< Hosea 5 >
1 “Montie mo asɔfoɔ! Monhyɛ yei nso, mo Israelfoɔ! Monyɛ aso, Ao adehyefie! Saa atemmuo yi tia mo: Moayɛ afidie wɔ Mispa, ne asau a wɔagu no Tabor so.
“Muntie, mo asɔfo! Monhyɛ eyi nso, mo Israelfo! Monyɛ asow, adehyefi! Saa atemmu yi tia mo: Moayɛ afiri wɔ Mispa, ne asau a wɔagu no Tabor so.
2 Atuatefoɔ adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso.
Atuatewfo adɔ mogyahwiegu mu asukɔ. Mɛtwe wɔn nyinaa aso.
3 Menim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaa me. Efraim, seesei deɛ wobɔ adwaman; na Israel aprɔ.
Minim Efraim ho nsɛm nyinaa; wɔmfaa Israel nhintaw me ɛ. Efraim, mprempren de wobɔ aguaman; na Israel aporɔw.
4 “Wɔn nneyɛeɛ mma wɔn ɛkwan mma wɔnkɔ Onyankopɔn nkyɛn. Adwamammɔ honhom wɔ wɔn akoma mu; wɔnnye Awurade nto mu.
“Wɔn nneyɛe mma wɔ kwan mma wɔnnkɔ Nyankopɔn nkyɛn. Aguamammɔ honhom wɔ wɔn koma mu; wonnye Awurade nto mu.
5 Israel ahantan di tia no. Israelfoɔ, mpo Efraim suntisunti wɔ wɔn amumuyɛ mu; Yuda nso ne wɔn sunti saa ara.
Israel ahantan di tia no. Israelfo no, mpo Efraim hintihintiw wɔ wɔn amumɔyɛ mu; Yuda nso ne wɔn hintiw saa ara.
6 Sɛ wɔne wɔn nnwan ne wɔn anantwie kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhunu no, ɛfiri sɛ, watwe ne ho afiri wɔn ho.
Sɛ wɔne wɔn nguan ne wɔn anantwi kɔhwehwɛ Awurade a Wɔrenhu no, efisɛ watwe ne ho afi wɔn ho.
7 Wɔanni Awurade nokorɛ. Wɔwowoo adwamam mma. Afei wɔn Bosome Foforɔ Afahyɛ bɛsɛe wɔn ne wɔn nsase.
Wɔanni Awurade nokware. Wɔwowoo aguaman mma. Sɛ wodi wɔn Ɔsram Foforo Afahyɛ a, ɔbɛsɛe wɔn nsase.
8 “Hyɛn totorobɛnto no wɔ Gibea. Hyɛn abɛn no wɔ Rama. Momma ɔko nteam so wɔ Bet Awen; Ao, Benyamin akofoɔ, monsɔre nni anim.
“Hyɛn torobɛnto no wɔ Gibea. Hyɛn mmɛn no wɔ Rama. Momma ɔko nteɛmu so wɔ Bet Awen; Benyamin, monsɔre nni anim.
9 Wɔbɛsɛe Efraim wɔ akontabuo da. Israel mmusuakuo no mu no mepae mu ka deɛ ɛwom.
Efraim bɛda mpan wɔ akontaabu da. Israel mmusuakuw no mu no mepae mu ka nea ɛwɔ mu.
10 Yuda sodifoɔ no te sɛ wɔn a wɔyiyi ahyeɛso aboɔ. Mɛhwie mʼabufuo agu wɔn so te sɛ nsuyire.
Yuda sodifo no te sɛ wɔn a woyiyi ahye so abo. Mehwie mʼabufuw agu wɔn so te sɛ nsuyiri.
11 Wɔhyɛ Efraim so, wɔtiatia ne so wɔ atemmuo mu, wasi nʼadwene pi sɛ ɔbɛdi ahoni akyi.
Wɔhyɛ Efraim so, wotiatia ne so wɔ atemmu mu, wasi nʼadwene pi sɛ obedi ahoni akyi.
12 Mɛyɛ sɛ nweweboa ama Efraim na mayɛ Yudafoɔ sɛ dua a aporɔ.
Mɛyɛ sɛ nwewee ama Efraim na mayɛ Yudafo sɛ dua a aporɔw.
13 “Ɛberɛ a Efraim hunuu ne yadeɛ, na Yuda nso hunuu nʼakuro no, Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. Ɔsoma kɔɔ ɔhene kɛseɛ no hɔ kɔpɛɛ mmoa. Nanso wantumi ansa no yadeɛ, na akuro no nso anwuwu.
“Bere a Efraim huu ne yare, na Yuda nso huu nʼakuru no, Efraim de nʼani kyerɛɛ Asiria. Ɔsoma kɔɔ ɔhenkɛse no hɔ kɔpɛɛ mmoa. Nanso wantumi ansa no yare, na akuru no nso anwuwu.
14 Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfoɔ ama Yuda. Mɛtete wɔn mu nkete nkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.
Enti mɛyɛ sɛ gyata ama Efraim na mayɛ sɛ gyata hoɔdenfo ama Yuda. Mɛtetew wɔn mu nketenkete, na makɔ; Mɛsoa wɔn akɔ, na obiara rentumi nnye wɔn.
15 Afei, mɛsane akɔ me nkyi kɔsi sɛ wobɛnya ahonu. Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyiri ɛkwan; wɔn awerɛhoɔ mu, wɔbɛhwehwɛ me anibereɛ so.”
Afei mɛsan akɔ me nkyi kosi sɛ wobenya ahonu. Na wɔbɛhwehwɛ mʼakyi kwan; wɔn awerɛhow mu, wɔbɛhwehwɛ me anibere so.”