< Hosea 7 >

1 ɛberɛ biara a mɛsa Israel yadeɛ no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso daa adi. Wɔyɛ nnaadaafoɔ akorɔmfoɔ a wɔbubu adan ani kɔ afie mu, ne akwanmukafoɔ a wɔbɔ korɔno wɔ mmɔntene so.
bere biara a mɛsa Israel yare no, Efraim nnebɔne da adi. Samaria awurukasɛm nso da adi. Wɔyɛ nnaadaafo akorɔmfo a wobubu adan ani kɔ afi mu, ne akwamukafo a wɔbɔ korɔn wɔ mmɔnten so.
2 Na wɔnhunu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam fa wɔn so; ɛgu mʼanim ɛberɛ biara.
Na wonhu sɛ mekae wɔn nnebɔne nyinaa. Wɔn bɔne bunkam wɔn so; egu mʼanim bere biara.
3 “Wɔde atirimuɔdensɛm gyegye ɔhene no ani, na wɔde atorɔ nso gyegye ahenemma no ani.
“Wɔde atirimɔdensɛm gyigye ɔhene no ani, na wɔde atoro nso gyigye ahenemma no ani.
4 Wɔn nyinaa yɛ awaresɛefoɔ a akɔnnɔ redɛre wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu ogya ɛberɛ a burodotofoɔ ahyɛ aseɛ refotɔ nʼasikyiresiam.
Wɔn nyinaa yɛ aguamammɔfo a akɔnnɔ redɛw wɔ wɔn mu. Wɔte sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya bere a brodotofo ahyɛ ase refɔtɔw nʼasikresiam.
5 Ɛda a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma boro nsã, na ɔhene no fɛdifoɔ ne wɔn bɔ mu goro.
Da a ɔhene rehyɛ fa no ahenemma bow nsa, na ɔhene no fɛwdifo ne wɔn bɔ mu goru.
6 Wɔn akoma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔ bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuiɛ bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; adekyeeɛ mu no, ɛdɛre te sɛ ogyaframa.
Wɔn koma te sɛ fononoo; wɔde atirimpɔw bɔne kɔ ɔhene anim. Wɔn nsusuwii bɔne no dɛɛdɛɛ anadwo mu nyinaa; anɔpa, ɛdɛw te sɛ ogyatannaa.
7 Wɔn nyinaa ayɛ hye sɛ fononoo. Wɔkunkumm wɔn sodifoɔ. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nnsu mfrɛ me.
Wɔn nyinaa ayɛ hyew sɛ fononoo. Wokunkum wɔn sodifo. Wɔn ahemfo nyinaa hwehwe ase na wɔn mu biara nsu mfrɛ me.
8 “Efraim ne aman no adi afra Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wɔnkusaeɛ.
“Efraim ne aman no adi afra; Efraim yɛ ɔfam a anyinya a wonkisae.
9 Ananafoɔ twe nʼahoɔden, nanso ɔnhunu. Ɛdwono aba ne tiri so, nanso nʼani mmaa so.
Ananafo twe nʼahoɔden, nanso onhu. Dwen aba ne ti so, nanso nʼani mmaa so ɛ.
10 Israel ahantan di adanseɛ tia no, nanso yei nyinaa akyi no ɔnnsane nkɔ Awurade ne Onyankopɔn nkyɛn, na ɔnhwehwɛ no nso.
Israel ahantan di adanse tia no, nanso eyi nyinaa akyi no ɔnnsan nkɔ Awurade ne Nyankopɔn nkyɛn, na ɔnhwehwɛ no nso.
11 “Efraim te sɛ aborɔnoma a wɔtumi daadaa no na ɔnni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadane akɔ Asiria.
“Efraim te sɛ aborɔnoma, wotumi daadaa no na onni adwene. Ɔfrɛ Misraim, na wadan akɔ Asiria.
12 Sɛ wɔkɔ a, mɛto mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ ewiem nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abom a, mɛkyere wɔn.
Sɛ wɔkɔ a, mɛtow mʼasau agu wɔn so; atwe wɔn aba fam te sɛ wim nnomaa. Sɛ mete sɛ wɔretu abɔ mu a, mɛkyere wɔn.
13 Nnome nka wɔn, ɛfiri sɛ wɔatwe wɔn ho afiri me ho! Ɔsɛeɛ mmra wɔn so, ɛfiri sɛ wɔate me so atua! Anka mepɛ sɛ megye wɔn nanso wotwa atorɔ fa me ho.
Nnome nka wɔn, efisɛ wɔatwe wɔn ho afi me ho! Ɔsɛe mmra wɔn so efisɛ wɔatew me so atua! anka mepɛ sɛ migye wɔn nanso wutwa atoro fa me ho.
14 Wɔmmfiri wɔn akoma mu nnsu mfrɛ me mmom wɔtwa adwo wɔ wɔn mpa so. Wɔboaboa wɔn ho ano kɔpɛ aduane ne nsã foforɔ, nanso wɔtwe wɔn ho firi me ho.
Wommfi wɔn koma mu nsu mfrɛ me, mmom wotwa adwo wɔ wɔn mpa so. Wɔboaboa wɔn ho ano kɔhwehwɛ aduan ne nsa foforo, nanso wɔtwe wɔn ho fi me ho.
15 Metetee wɔn, hyɛɛ wɔn den, nanso wɔbɔ pɔ bɔne tia me.
Metetew wɔn, hyɛɛ wɔn den, nanso wɔbɔ pɔw bɔne tia me.
16 Wɔnnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛeɛ, wɔn ntuanofoɔ bɛtotɔ wɔ akofena ano ɛfiri sɛ, wɔnnkasa obuo so. Yei enti wɔbɛdi wɔn ho fɛ wɔ Misraim asase so.
Wɔnhwehwɛ Ɔsorosoroni no; wɔte sɛ tadua a asɛe, wɔn ntuanofo bɛtotɔ wɔ afoa ano efisɛ, wɔnkasa obu so. Eyi nti wobedi wɔn ho fɛw wɔ Misraim asase so.

< Hosea 7 >