< Hosea 3 >

1 Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔfa wo yere no bio. Fa no sane bra wo nkyɛn, na dɔ no. Ɛmfa ho sɛ ɔfoforɔ bi dɔ no anaa sɛ ɔyɛ ɔwaresɛefoɔ. Dɔ no, sɛdeɛ Awurade da so dɔ Israel a, mpo, nnipa no adane wɔn ho kɔ anyame foforɔ nkyɛn, na wɔma wɔn bobe aba taterɛ no.”
主はわたしに言われた、「あなたは再び行って、イスラエルの人々が他の神々に転じて、干ぶどうの菓子を愛するにもかかわらず、主がこれを愛せられるように、姦夫に愛せられる女、姦淫を行う女を愛せよ」と。
2 Enti, mede gram ɔha aduɔson baako (gram 171) ne atokoɔ kɛntɛn baako (lita 182) ne atokoɔ lita aduɔkron baako kɔpataa no.
そこでわたしは銀十五シケルと大麦一ホメル半とをもって彼女を買い取った。
3 Na meka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wo ne me tena nna bebree, na wogyae wʼadwamammɔ no; wo ne ɔbarima biara nnyɛ nnamfo. Me ne wo bɛtena, nanso me ne wonna.”
わたしは彼女に言った、「あなたは長くわたしの所にとどまって、淫行をなさず、また他の人のものとなってはならない。わたしもまた、あなたにそうしよう」と。
4 Na ɔman Israel bɛwɔ hɔ nna tenten bi a ɔhene anaa ɔheneba nni mu, na wɔmmɔ afɔdeɛ. Wɔrenhunu ɔbosom dum anaa asɔfotadeɛ anaa ahoni nso wɔ hɔ.
イスラエルの子らは多くの日の間、王なく、君なく、犠牲なく、柱なく、エポデおよびテラピムもなく過ごす。
5 Akyire yi, Israelfoɔ bɛsane akɔhwehwɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn, ne Dawid a ɔyɛ wɔn ɔhene no. Wɔde ahopopoɔ bɛba Awurade nkyɛn na wɔbɛnya ne nhyira wɔ nna a ɛdi akyire no mu.
そしてその後イスラエルの子らは帰って来て、その神、主と、その王ダビデとをたずね求め、終りの日におののいて、主とその恵みに向かって来る。

< Hosea 3 >