< Yesaia 12 >

1 Saa ɛda no, wobɛka sɛ: “Mɛkamfo wo Ao Awurade! Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ, nanso afei wʼabofuo ano adwo. Na woakyekyere me werɛ.
その日あなたは言う、「主よ、わたしはあなたに感謝します。あなたは、さきにわたしにむかって怒られたが、その怒りはやんで、わたしを慰められたからです。
2 Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto ne so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”
見よ、神はわが救である。わたしは信頼して恐れることはない。主なる神はわが力、わが歌であり、わが救となられたからである」。
3 Wode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura mu.
あなたがたは喜びをもって、救の井戸から水をくむ。
4 Saa ɛda no wobɛka sɛ, “Ɛda Awurade ase, bɔ ne din Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ, na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.
その日、あなたがたは言う、「主に感謝せよ。そのみ名を呼べ。そのみわざをもろもろの民の中につたえよ。そのみ名のあがむべきことを語りつげよ。
5 To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree. Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.
主をほめうたえ。主はそのみわざを、みごとになし遂げられたから。これを全地に宣べ伝えよ。
6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a mowɔ Sion, ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”
シオンに住む者よ、声をあげて、喜びうたえ。イスラエルの聖者はあなたがたのうちで大いなる者だから」。

< Yesaia 12 >