狼必在它宫中呼号; 野狗必在它华美殿内吼叫。 巴比伦受罚的时候临近; 它的日子必不长久。