< Hosea 8 >
1 “Monhyɛn totorobɛnto! Ɔkɔdeɛ bi wɔ Awurade fiefoɔ so ɛfiri sɛ nnipa no abu mʼapam so na wɔasɔre atia me mmara.
Pon a tu boca trompeta, como águila, contra la casa de Jehová, porque traspasaron mi concierto, y contra mi ley se rebelaron.
2 Afei, Israel su frɛ me sɛ, ‘Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛgye wo to mu!’
A mí clamarán Israel: Dios mío, te conocimos.
3 Nanso, Israel apo deɛ ɛyɛ; ɔtamfoɔ bɛtaa no.
Desamparó Israel el bien: enemigo le perseguirá.
4 Wɔsisi ahemfo a mennim ho hwee wɔpa ahenemma wɔ ɛberɛ a mempenee so. Wɔde wɔn dwetɛ ne wɔn sikakɔkɔɔ yɛ ahoni ma wɔn ho de sɛeɛ wɔn ankasa ho.
Ellos hicieron reinar, mas no por mí: constituyeron príncipe, mas yo no lo supe: de su plata, y de su oro hicieron ídolos para sí, para ser talados.
5 To wo nantwie ba ohoni no twene, Ao, Samaria! Mʼabufuhyeɛ reba wɔn so. Wɔbɛtena deɛ ɛho nteɛ mu, akɔsi da bɛn?
Tu becerro, o! Samaria, te hizo alejar: mi enojo se encendió contra ellos, hasta que no pudieron alcanzar inocencia.
6 Wɔfiri Israel! Saa nantwie ba yi, odwumfoɔ bi na ɔseneeɛ; ɛnyɛ Onyankopɔn! Wɔbɛbubu mu asinasini, saa Samaria nantwie ba no.
Porque de Israel es, y artífice lo hizo, que no es Dios; porque en pedazos será deshecho el becerro de Samaria.
7 “Wɔdua mframa na wɔtwa ntwahoframa. Awuo a ɛgyina hɔ no nni tire; enti wɔrennya esam mfiri mu. Sɛ ɛso aduane mpo a, ahɔhoɔ na wɔbɛdi.
Porque sembraron viento, y torbellino segarán: no tendrán mies, ni el fruto hará harina: si la hiciere, extraños la tragarán.
8 Wɔamene Israel; afei ɔfra aman no mu te sɛ adeɛ a ɛho nni mfasoɔ biara.
Será tragado Israel: presto serán tenidos entre las gentes como vaso en que no hay contentamiento.
9 Na wɔakɔ Asiria te sɛ wiram afunumu a ɔno nko ara nenam. Efraim nso atɔn ne ho ama adɔfoɔ.
Porque ellos subieron a Asur, asno montés para sí solo: Efraím con salario alquiló armadores.
10 Ɛwom, wɔatɔn wɔn ho wɔ amanaman no mu deɛ, nanso mɛboaboa wɔn ano. Wɔn so bɛfiri aseɛ ate wɔ ɔhene kɛseɛ bi nhyɛsoɔ ase.
Aunque alquilen a las naciones, ahora las juntaré; y serán un poco afligidos por la carga del rey, y de los príncipes.
11 “Ɛwom sɛ Efraim sisii afɔrebukyia bebree a wɔbɔ bɔne fakyɛ afɔdeɛ wɔ so deɛ, ɛno enti abɛyɛ afɔrebukyia a wɔyɛ bɔne wɔ so.
Porque multiplicó Efraím altares para pecar, tuvo altares para pecar.
12 Metwerɛɛ me mmara a ɛfa nneɛma bebree ho maa wɔn, nanso wɔfaa no sɛ ananafoɔ adeɛ.
Escribíle las grandezas de mi ley, fueron tenidas por cosas ajenas.
13 Wɔde mʼayɛyɛdeɛ bɔ afɔdeɛ na wɔwe ɛnam no, nanso wɔnsɔ Awurade ani. Afei, ɔbɛkae wɔn atirimuɔdensɛm na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho: Wɔbɛsane akɔ Misraim.
Los sacrificios de mis dones, sacrificaron carne, y comieron, Jehová no los quiso: ahora se acordará de su iniquidad, y visitará su pecado: ellos tornarán a Egipto.
14 Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ na wasisi ahemfie akɛseakɛseɛ; Yuda abɔ nkuro bebree ho ban. Nanso, mɛto ne nkuropɔn mu ogya a ɛbɛhye wɔn aban.”
Olvidó pues Israel a su Hacedor, y edificó templos, y Judá multiplicó ciudades fuertes: y yo meteré fuego en sus ciudades, el cual devorará sus palacios.