< Hosea 2 >

1 “Frɛ wo nuammarimanom ‘Me nkurɔfoɔ’ na frɛ wo nuammaanom ‘Mʼadɔfoɔ.’”
“Frɛ wo nuabarimanom, ‘Me nkurɔfo’ na frɛ wo nuabeanom, ‘Mʼadɔfo.’”
2 “Ka wo maame anim, ka nʼanim, na ɔnnyɛ me yere na mennyɛ ne kunu. Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ adwaman anim no na ɔnnyae awaresɛeɛ a ɔde ne nufu yɛ no.
“Ka wo na anim, ka nʼanim, na ɔnyɛ me yere na menyɛ ne kunu. Ma ɔnsesa nʼanim a ayɛ aguaman anim no na onnyae awaresɛe a ɔde ne nufu yɛ no.
3 Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntoma na wada adagya te sɛ ɛda a wɔwoo no; mɛma wayɛ sɛ anweatam, mɛdane no asase a awo wesee na mama osukɔm akum no.
Anyɛ saa a mɛpa ne ho ntama na wada adagyaw te sɛ da a wɔwoo no no; mɛma wayɛ sɛ nweatam, mɛdan no asase a awo wosee na mama osukɔm akum no.
4 Merennɔ ne mma, ɛfiri sɛ wɔyɛ adwaman mma.
Merennɔ ne mma, efisɛ wɔyɛ aguaman mma.
5 Wɔn maame anyɛ ɔnokwafoɔ na ɔnyinsɛnee wɔn wɔ animguaseɛ mu. Ɔkaa sɛ, ‘Mɛdi mʼadɔfoɔ akyi, wɔn a wɔma me aduane ne nsuo, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsã.’
Wɔn na anyɛ ɔnokwafo na onyinsɛnee wɔn wɔ animguase mu. Ɔkae se, ‘Medi mʼadɔfo akyi, wɔn a wɔma me aduan ne nsu, ne kuntu ne nwera, ngo ne nsa.’
6 Yei enti, mede nkasɛɛ bɛsi no ɛkwan; mɛto ɔfasuo afa no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnhunu ɛkwan.
Eyi nti, mede nsɔe besiw no kwan; mɛto ɔfasu afa ne ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhu kwan.
7 Ɔbɛti nʼadɔfoɔ nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhunu wɔn. Afei, ɔbɛka sɛ, ‘Mɛsane akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kane no, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na ɛyɛ ma me sene seesei.’
Obetiw nʼadɔfo, nanso ɔrento wɔn; ɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso ɔrenhu wɔn. Afei, ɔbɛka se, ‘Mɛsan akɔ me kunu nkyɛn, te sɛ kan no, efisɛ, saa bere no na eye ma me sen mprempren.’
8 Ɔnnkae sɛ me na memaa no aduane, nsã foforɔ ne ngo, deɛ ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no.
Ɔnkae sɛ me na memaa no aduan, nsa foforo ne ngo, nea ɔmaa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ buu no so ma wɔde kɔsom Baal no.
9 “Enti, sɛ mʼaduane no duru twaberɛ a mɛfa mʼadeɛ, ne me nsã foforɔ no nso saa ara. Mɛgye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagya so no.
“Enti sɛ mʼaduan no du twabere a mɛfa mʼade, ne me nsa foforo no nso saa ara. Megye me kuntu ne me nwera, a anka mepɛ sɛ ɔde kata nʼadagyaw so no.
10 Enti afei mɛbɔ no adagya wɔ nʼadɔfoɔ anim; obiara rentumi nnye no mfiri me nsam.
Enti afei mɛbɔ no adagyaw wɔ nʼadɔfo anim; obiara rentumi nnye no mfi me nsam.
11 Mɛtwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafenhyia afahyɛ, Ɔbosome Foforɔ afahyɛ Home Ɛda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahodoɔ nyinaa.
Metwa nʼafahyɛ nyinaa so: nʼafirihyia afahyɛ, Ɔsram Foforo afahyɛ Homeda afahyɛ ne nʼafahyɛ ahorow nyinaa.
12 Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, deɛ ɔka sɛ nʼadɔfoɔ de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wiram mmoa awe.
