< Hosea 9 >

1 Nni ahurisie, Ao Israel; nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no. Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ, wʼani gye adwamammɔ ho wɔ ayuporobea nyinaa so.
Rejoice not, O Israel, for joy, like the peoples; for thou hast gone a whoring from thy God, thou hast loved hire upon every cornfloor.
2 Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane; nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn.
The threshing-floor and the winepress shall not feed them, and the new wine shall fail her.
3 Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsane akɔ Misraim na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria.
They shall not dwell in the LORD’S land; but Ephraim shall return to Egypt, and they shall eat unclean food in Assyria.
4 Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka; wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi. Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.
They shall not pour out wine [offerings] to the LORD, neither shall they be pleasing unto him: their sacrifices shall be unto them as the bread of mourners; all that eat thereof shall be polluted: for their bread shall be for their appetite; it shall not come into the house of the LORD.
5 Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no ne Awurade afahyɛ nna no nso?
What will ye do in the day of solemn assembly, and in the day of the feast of the LORD?
6 Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis bɛsie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira, na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ.
For, lo, they are gone away from destruction, [yet] Egypt shall gather them up, Memphis shall bury them: their pleasant things of silver, nettles shall possess them: thorns shall be in their tents.
7 Asotwe nna no reba, akontabuo nna no aduru; ma Israel nhunu yei. Esiane mo bɔne bebrebe ne mo akokoakoko a adɔɔso enti mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ.
The days of visitation are come, the days of recompence are come; Israel shall know it: the prophet is a fool, the man that hath the spirit is mad, for the multitude of thine iniquity, and because the enmity is great.
8 Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfoɔ, nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma.
Ephraim [was] a watchman with my God: as for the prophet, a fowler’s snare is in all his ways, [and] enmity in the house of his God.
9 Wɔaduru porɔeɛ bunu mu, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu. Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.
They have deeply corrupted themselves, as in the days of Gibeah: he will remember their iniquity, he will visit their sins.
10 “Ɛberɛ a mehunuu Israel no, na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so; ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no, na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so. Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no.
I found Israel like grapes in the wilderness; I saw your fathers as the firstripe in the fig tree at her first season: but they came to Baal-peor, and consecrated themselves unto the shameful thing, and became abominable like that which they loved.
11 Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa, nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu.
As for Ephraim, their glory shall fly away like a bird: there shall be no birth, and none with child, and no conception.
12 Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a, mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wɔnnue, sɛ meyi mʼani firi wɔn so a!
Though they bring up their children, yet will I bereave them, that there be not a man left: yea, woe also to them when I depart from them!
13 Mahunu Efraim te sɛ Tiro, a ɛda baabi a ɛyɛ. Nanso Efraim de ne mma bɛbrɛ okumfoɔ no.”
Ephraim, like as I have seen Tyre, is planted in a pleasant place: but Ephraim shall bring out his children to the slayer.
14 Fa ma wɔn, Ao, Awurade, ɛdeɛn na wode bɛma wɔn? Ma wɔn yafunu a ɛpɔn ne nufoɔ a nufosuo nni muo.
Give them, O LORD: what wilt thou give? give them a miscarrying womb and dry breasts.
15 “Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti, mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ. Wɔn nnebɔne enti mɛpam wɔn afiri me fie. Merennɔ wɔn bio; ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ.
All their wickedness is in Gilgal; for there I hated them: because of the wickedness of their doings I will drive them out of mine house: I will love them no more; all their princes are revolters.
16 Efraim agyigya, ne nhini akusa, enti wɔnso aba. Sɛ wɔwo mma mpo a, mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.”
Ephraim is smitten, their root is dried up, they shall bear no fruit: yea, though they bring forth, yet will I slay the beloved fruit of their womb.
17 Me Onyankopɔn bɛpo wɔn, ɛfiri sɛ, wɔannyɛ ɔsetie amma no; Wɔbɛkyinkyini aman no mu.
My God will cast them away, because they did not hearken unto him: and they shall be wanderers among the nations.

< Hosea 9 >