Mɛsɛe ne bobe ne borɔdɔma nnua, nea ɔka se nʼadɔfo de tuaa no ka no; mɛyɛ ne nyinaa nkyɛkyerɛ, ama wuram mmoa awe.
13 Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyee aduhwam maa Baal no ho; ɔde nkawa ne agudeɛ hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfoɔ akyi, medeɛ ne werɛ firii me,” deɛ Awurade seɛ nie.
Mɛtwe nʼaso wɔ nna a ɔhyew aduhuam maa Baal no ho; ɔde nkaa ne agude hyehyɛɛ ne ho, tu dii nʼadɔfo akyi, me de, ne werɛ fii me,” nea Awurade se ni.
14 “Enti merekɔdaadaa no; mede no bɛkɔ anweatam so na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.
“Enti merekɔdaadaa no; mede no bɛkɔ nweatam so na makasa bɔkɔɔ akyerɛ no wɔ hɔ.
15 Mɛsane de ne bobe mfuo ama no. Mɛyɛ Akɔr bɔnhwa no, anidasoɔ ɛkwan. Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛdeɛ na ɔyɛ ne mmabunu berɛ mu no ne ɛberɛ a ɔfirii Misraim no.
Mɛsan de ne bobe mfuw ama no. Mɛyɛ no Sɛkyɛ Bon, anidaso pon. Ɛhɔ na ɔbɛto dwom sɛnea na ɔyɛ ne mmabun bere mu no ne bere a ofii Misraim no.
16 “Saa ɛda no,” sei na Awurade seɛ, “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.
“Saa da no,” sɛɛ na Awurade se, “Wobɛfrɛ me ‘me kunu’; na woremfrɛ me ‘me wura’ bio.
17 Mɛyi Baal ahodoɔ din no afiri nʼano; na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.
Meyi Baal ahorow din no afi nʼano; na ɔrenkankye wɔ wɔn din mu bio.
18 Saa ɛda no, mɛyɛ apam ama wɔn, wɔne wiram mmoa ne ewiem nnomaa ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. Tadua, mpea ne ɔko, mɛbra wɔ asase no so sɛdeɛ wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoeɛ mu.
Saa da no, mɛyɛ apam ama wɔn, wɔne wuram mmoa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea wɔ asase so. Tadua, mpeaw ne ɔko, mɛbra wɔ asase no so, sɛnea wɔn nyinaa bɛtena ase asomdwoe mu.
19 Mɛware wo afebɔɔ; mɛyi tenenee ne atɛntenenee, ahummɔborɔ ne ayamhyehyeɛ akyerɛ wo.
Mɛware wo afebɔɔ; mɛda trenee ne atɛntrenee, ahummɔbɔ ne ayamhyehye adi akyerɛ wo.
20 Mɛware wo nokorɛ mu, ama woahunu Awurade.
Mɛware wo nokware mu, ama woahu Awurade.
21 “Saa ɛda no, mɛgye wo so,” deɛ Awurade seɛ nie. “Mɛgye ɔsoro so, na ɔsoro de osuo bɛgye asase so,
“Saa da no, megye wo so,” nea Awurade se ni. “Megye ɔsoro so, na ɔsoro de osu begye asase so,
22 na asase nso bɛgye mfudeɛ so: bobe foforɔ ne ngo dua, na wɔn nso agye so sɛ ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua’.
na asase nso begye nnɔbae so: bobe foforo ne ngodua, na wɔn nso agye so se ‘Yesreel’, ‘Onyankopɔn na wadua.’
23 Mede Israel bɛdua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ deɛ mekaa sɛ ‘wonnyɛ me dɔfo’ no. Meka akyerɛ wɔn a mesee wɔn sɛ ‘monnyɛ me nkurɔfoɔ’ sɛ ‘moyɛ me nkurɔfoɔ’, na wɔn nso aka sɛ, ‘Wone me Onyankopɔn.’”
Mede Israel bedua asase no so ama me ho; mɛda me dɔ adi akyerɛ nea mekae se, ‘wonyɛ me dɔfo’ no. Mɛka akyerɛ wɔn a misee wɔn sɛ ‘monyɛ me nkurɔfo’ no se ‘moyɛ me nkurɔfo,’ na wɔn nso aka se, ‘Wone me Nyankopɔn.’”

< Hosea 2 >